Luka 17

Suntiduatoɔ

1 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ:Ɛdane sɛ deɛn ara a, suntiduatoɔ bɛba deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue!

2 Anka ɛyɛ ma no sɛ wɔde ayuyammoɔ kyekyere ne kɔn mu kɔto no twene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako suntidua.

Bɔne fakyɛ

3 Monhwɛ mo ho yie! Na sɛ wo nua fom a, ka n’anim; na sɛ ɔsakyera n’adwene a, fa kyɛ no!

4 Na sɛ ɔfom wo mprɛnson da koro, na ɔsane ba wo nkyɛn mprɛnson ka sɛ: Masakyera m’adwene a, fa kyɛ no!

5 Na asomafoɔ no see Awurade sɛ: To yɛn gyidie mu!

Gyidie mu tumi

6 Na Awurade se:Sɛ mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ akyee yi sɛ: Wo nhini ntutu na kɔtim ɛpo mu! Na ɛbɛtie mo.

Nokorɛdie

7 Mo mu hwan na ɔwɔ akoa a ɔfuntum asase anaasɛ ɔhwɛ mmoa, na ɔfiri afuom ba fie a, ɔbɛse no sɛ: Bɛsene ntɛm kɔtena adidiiɛ?

8 Na ɔrense no sɛ: Siesie deɛ mɛdie, na bɔ abɔsoɔ bɛsom me, na mennidi na mennom ansa, na akyire yi no, wo nso woakɔdidi na woanom?

9 Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ deɛ wɔahyɛ no no?

10 Saa ara na mo nso sɛ moyɛ deɛ wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfasoɔ nni yɛn so; yɛayɛ deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

Akwatafoɔ du no ayaresa

11 Na ɛbaa sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea.

12 Na ɔrekɔ akuraa bi aseɛ no, mmarima du bi a wɔyɛ akwatafoɔ hyiaa no a wɔgyinagyina akyirikyiri,

13 na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Owura Yesu, hu yɛn mmɔbɔ!

14 Na ɔhunuu wɔn no, ɔsee wɔn sɛ:Monkɔ mfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ.Na ɛbaa sɛ wɔrekorɔ no, wɔn ho fii.

15 Na wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho asan no no, ɔsanee n’akyi de nne kɛseɛ bɛyii Onyankopɔn ayɛ,

16 na ɔde n’anim butuu fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno deɛ, na ɔyɛ Samariani.

17 Na Yesu buaa sɛ:Ɛnyɛ du no na wɔn ho fiiɛ? Na baakron no deɛ, wɔwɔ he?

18 Wɔanhunu wɔn mu biara a ɔsane de animuonyam brɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnanani yi nko?

19 Na ɔsee no sɛ:Sɔre kɔ, wo gyidie agye wo.

Nyankopɔn ahennie no ba

20 Na Farisifoɔ no bisaa no sɛ da bɛn na Nyankopɔn ahennie bɛba no, ɔbuaa wɔn sɛ:Nyankopɔn ahennie mma sɛ ani tua,

21 nanso wɔrenka sɛ: Hwɛ ha anaa ɛhɔ! Na hwɛ, Nyankopɔn ahennie no, mo mu na ɛwɔ.

22 Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ:Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mobɛhunu Onipa Ba no nna no mu baako, na morenhunu.

23 Na wɔbɛse mo sɛ: Hwɛ ha! anaa: Hwɛ hɔ! a, monnkɔ, nso monnni wɔn akyi!

24 Na sɛdeɛ anyinam a ɛpa te ɔsoro ase fa hyerɛn kɔ ɔsoro ase, fa baabi no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛyɛ ne da no mu.

25 Nanso ɛtwa sɛ ɔbɛhunu amane pii na nnɛ mma yi po no ansa.

Noa ne Lot nna ho mfatoho

26 Na sɛdeɛ ɛyɛɛ Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ Onipa Ba no nna mu.

27 Wɔdidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa awadeɛ de kɔsii da a Noa hyɛnee adaka no mu, na nsuyire no baeɛ, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.

28 Sɛ nso ɛyɛɛ Lot nna mu ne no, wɔdidii, na wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, wɔduae, na wɔtotoo adan.

29 Na da a Lot firii Sodom kɔeɛ no, na ogya ne sɔfe firi soro tɔeɛ, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.

30 Saa ara na ɛbɛyɛ ɛda a Onipa Ba bɛyi ne ho adie no.

31 Da no ara, deɛ ɔwɔ ɛdan atifi na ne biribi wɔ ɛdan mu no, mma no nnsiane mmmɛfa; na deɛ ɔwɔ afuo mu no nso, mma no nnsane n’akyi.

32 Monkae Lot yere no!

33 Obiara a ɔbɛhwehwɛ sɛ ɔgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a ne kra bɛfiri ne nsa no bɛgye no nkwa.

34 Mese mo sɛ: Anadwo no, nnipa baanu bɛda mpa korɔ so; wɔbɛfa ɔbaako, na wɔagya ɔbaako.

35 Mmaa baanu bɛbom ayam ayuo; wɔbɛfa ɔbaako, na wɔagya ɔbaako.

36 [Mmarima baanu bɛtena afuom; wɔbɛfa ɔbaako, na wɔagya ɔbaako.]

37 Na wɔbua see no sɛ: Ɛhe, Awurade? Na ɔsee wɔn sɛ:Deɛ efunu wɔ no, ɛhɔ na apɛtɛ bɛboaboa wɔn ano.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

five × 5 =