Luka 4

Yesu sɔhwɛ

1 Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sane firii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ ɛserɛ so.

2 Na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe adaduanan. Nso nna no mu no, wanni hwee; na ɔwieeɛ no, ɛkɔm dee no.

3 Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Nyankopɔn ba a, hyɛ ɔboɔ yi na ɛnnane paanoo.

4 Na Yesu buaa no sɛ:Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko so na onipa nam bɛtena aseɛ.

5 Na ɔde no kɔɔ beaeɛ a ɛkorɔn, kɔkyerɛɛ no wiase ahennie nyinaa prɛko.

6 Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Wo na mede tumi yi nyinaa ne emu animuonyam bɛma woɔ; na wɔde ahyɛ me nsa, na obiara a mepɛ no, mede mema no;

7 enti sɛ wokoto sɔre me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea.

8 Na Yesu buaa no sɛ:Wɔatwerɛ sɛ:

Sɔre Awurade wo Nyankopɔn,

na ɔno nko na som no!

9 Na ɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɔde no kɔgyinaa asɔrefie atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Nyankopɔn ba a, to wo ho firi ha twene fam!

10 Na wɔatwerɛ sɛ:

Wo nti, ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ

sɛ wɔmmɛhwɛ wo,

11 na

wɔmmɛsoa wo wɔn nsam,

na woamfa wo nan ampem ɔboɔ.

12 Na Yesu bua see no sɛ:Wɔaka sɛ: Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ!

13 Na ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ɔgyaa no hɔ kɔe kakra.

Yesu asɛnka mfitiaseɛ

14 Na Yesu nam Honhom no ahoɔden mu sane baa Galilea, na ne ho asɛm trɛɛ asase a atwa ahyia no nyinaa so.

15 Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na wɔn nyinaa hyɛɛ no animuonyam.

Yesu Nasaret asɛnka

16 Na ɔbaa Nasaret a wɔtetee no wɔ hɔ no, na homeda, sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.

17 Na wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa; na ɔtrɛɛ nwoma no mu hunuu faako a wɔatwerɛ sɛ:

18 Awurade honhom wɔ me so,

na enti wasra me sɛ

memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafoɔ;

wasoma me sɛ memmɛka ɔgyeɛ menkyerɛ nnommum

ne adehunu menkyerɛ anifirafoɔ,

na memmrɛ wɔn a wɔapɛkyɛ wɔn no ahofadie,

19 na memmɛda afe a Awurade anisɔ bɛba ne nkurɔfoɔ so no adi.

20 Na ɔbobɔɔ nwoma no de maa ɔsomfoɔ no na ɔtenaa ase; na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn.

21 Na ɔfirii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Ɛnnɛ na twerɛsɛm yi aba mu mo aso mu.

22 Na wɔn nyinaa dii no adanseɛ, na adom nsɛm a ɛfiri n’anomu no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?

23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Ampa ara, mode bɛ yi bɛbu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yadeɛ! Nnoɔma a yɛate sɛ woyɛɛ no Kapernaum no, yɛ no w’agya kurom ha yi bi!

24 Ɔkaa sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, wɔmpɛ odiyifoɔ biara agye no n’agya kurom.

25 Na meka no nokorɛ mu, Elia berɛ so a ɔsoro mu too mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia, na ɛkɔm kɛseɛ baa asase no nyinaa soɔ no, akunafoɔ pii wɔ Israel deɛ,

26 nanso wɔansoma Elia ankɔ wɔn mu biara nkyɛn sɛ Sidon kuro Sarepta mu ɔbaa kunafoɔ bi nkyɛn.

27 Na Odiyifoɔ Elisa berɛ so no, na akwatafoɔ pii wɔ Israel deɛ, nanso wɔamma wɔn mu biara ho amfi gye Siriani Naaman.

Ne nkurɔfoɔ pɛ sɛ wɔkum no

28 Na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa tee saa no, abufuo hyɛɛ wɔn ma.

29 Na wɔsɔre sunsumm no firii kuro no mu hɔ, de no kɔɔ bepɔ a wɔn kuro no da soɔ no ano sɛ wɔrekɔsum no ama ne nkɔnkɔ akɔwɔ hɔ.

30 Nanso ɔfaa wɔn mfimfini kɔe.

Yesu sa obi a ɔwɔ honhommɔne yadeɛ

31 Na ɔbaa Galilea kuro bi a ɛde Kapernaum mu; na daa homeda ɔkyerɛkyerɛ wɔn.

32 Na ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ wɔn ahodwiri. Ɛfiri sɛ na n’asɛm no kura tumi.

33 Na onipa bi wɔ hyiadan mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne a ɛyɛ honhom fi, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu

34 sɛ: Mmɛha yɛn! Ɛdeɛn na yɛne wo Nasareni Yesu wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim nipa ko a woyɛ, wone Onyankopɔn ne kronkronni no.

35 Na Yesu teateaa no sɛ:Mua w’ano, na firi ne mu kɔ!Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfimfini hɔ firii ne mu kɔe, na wanyɛ no hwee.

36 Na wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Asɛm bɛn ni, sɛ ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ ahonhom fi ma wɔfiri adi yi?

37 Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ asase a atwa ahyia no nkuro nyinaa mu.

Petro n’ase baa ayaresa

38 Na ɔsɔre firii hyiadan mu hɔ baa Simon fie. Na Simon ase baa afoɛ kɛse, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmɛhwɛ no.

39 Na ɔbɛgyinaa n’atifi teateaa ɔfoɛ no, na ɛgyaa no. Na amonom hɔ ara ɔsɔre bɛsomm wɔn.

Anwanwadeɛ ahodoɔ bebree

40 Na owia retɔ no, wɔn a wɔwɔ ayarefoɔ a nyarewa ahodoɔ ha wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ no; na ɔde ne nsa guu wɔn nyinaa so mmaako mmaako saa wɔn yadeɛ.

41 Na ahonhommɔne nso firii nnipa pii mu kɔe, na wɔteaa mu sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteateaa wɔn, wamma wɔankasa, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ ɔne Kristo no.

Yesu Yudea asɛnka

42 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ so baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no hwehwɛɛ no, na wɔbɛduruu ne nkyɛn, na wɔsiankaa no sɛ ɔmmfiri wɔn nkyɛn nnkɔ.

43 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Ɛsɛ sɛ meka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa no mekyerɛ nkuro foforɔ nso; ɛfiri sɛ yei na wɔbɔɔ din somaa me.

44 Na ɔkaa asɛm Yudea hyia adan mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eighteen + six =