Luka 1

Nhyɛnmu

1 Ɛsiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntɛm no nnidisoɔ nnidisoɔ,

2 sɛdeɛ wɔn a wɔfiri mfitiaseɛ de wɔn ani hunuiɛ na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfoɔ no de abrɛ yɛn no nti,

3 Onimuonyamfoɔ kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, ɛyɛ sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ firi mfitiaseɛ no, metwerɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ mebrɛ woɔ,

4 na woahunu sɛ nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ woɔ no yɛ nokorɛ.

Yohane Osuboni awofoɔ

5 Yudahene Herode berɛ so no, ɔsɔfoɔ bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ɔfiri Abia asɔfokuo mu, na ne yere yɛ Aaron mmammaa no mu bi a wɔfrɛ no Elisabet.

6 Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,

7 nanso wɔnni ba, ɛfiri sɛ na Elisabet yɛ obonini, na wɔn baanu nyinaa anyinyini pa ara!

Yohane Osuboni awoɔ ho nkɔmhyɛ

8 Na ɛbaa sɛ ɛduruu n’asɔfokuo so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma wɔ Nyankopɔn anim no,

9 sɛdeɛ asɔfodwuma no teɛ no, ɛduruu ne so sɛ ɔkɔ Awurade asɔredan mu kɔhye ohwam.

10 Na ɔrehye ohwam no, na nnipakuo no nyinaa gyina adihɔ rebɔ mpaeɛ.

11 Na Awurade bɔfoɔ bi bɛyii ne ho kyerɛɛ no, na ɔbɛgyinaa ohwam afɔrebukyia no nifa.

12 Na Sakaria hunuu no no, n’akoma tui, na ehu kaa no.

13 Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.

14 Na ɛbɛyɛ wo anigyeɛ ne ahosan,

na n’awoɔ nti nnipa bebree ani bɛgye.

15 Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim,

na ɔrennom bobesa anaa nsa biara,

na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma

afiri ne na yam mpo.

16 Na ɔbɛdane Israel mma mu bebree aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.

17 Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bɛdi n’anim

akɔdane agyanom akoma aba wɔn mma so

ne asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho,

na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.

18 Na Sakaria see ɔbɔfoɔ no sɛ: Ɛdeɛn na mede bɛhunu yei? Ɛfiri sɛ mabɔ akora, na me yere nso abɔ aberewa.

19 Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Mene Gabriel a megyina Nyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛmpa yi.

20 Na hwɛ, wobɛtɔre mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akɔsi da a yeinom bɛba mu, ɛfiri sɛ, woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne berɛ mu no anni.

21 Na nkurɔfoɔ no retwɛn Sakaria; na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛre asɔredan mu hɔ saa.

22 Na ɔfirii adie no, wantumi ankasa ankyerɛ wɔn; na wɔhunuu sɛ wanya anisoadehunu bi wɔ asɔredan mu hɔ; na ɔno deɛ, ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wantumi ankasa.

23 Na ɛbaa sɛ ne som nna wiee duro no, ɔfirii hɔ kɔɔ ne fie.

24 Na nna yi akyiri no, ne yere Elisabet nyinsɛnee, na ɔde ne ho siee abosome nnum kaa sɛ:

25 Sɛdeɛ Awurade ayɛ me, nna a wabɛhwɛ me sɛ ɔbɛyi m’ahohora afiri nnipa mu no mu ni.

Yesu awoɔ ho nkɔmhyɛ

26 Na bosome a ɛtɔ so nsia no mu no, Onyankopɔn somaa Ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu,

27 ababaa bi a wɔde no ama ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Dawid abusua mu awadeɛ nkyɛn; na ababaa no din de Maria.

28 Na ɔbɔfoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom woɔ! Awurade ka wo ho.

29 Na n’akoma tuu n’asɛm no ho, na ɔdwenee ho sɛ: Nkyea bɛn ni?

30 Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Nyankopɔn hɔ adom.

31 Na hwɛ, wobɛnyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu.

32 Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔafrɛ no deɛ Ɔwɔ Sorosoro no Ba;

na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahennwa bɛma no.

33 Na ɔbɛdi Yakob fie so hene daapem, na n’ahennie no to rentwa da.

34 Na Maria see ɔbɔfoɔ no sɛ: Yei bɛyɛ dɛn na aba mu, ɛfiri sɛ mennim ɔbarima biara?

35 Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ:

Honhom Kronkron no bɛba wo so,

na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so;

enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no

Nyankopɔn ba.

36 Na hwɛ, wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima ne mmerewa berɛ mu; na deɛ wɔfrɛ no obonini no, yei ne ne bosome a ɛtɔ so nsia;

37 ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.

38 Ɛnna Maria se: Hwɛ, Awurade afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛdeɛ w’asɛm seɛ. Na ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔe.

Maria kɔsra Elisabet

39 Na nna no mu ara, Maria de ahoɔherɛ sɔre kɔɔ mmepɔ so Yuda kuro no mu,

40 na ɔkɔɔ Sakaria fie kɔkyeaa Elisabet.

41 Na ɛbaa sɛ Elisabet tee Maria nkyea no, akɔkoaa no hurii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma,

42 na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔahyira wo mmaa mu, na wɔahyira wo yam adeɛ!

43 Na yei firi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi?

44 Na hwɛ, wo nkyea twaa m’aso mu ara pɛ, akɔkoaa no de ahosan hurii me yam.

45 Na nhyira ne deɛ wagye adie, ɛfiri sɛ nsɛm a Awurade ama wɔabɛka akyerɛ no no bɛba mu.

Ayeyie dwom

46 Na Maria kaa sɛ:

Me kra, kamfo Awurade,

47 na m’agyenkwa Nyankopɔn ho na me honhom ho asane no;

48 ɛfiri sɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena.

Na hwɛ, ɛfiri nnɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me nhyira;

49 ɛfiri sɛ Otumfoɔ no ayɛ adeɛ kɛseɛ ama me,

na ne din ne kronkron,

50 na ne mmɔborɔhunu wɔ wɔn a wɔsuro no so,

awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ nyinaa mu.

51 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ;

wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu.

52 Watu atumfoɔ afiri wɔn nhennwa so

na wapagya ahiafoɔ.

53 Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma,

na wagya ahonyafoɔ kwan yafumpan.

54 Wasɔ n’akoa Israel mu,

sɛ ɔde bɛkae ne mmɔborɔhunu,

55 sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom no,

ama Abraham ne n’asefoɔ daa.

56 Na Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa; na ɔsane kɔɔ ne fie.

Osuboni Yohane awoɔ

57 Elisabet awoɔ duruu so, na ɔwoo ɔbabarima.

58 Na n’afipamfoɔ ne n’abusuafoɔ tee sɛdeɛ Awurade ayɛ no adɔeɛ kɛseɛ no, wɔne no ani gyee.

59 Na ɛbaa sɛ ne nnawɔtwe soɔ no, wɔbaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia. Na anka wɔde no reto n’agya Sakaria,

60 nanso ne na kaa sɛ: Dabi, wɔmfrɛ no Yohane.

61 Na wɔsee no sɛ: Obiara nni w’abusua mu a wɔfrɛ no saa.

62 Na wɔde nsɛnkyerɛnneɛ bisaa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde to no.

63 Na ɔgyee twerɛpono ketewa bi twerɛɛ so sɛ: Ne din ne Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.

64 Na n’ano buee, na ne tɛkyerɛma homa sanee amonom hɔ ara, na ɔkasa yii Onyankopɔn ayɛ.

65 Na ehu kaa wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa, na wɔkekaa nsɛm yi nyinaa wɔ Yudea mmepɔ so nkuro nyinaa mu.

66 Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa de siee wɔn akoma mu kaa sɛ: Ɛdeɛn ara na abɔfra yi rebɛyɛ? Hwɛ, Awurade nsa wɔ ne so.

Nhyira dwom

67 Na n’agya Sakaria deɛ, Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ:

68 Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn,

ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;

69 na wama nkwagyeɛ abɛn so ama yɛn

n’akoa Dawid fie,

70 sɛdeɛ ɔde n’adiyifoɔ kronkron a wɔwɔ hɔ firi teteete no ano kaeɛ no,

71 sɛ wɔnnye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn nyinaa nsam;

72 sɛ ɔbɛhu yɛn agyanom mmɔbɔ,

na wakae n’apam kronkron no:

73 Ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham

74 sɛ ɔbɛma wɔayi yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam,

na yɛasom no a ehu nni mu,

75 ahoteɛ ne tenenee mu

wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa.

76 Na wo, abɔfra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifoɔ;

ɛfiri sɛ wobɛdi Awurade anim akɔsiesie n’akwan,

77 na wode nkwagyeɛ ho nimdeɛ ama ne man,

wɔ wɔn bɔne fakyɛ a

78 ɛfiri yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu.

Ɛno nti na adekyeeɛ a ɛfiri soro abɛpue yɛn soɔ,

79 sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owuo sunsum aseɛ,

na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.

80 Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔnyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa serɛ so de kɔduruu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

3 × 3 =