Luka 6

Homeda sɛeɛ

1 Na ɛbaa sɛ homeda bi ɔkɔfaa aburoofuo bi mu, na n’asuafoɔ no pempanee mmɛtem no bi, na wɔposae wɔ wɔn nsa mu wee.

2 Na Farisifoɔ mu binom bisaa wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda?

3 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Monkenkanee deɛ ɛkɔm dee Dawid ne wɔn a wɔka ne ho no, ɔyɛeɛ no?

4 Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, kɔfaa kyerɛ paanoo no diiɛ, na ɔde bi maa wɔn nso a wɔka ne ho a obi nni ho kwan sɛ ɔdi bie, gye asɔfoɔ nko?

5 Na ɔsee wɔn sɛ:Onipa ba no yɛ homeda so wura.

6 Na ɛbaa sɛ homeda foforɔ bi nso ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awuo.

7 Nso na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no retɛ no sɛ ɔbɛsa yadeɛ homeda anaa, na wɔanya ho akɔtoto n’ano.

8 Nanso ɔhunuu wɔn adwene, enti ɔsee onipa a ne nsa awuo no sɛ:Sɔre gyina mfimfini!Na ɔsɔre gyinae.

9 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Merebisa mo: Ɛdeɛn na ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda, papa anaa bɔne, sɛ wɔbɛgye obi nkwa anaasɛ wɔbɛkum no?

10 Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa hyiae ka kyerɛɛ no sɛ:Tene wo nsa!Na ɔyɛɛ saa, na ne nsa no sane yɛɛ yie.

11 Na wɔn deɛ, abufuo yɛɛ wɔn ma, na wɔtuu adekodeɛ a wɔde bɛyɛ Yesu ho agyina.

Asuafoɔ dummienu no yie

12 Na ɛbaa sɛ nna no mu ɔfirii adi kɔɔ bepɔ so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo mu no nyinaa.

13 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no bae, na ɔyii wɔn mu dummienu a ɔfrɛɛ wɔn asomafoɔ;

14 Simon a ɔfrɛɛ no Petro ne ne nua Andrea, Yakobo ne Yohane, Filipo ne Bartolomeo,

15 Mateo ne Toma, Alfeo ba Yakobo ne Simon a wɔfrɛ no Selote,

16 Yakobo ba Yuda ne Yuda Iskariot a ɔdanee ɔyii no maeɛ no.

17 Na ɔne wɔn sianeeɛ no, ɔbɛgyinaa baabi a ɛhɔ da soɔ; ɔne n’asuafoɔ bebree ne nnipa pii a wɔfiri Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano a wɔbaa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yadeɛ,

18 ne wɔn a ahonhom fi ha wɔn; na ɔsaa wɔn yadeɛ.

19 Na nkurɔfokuo no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛka no, ɛfiri sɛ ahoɔden firi ne mu ba; na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.

Ɛserɛ so asɛnka

20 Na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ n’asuafoɔ no kaa sɛ:

Nhyira ne mo ahiafoɔ,

na Nyankopɔn ahennie no yɛ mo dea.

21 Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo yi,

na wɔbɛma mo amee.

Nhyira ne mo a moresu yi,

na mobɛsere.

22 Nhyira ne mo sɛ nnipa kyiri mo, na wɔyi mo firi wɔn mu na, wɔya mo, na wɔto mo din twene sɛ dimmɔne, Onipa Ba no nti.

23 Momma mo ani nnye da no, na monni ahurisie! Na hwɛ, mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifoɔ no.

24 Nanso mo a moyɛ adefoɔ deɛ, monnue!

Na moanya mo awerɛkyekyerɛ dada.

25 Mo a moameɛ, monnue!

na ɛkɔm bɛde mo.

Mo a mosere seesei, monnue!

na mo werɛ bɛho, na moasu.

26 Nnipa nyinaa ka mo ho asɛm pa a, monnue! Na saa ara nso na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifoɔ atorofoɔ no.

Monnɔ mo atamfoɔ!

27 Na mese mo a mote yi sɛ: Monnɔ mo atamfoɔ, monyɛ wɔn a wɔtane mo yie,

28 monhyira wɔn a wɔdome mo, mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔha mo!

29 Deɛ ɔbɔ w’aso baako mu no, dane baako no nso ma no. Na deɛ ɔfa w’atadeɛ nkatasoɔ no, mfa w’atadeɛ nhyɛaseɛ nso nkame no!

30 Obiara a ɔsrɛ woɔ no, ma no! Na deɛ ɔgye w’adeɛ no, mmisa no bio!

31 Na sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara!

32 Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfoɔ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn.

33 Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo yie no yie a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ saa ara.

34 Na sɛ mofɛm wɔn a mo ani da so sɛ mobɛgye wɔn hɔ bio a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfoɔ nso fɛm nnebɔneyɛfoɔ, sɛ wɔbɛgye saa ara bio.

35 Na monnɔ mo atamfoɔ, na monyɛ yie na momfɛm wɔ deɛ ani nni biribi soɔ, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ deɛ ɔwɔ sorosoro no mma, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔyɛ ma bonniayɛfoɔ ne nnipa bɔne.

36 Enti monyɛ ntimmɔborɔ sɛdeɛ mo agya nso yɛ ntimmɔborɔ no.

Atɛnyie bɔne

37 Nanso mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn; mommmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.

38 Momma, na wɔama mo; susukoraa pa a wɔamia soɔ, na wɔawosoɔ, na abu soɔ na wɔde bɛgu mo ntoma mu. Na susukoraa a mode susuo no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo bio.

39 Na ɔbuu wɔn bɛ sɛ:Onifirani bɛtumi akyerɛ onifirani kwan? Wɔn baanu nyinaa renhwe amena mu anaa?

40 Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ; deɛ wasua biribi ahunu na ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ.

41 Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na mpuna a ɛda wo ara w’ani soɔ deɛ, wonhunu?

42 Ɛbɛyɛ dɛn na wobɛtumi aka akyerɛ wo nua sɛ: Onua, ma menyi duaa a ɛda w’ani soɔ no! Na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu? Nyaatwomni, yi mpuna no firi w’ani so kane, ansa na woahunu adeɛ yie de ayi wo nua ani so duaa.

43 Na dua pa biara nni hɔ a ɛso aba bɔne, nanso dua bɔne biara nni hɔ a ɛso aba pa.

44 Na dua biara n’aba na wɔde hunu. Wɔntete borɔdɔma wɔ nkasɛɛ so, nanso wɔntete obobe aba wɔ nwerɛ so.

45 Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi adepa adie, na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi adebɔne adie; na ɛfiri deɛ ayɛ akoma ma aboro soɔ no mu na ano ka.

Fapem ahodoɔ mmienu no

46 Na adɛn na mofrɛ me: Awurade, Awurade, na monyɛ deɛ meseɛ?

47 Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔtie me nsɛm, na ɔyɛ no, mɛkyerɛ mo deɛ ɔsɛ no:

48 Ɔte sɛ onipa a ɔtoo aban, na ɔtutu maa no dɔeɛ, na ɔtoo fapem ɔbotan soɔ; na nsuo yiriiɛ no, ɛbɔ faa aban no ho, na antumi anwoso no, ɛfiri sɛ wɔtoo no yie.

49 Na deɛ ɔteɛ, na ɔnyɛ no, te sɛ onipa a ɔtoo aban asase ani, na ɛnni fapem; ɛno na nsuo yiri faa ho, na ntɛm ara ɛhwee ase, na aban no sɛee koraa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

5 × three =