Luka 3

Osuboni Yohane asɛnka

1 Na Kaesare Tiberio ahennie afe a ɛtɔ so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinihene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, na Lisania di Abilene mansinihene,

2 na Hana ne Kaiafa yɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no, Nyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛn serɛ so.

3 Na ɔbaa Yordan ho asase nyinaa so bɛkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu,

4 sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nsɛm nwoma mu sɛ:

Obi nne retea mu serɛ so sɛ:

Monsiesie Awurade kwan!

Momma n’atempɔn ntene!

5 Wɔbɛhyɛ abɔn nyinaa ma,

na wɔabrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase;

na deɛ akyea no bɛtene,

na akwan mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom.

6 Na honam nyinaa bɛhunu Nyankopɔn nkwagyeɛ.

7 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔfiri baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?

8 Na afei monso aba a ɛfata adwensakyera, na mommfiri aseɛ nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mese mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.

9 Nanso wɔde akuma no ato nnua nhini no ho dada sɛ dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.

10 Na nkurɔfoɔ akuakuo no bisaa no sɛ: Na yɛnyɛ dɛn?

11 Na ɔbuaa wɔn sɛ: Deɛ ɔwɔ ntadeɛ mmienu no, ma no nkyɛ mu mma deɛ ɔnni bie bi, na deɛ ɔwɔ aduane no, ma no nyɛ saa ara.

12 Na togyefoɔ nso baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu, na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, ɛdeɛn na yɛnyɛ?

13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnnye nnkyɛne deɛ wɔatwa ato hɔ no.

14 Na asraafoɔ nso bisaa no sɛ: Yɛn nso yɛnyɛ dɛn? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnyɛ obiara haihai, nso monntoto obi ano kwa, na momma mo akatua nsɔ mo ani.

Kristo ba ne n’adwuma ho nkɔmhyɛ

15 Na ɛsiane sɛ ɔman no hwɛ kwan, na wɔn nyinaa susu wɔn akoma mu sɛ ebia Yohane ne Kristo no nti,

16 Yohane kasa kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me deɛ, mede nsuo na mebɔ mo asu; na deɛ ne ho yɛ den sene me reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.

17 Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra n’aporeeɛ hɔ fitaa, na waboaboa ayuo no ano agu ne san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.

Yohane afiaseda

18 Na nnoɔma pii nso ka ho a ɔde tuu ɔman no fo kaa asɛmpa kyerɛɛ wɔn.

19 Na ɔmansinihene Herode, ne nua yere Herodia ho bɔne a wayɛ na Yohane kaa n’anim nti,

20 ɔde yei kaa ne nyinaa ho de Yohane too afiase.

Yesu asubɔ

21 Na ɛbaa sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ

22 na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aburuburo baa ne so, na ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.

Yesu abusuasanten

23 Yesu firii n’adwuma aseɛ no, na wadi bɛyɛ mfirinhyia aduasa, (na nkurɔfoɔ dwenee no sɛ ɔyɛ Yosef ba), Eli ba,

24 Mattat ba, Lewi ba, Melki ba, Yanai ba, Yosef ba,

25 Matatia ba, Amos ba, Nahum ba, Hesli ba, Nagai ba,

26 Mahat ba, Matatia ba, Semein ba, Yosek ba, Yoda ba,

27 Yohanan ba, Resa ba, Serubabel ba, Sealtiel ba, Neri ba,

28 Melki ba, Adi ba, Kosam ba, Elmadam ba, Er ba,

29 Yosua ba, Eliesa ba, Yorim ba, Matat ba, Lewi ba,

30 Simeon ba, Yuda ba, Yosef ba, Yonam ba, Eliakim ba,

31 Melea ba, Mena ba, Matata ba, Natan ba, Dawid ba,

32 Yisai ba, Obed ba, Boas ba, Sala ba, Nahson ba,

33 Aminadab ba, Admin ba, Arni ba, Hesron ba, Peres ba, Yuda ba,

34 Yakob ba, Isak ba, Abraham ba, Tera ba, Nahor ba,

35 Serug ba, Reu ba, Peleg ba, Eber ba, Sela ba,

36 Kainan ba, Arfaksad ba, Sem ba, Noa ba, Lamek ba,

37 Metusela ba, Henok ba, Yared ba, Mahalaleel ba, Kainan ba,

38 Enos ba, Set ba, Adam ba, Nyankopɔn ba.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

1 − one =