Mateo 1

Yesu awoɔ ntoatoasoɔ 1 Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ. 2 Abraham woo Isak, na Isak woo Yakob, na Yakob woo Yuda ne ne nuanom. 3 Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera, na Peres woo Hesron, na Hesron woo Ram, 4 na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, na Nahson […]

Mateo 2

Anyansafoɔ no 1 Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem 2 bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no. 3 Na Ɔhene Herode teeɛ no, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa akoma tui; […]

Mateo 3

Yohane Osuboni asɛnka 1 Na nna no mu no, Yohane a ɔyɛ osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so 2 sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn. 3 Na oyi ne deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ: Obi nne reteam wɔ ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn […]

Mateo 4

Yesu sɔhwɛ 1 Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. 2 Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no. 3 Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo. 4 Na […]

Mateo 5

Bepɔ so asɛnka — Nhyirasɛm 1 Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, ɔkɔɔ bepɔ no so; na ɔtenaa aseɛ no, n’asuafoɔ baa ne nkyɛn. 2 Na ɔbuee n’ano kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ: 3 Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea. 4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn […]

Mateo 6

Nneyɛɛ mu ahokyerɛ 1 Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee nnipa anim sɛ wɔbɛhu mo; anyɛ saa a, monni akatua wɔ mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. 2 Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese […]

Mateo 7

Atɛnyie bɔne 1 Mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn. 2 Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo. 3 Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu? 4 Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na […]

Mateo 8

Ɔkwatani bi ahofire 1 Na ɛberɛ a ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi. 2 Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi. 3 Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ:Mepɛ, wo ho mfi!Na ntɛm ara na ne kwata no […]

Mateo 9

Obubuani bi ayaresa 1 Na ɔtenaa kodoɔ mu twa baa ɔno ara ne kurom. 2 Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ:Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo. 3 Na hwɛ, Atwerɛfoɔ […]

Mateo 10

Asuafoɔ dummienu no yie 1 Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa. 2 Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne […]