Yesaia 30

Mommfa mo ho nnto Misraim so 1 Wɔnnue, mma atuatefoɔ, AWURADE na ɔseɛ, wɔn a wɔdi agyinatusɛm soɔ, na ɛmfiri me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom soɔ, sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no. 2 Wɔsim kɔ Misraim a wɔmmisa m’anomu asɛm, sɛ wɔrekɔtwere Farao ahoɔden, na wɔakɔhyɛ Misraim nwunu mu. 3 […]

Yesaia 1

Israel waeɛ ne asotwe 1 Amos ba Yesaia anisoadeɛ a ɔhunuu no Yuda ne Yerusalem ho, Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia nna no mu. 2 O ɔsoro, montie, O asase, yɛ aso, na AWURADE akasa: Mayɛne mma ama wɔanyini, na mama wɔn so, na wɔn deɛ, wɔabɔ me so ko. 3 Nantwie nim […]

Yesaia 2

Daakye asomdwoeɛ ahennie 1 Asɛm a Amos ba Yesaia hunuu no Yuda ne Yerusalem ho nie: 2 Na nna a ɛdi akyire no mu no, AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na amanaman nyinaa asene yuu aba ho. 3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra […]

Yesaia 3

Ɔman no nnebɔne so 1 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, bɛtutu dua a wɔde wa ne akyidua nyinaa afiri Yerusalem ne Yuda, aduane dua nyinaa ne nsuo dua nyinaa, 2 ɔdɔmmarima ne ɔkofoni, ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ, nkɔmhyɛfoɔ ne ɔpanin, 3 aduonum so asafohene ne onimuonyamfoɔ ne dwasemni ne adwumfoɔ mu nyansafoɔ ne deɛ ɔnim ntafowayie. […]

Yesaia 4

1 Na mmaa nson bɛsosɔ ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yɛbɛdi yɛn ara yɛn aduane, na yɛahyɛ yɛn ara yɛn ntadeɛ, ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so, na yi yɛn aniwuo firi yɛn so. Awieeɛ berɛ mu nkwagyeɛ 2 Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase […]

Yesaia 5

Bobeturo ho bɛ 1 Ma mento me dɔfo ho dwom, me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho: Me dɔfo wɔ bobeturo bi, asasebereɛ kokoɔ bi so; 2 na ɔfuntumm mu tutuu mu aboɔ, na ɔtetɛɛ mu bobe pa, na ɔtoo abantenten sii mu, na ɔtuu mu nsakyi-amena nso; na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba: […]

Yesaia 6

Odiyifoɔ no frɛ ne ne hyɛ 1 Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma. 2 Serafim gyinagyina ne nkyɛn. Wɔn mu biara wɔ ntaban nsia. Wɔn mu biara de ntaban mmienu kata wɔn anim. Na wɔde mmienu kata wɔn […]

Yesaia 7

Yerusalem amanehunu 1 Na ɛbaa sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene berɛ so no, Siriahene Resin ne Israelhene Peka a ɔyɛ Remalia ba baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, na wɔantumi no. 2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, […]

Yesaia 8

Wɔde Asiriahene bɛtwe ɔman no aso 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa twerɛpono kɛseɛ, na fa ɔdasani twerɛdua twerɛ so sɛ: “Ntɛm-so-asadeɛ, ɛherɛ-so-fom”. 2 Na mɛma adansefoɔ anokwafoɔ, Ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia ba Sakaria adi me adanseɛ. 3 Na mekɔɔ odiyifoɔbaano ho, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: […]

Yesaia 9

Deɛ wɔasra no no awoɔ, ne ne din ahodoɔ ne n’ahennie 1 Nanso kusuuyɛ no rentena hɔ mma deɛ na ɔwɔ ahodwan mu no; akane berɛ no wammu Sebulon asase ne Naftali asase no, nanso akyire yi no, ɔbɛhyɛ amanaman Galilea a ɛwɔ ɛpo kwan, Yordan agya no animuonyam. 2 Ɔman a na wɔnam sum […]