Luka 2

Yesu awoɔ

1 Nna no mu no, mmara bi firi Kaesare Augusto nkyɛn baa sɛ wɔnkan wiasefoɔ nyinaa, ntwerɛ wɔn din.

2 Yei ne ɔkan a ɛdi kan berɛ a na Kirenio yɛ Siria amrado no.

3 Na nnipa nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔtwerɛɛ wɔn din.

4 Na Yosef nso firii Nasaret a ɛwɔ Galilea sii mu kɔɔ Yudea, Dawid kuro a wɔfrɛ no Betlehem mu, ɛfiri sɛ na ɔfiri Dawid fie ne n’abusua mu,

5 kɔtwerɛɛ ɔno ne n’asiwa yere Maria a n’awoɔ abɛn no din.

6 Na wɔwɔ hɔ no, n’awoɔ duruu so,

7 na ɔwoo n’abakan barima, na ɔde ntoma kyekyeree no, na ɔde no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ wɔannya kwan ahɔhodan no mu.

Nnwanhwɛfoɔ ne abɔfoɔ no

8 Na nnwanhwɛfoɔ bi wɔ saa asase no so da wiram rewɛn wɔn nnwankuo anadwo.

9 Na Awurade bɔfoɔ bɛgyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade animuonyam hran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛseɛ kaa wɔn.

10 Na ɔbɔfoɔ no see wɔn sɛ: Monnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo,

11 sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo, Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.

12 Na yei ne mo nsɛnkyerɛnneɛ: Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde ntoma akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.

13 Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfoɔ no ho yii Onyankopɔn ayɛ sɛ:

14 Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro,

na asomdwoeɛ nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.

15 Na ɛbaa sɛ abɔfoɔ no firii wɔn nkyɛn kɔɔ soro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ asɛm a aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ!

16 Na wɔkɔɔ no ntɛm so, na wɔkɔhunuu Maria ne Yosef ne akɔkoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka no mu.

17 Na wɔhunuu no no, wɔkaa abɔfra no ho asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no.

18 Na deɛ nnwanhwɛfoɔ no kaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa.

19 Na Maria deɛ, ɔde nsɛm yi nyinaa sieeɛ, na ɔdwenee ho n’akoma mu.

20 Na nnwanhwɛfoɔ no sane kɔe kɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, na wɔyii no ayɛ wɔ deɛ wɔteeɛ na wɔkɔhunuiɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no nyinaa nti.

Abɔfra no dintoɔ

21 Na ɔdii nnawɔtwe a wɔrebɛtwa no twetia no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔbɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no ɔyafunu mu no.

Wɔde abɔfra no kɔ Yerusalem

22 Na wɔn ahodwira nna duruiɛ sɛdeɛ Mose mmara seɛ no, wɔde no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔma Awurade

23 (sɛdeɛ wɔatwerɛ Awurade mmara mu sɛ: Ɔbarima biara a ɔbɛbue yafunu ano no, wɔbɛfrɛ no kronkron ama Awurade,)

24 na wɔakɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔaka wɔ Awurade mmara mu no: Anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu.

Simeon

25 Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi tene, ɔsoro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ no, na Honhom Kronkron wɔ ne so.

26 Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhunu owuo, gye sɛ wahunu Kristo a ɔyɛ Awurade deɛ no ansa.

27 Na Honhom no maa no kɔɔ asɔrefie hɔ; na abɔfra Yesu awofoɔ no de no baa sɛ wɔrebɛyɛ sɛdeɛ mmara no teɛ ama no no,

28 ɔfaa no too n’abasa so, na ɔyii Onyankopɔn ayɛ na afei ɔkaa sɛ:

29 Awurade, afei woregya w’akoa kwan asomdwoeɛ mu

sɛdeɛ w’asɛm seɛ;

30 ɛfiri sɛ m’ani ahunu wo nkwagyeɛ

31 a woasiesie wɔ aman nyinaa anim,

32 kanea a ɛbɛma amanaman so ateɛ

na ɛbɛhyɛ wo man Israel animuonyam.

33 Na deɛ wɔkaa no ne ho no yɛɛ n’agya ne ne na nwanwa.

34 Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abɔfra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel nnipa bebree ahweaseɛ ne wɔn sɔreɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔbɛkasa atia no,

35 na wo nso, afena bɛhwire wo ara wo kra mu, na akoma bebree mu nsusuiɛ ada adi.

Hana

36 Na odiyifoɔ baa bi a wɔfrɛ no Hana wɔ hɔ. Ɔyɛ Fanuel ba a ɔfiri Aser abusuakuo mu. Wanyini, na ɔwaree ne mmabaaberɛ mu ne ne kunu tenaa mfirinhyia nson.

37 Na ɔyɛ okunafoɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Onyankopɔn adesaeɛ ne adekyeeɛ.

38 Na dɔn no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgyeɛ a wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.

Wɔsane kɔ Nasaret

39 Na wɔwiee amanneɛ nyinaa yɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kuro Nasaret a ɛwɔ Galilea mu.

40 Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Nyankopɔn adom wɔ ne so.

Yesu wɔ asɔrefie

41 Na n’awofoɔ kɔ Yerusalem daa afirinhyia Twam afahyɛ ase.

42 Na ɔdii mfirinhyia dummienu no, wɔkɔe sɛdeɛ afahyɛ no ho amanneɛ teɛ.

43 Na wɔdii nna no wieeɛ, na wɔresane aba no, abɔfra Yesu no kaa akyire wɔ Yerusalem, nanso na n’awofoɔ nnim.

44 Na wɔsusuu sɛ wafra nnipakuo no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan, na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ mu.

45 Na wɔanhu no no, wɔsane baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no.

46 Na ɛbaa sɛ ne nnansa soɔ no, wɔkɔhunuu no wɔ asɔrefie sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ ntam retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.

47 Na wɔn a wɔtiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuaeɛ yɛɛ wɔn nwanwa.

48 Na wɔhunuu no no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na ne na see no sɛ: Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyera na ahwehwɛ woɔ.

49 Na ɔsee wɔn sɛ:Adɛn nti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fie?

50 Na wɔn deɛ, wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Yesu setie ne ne nyini

51 Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam.

52 Na Yesu nyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

17 + nineteen =