Luka 5

Asuafoɔ no frɛ

1 Na ɛbaa sɛ nkurɔfokuo no kyeree ne so sɛ wɔrebɛtie Nyankopɔn asɛm no, na ɔgyina Genesaret tadeɛ no ho;

2 na ɔhunuu akodoɔ mmienu sɛ ɛsisi ɔtadeɛ no ho, na apofofoɔ no afiri mu rekɔhohoro wɔn asau.

3 Na ɔkɔɔ ɔkodoɔ no baako a ɛyɛ Simon dea mu srɛɛ no sɛ ɔntwe mfiri fam kakra. Na ɔtenaa aseɛ no, ɔfiri kodoɔ no mu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no.

4 Na ɔgyaee kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ:Siane kɔ deɛ ɛdɔ, na monkɔgu mo asau nyi nam!

5 Na Simon buaa sɛ: Owura, yɛayɛ adwuma anadwo yi nyinaa, na yɛannya hwee, nanso w’asɛm nti mɛgu asau no.

6 Na wɔyɛɛ saa no, wɔbumaa mpataa pii; a na wɔn asau no retete.

7 Na wɔnyamm wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu no sɛ wɔmmra mmɛsɔ wɔn mu; na wɔbae, na wɔhyɛɛ akodoɔ mmienu no mama ma anka ɛreyɛ amem.

8 Na Simon Petro hunuiɛ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa sɛ: Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni.

9 Na ɔne wɔn a wɔka ne ho nyinaa, mpataa dodoɔ a wɔyiiɛ no nti, wɔn ho dwirii wɔn;

10 na sɛ nso ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma a wɔyɛ Simon mfɛfoɔ ara ne no. Na Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ:Nsuro! Ɛfiri nnɛ wobɛyi nnipa.

11 Na wɔde akodoɔ no baa asase soɔ no, wɔgyaa ne nyinaa hɔ dii n’akyi.

Ɔkwatani bi ayaresa

12 Na ɛbaa sɛ ɔwɔ nkuro no baako mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne ho nyinaa baa hɔ. Na ɔhunuu Yesu no, ɔde n’anim butuu fam srɛɛ no sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

13 Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ:Mepɛ, wo ho mfi!Na ntɛm ara na kwata no firii ne ho kɔeɛ.

14 Na ɔbaraa no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara; na ɔse:Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na w’ahofire nti kɔma sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ wɔn adanseɛ.

15 Nanso ne ho asɛm trɛɛ mmom, na nkurɔfoɔ akuakuo pii bɛhyiaa sɛ wɔbɛtie no, na wasa wɔn nyarewa.

16 Nanso ɔtwee ne ho kɔɔ ɛserɛ so kɔbɔɔ mpaeɛ.

Obubuani bi ayaresa

17 Na ɛbaa sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne mmara akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ ne so a ɔde sa yadeɛ.

18 Na hwɛ, mmarima bi de onipa bi a ɔda kɛtɛ so a, ɔyare mmubuo bae, na wɔrehwehwɛ kwan de no abɛto n’anim.

19 Na nkurɔfokuo no nti wɔannya kwan a wɔde no bɛfa soɔ aba no, wɔkɔɔ ɔdan no atifi de no faa ntaayaa no mu, ne kɛtɛ so, bɛtoo mfimfini, Yesu anim.

20 Na ɔhunuu wɔn gyidie no, ɔsee no sɛ:Onipa, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

21 Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no firii aseɛ susuu sɛ: Hwan ne oyi a ɔka abususɛm yi? Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara?

22 Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔbua see wɔn sɛ:Ɛdeɛn na moresusu wɔ mo akoma mu yi?

23 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nante?

24 Na deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so, sɛ ɔde bɔne kyɛ nti,ɔsee obubuani no sɛ:Mese wo sɛ: Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie!

25 Na amonom hɔ ara ɔsɔree wɔn anim faa deɛ ɔdaa soɔ no firii hɔ kɔɔ ne fie hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.

26 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, na ehu kaa wɔn pii, na wɔkaa sɛ: Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ.

Lewi frɛ

27 Na yei akyiri no, ɔfirii adi, na ɔkɔhunuu togyeni bi a ne din de Lewi sɛ ɔte atogyeeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Di m’akyi!

28 Na ɔgyaa biribiara hɔ sɔre bɛdii n’akyi.

29 Na Lewi too no pono kɛseɛ bi wɔ ne fie; na atogyefoɔ ne nnipa foforɔ pii ne wɔn bɛtenaa hɔ.

30 Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na mo ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi na monom yi?

31 Na Yesu see wɔn sɛ:Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ, na mmom wɔn a wɔyareɛ no.

32 Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.

Mmuadadie ho asɛm

33 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ taa di mmuada na wɔbɔ mpaeɛ, na Farisifoɔ asuafoɔ nso yɛ saa ara; na w’asuafoɔ deɛ, wɔdidi na wɔnom!

34 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Mobɛtumi ama ayeforɔ asefoɔ no adi mmuada, berɛ a ayeforɔkunu ne wɔn wɔ hɔ yi?

35 Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn; saa nna no mu na wɔbɛdi mmuada.

36 Na ɔbuu bɛ yi nso kyerɛɛ wɔn sɛ:Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɔyɛ saa a, foforɔ no bɛtu, ɛfiri sɛ deɛ ɔtwa firii foforɔ no mu no ne dada no nsɛ.

37 Na obi mfa nsa foforɔ ngu nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nsa foforɔ no bɛma nkotokuo no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotokuo no asɛesɛe.

38 Na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.

39 Nso obi nnom nsa dada na ɔnhwehwɛ foforɔ, na mmom ɔka sɛ: Dada no na ɛyɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

sixteen + twelve =