Luka 9

Yesu soma asuafoɔ dummienu no

1 Na ɔfrɛɛ dummienu no hyiae, maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.

2 Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na wɔnsa yadeɛ.

3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Mommfa biribiara nntu kwan, mommfa poma anaa bɔtɔ anaa aduane anaa sika anaa ntadeɛ mmienu mmienu.

4 Na efie biara a mobɛkɔ mu no, ɛhɔ ara na montena, na moafiri hɔ akɔ.

5 Na wɔn a wɔrennye mo no, mofiri kurom hɔ rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nni adanseɛ ntia wɔn.

6 Na wɔsii mu hɔ faa nkuraa nyinaa ase mmaako mmaako kaa asɛmpa no, na wɔsaa yadeɛ baabiara.

Herode pɛ sɛ ɔhunu Yesu

7 Na ɔmansinihene Herode tee deɛ ɔyɛeɛ nyinaa; na ne tiri mu yɛɛ no keserenee sɛ ebinom se: Wɔanyane Yohane afiri awufoɔ mu,

8 na ebinom se: Elia ayi ne ho akyerɛ, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu baako asɔre.

9 Na Herode kaa sɛ: Yohane deɛ, matwa ne ti, na hwan ne oyi a mete ne ho nsɛm a ɛte sɛɛ yi? Na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔhu no.

Nnipa mpemnum aduanema

10 Na asomafoɔ no sane bae, na wɔbɛkaa deɛ wɔakɔyɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ afa baabi, kuro a wɔfrɛ no Betsaida no ho.

11 Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, wɔdii n’akyi; na ɔgyee wɔn kaa wɔn Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na ɔsaa wɔn a ɛhia ayaresa no yadeɛ.

12 Na adeɛ reyɛ asa; na dummienu no ba bɛsee no sɛ: Gya nkurɔfokuo no kwan na wɔnkɔ nkuro ne nkuraase a atwa ahyia yi so nkɔtena hɔ, na wɔanya aduane; na baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so.

13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Momma wɔn biribi nni!Na wɔse: Yɛnni biribiara sɛ paanoo nnum ne mpataa mmienu pɛ, gye sɛ yɛkɔtɔ aduane ma nkurɔfoɔ yi nyinaa.

14 Na wɔbɛyɛ mmarima mpemnum. Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ:Momma wɔntenatena ase akuakuo bɛyɛ aduonum aduonum.

15 Na wɔyɛɛ saa, na wɔmaa wɔn nyinaa tenatenaa ase.

16 Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no hwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na ɔbubu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nkurɔfokuo no.

17 Na wɔdii, na wɔn nyinaa meemee, na wɔtasee mporoporowa a ɛkaeɛ no nkɛntɛn dummienu.

Petro paemuka

18 Na ɛbaa sɛ ɔno nko wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ no, na n’asuafoɔ no ka ne ho; na ɔbisaa wɔn sɛ:Nkurɔfoɔ akuakuo no se: Mene hwan?

19 Na wɔbuaa sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu bi na wasɔreɛ.

20 Na ɔbisaa wɔn sɛ:Mo deɛ, mose mene hwan?Na Petro buaa sɛ: Onyankopɔn Kristo no.

Yesu hyɛ ne wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔm

21 Na ɔhyɛɛ wɔn nyinaa ketee, baraa wɔn sɛ wɔnnka yei nnkyerɛ obiara

22 sɛ:Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ apo no, na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wanyane.

Ahopakyire

23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ:Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua daa, na ɔnni m’akyi.

24 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra bɛfiri ne nsa no, ɔbɛgye no nkwa.

25 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔyera anaasɛ ɔhwere ne ho a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?

26 Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔde ɔno ne n’agya ne n’abɔfoɔ kronkron animuonyam bɛba no.

27 Na nokorɛ mese mo sɛ: Wɔn a wɔgyina ha yi mu binom wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie ansa.

Yesu animuonyam hran

28 Na ɛbaa sɛ nsɛm yi akyi bɛyɛ nnawɔtwe no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo, na ɔne wɔn kɔɔ bepɔ so mpaebɔ.

29 Na ɔrebɔ mpaeɛ no, n’anim tebea sakyerae, na n’atadeɛ yɛɛ fitaa, na ɛhrann.

30 Na hwɛ, mmarima baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasae;

31 na wɔyii wɔn ho adi animuonyam mu, na wɔkaa ne wuo a ɔbɛwu wɔ Yerusalem ho asɛm.

32 Na nna afa Petro ne wɔn a wɔka ne ho no; na wɔnyaneeɛ no, wɔhunuu n’animuonyam no ne mmarima baanu no sɛ wɔne no gyina hɔ.

33 Na ɛbaa sɛ wɔrefiri ne nkyɛn akorɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, ɛyɛ sɛ yɛtena ha, na ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako; ɛfiri sɛ na ɔnnim deɛ ɔreka.

34 Na ɔreka saa no, mununkum ba bɛkataa wɔn so; na wɔrekɔ mununkum no mu no, wɔsuroe.

35 Na ɛnne bi firii mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me ba a mayi no, montie no!

36 Na ɛnne no twaa mu no, wɔhunuu Yesu nko ara. Na wɔmuamuaa so, na nna no mu no, wɔanka nnoɔma a wɔhunuiɛ no ankyerɛ obiara.

Abɔfra twafoɔ bio ayaresa

37 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ a wɔfiri bepɔ no so sii fam no, nkurɔfokuo bebree bɛhyiaa no.

38 Na hwɛ, ɔbarima bi a ɔfiri nkurɔfoɔ no mu teaa mu sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, hwɛ me ba yi, na ɔyɛ me ba korɔ.

39 Na hwɛ, honhom bi kye no, na ɔfu mu tea mu su, na ɛsensene no ma n’ano twa ahuro, na ɔbu fa so, na ɛdene no ansa na agyaa no.

40 Na mesrɛɛ w’asuafoɔ no sɛ wɔntu no, nanso wɔantumi.

41 Na Yesu buaa sɛ:O ɛnnɛ mma a wɔnni gyidie na wɔakyeakyea, mentena mo nkyɛn na mento me bo ase mo ho nkɔduru da bɛn? Fa wo ba no bra ha!

42 Na ɔreba no, honhommɔne no himm no hwee fam, na ɛsensenee no. Na Yesu teateaa honhom fi no, na ɔsaa abɔfra no yadeɛ, na ɔde no maa n’agya.

Yesu hyɛ ne yima ne ne wuo ho nkɔm

43 Na Nyankopɔn ahoɔden kɛseɛ yi yɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri. — Na nnoɔma a Yesu yɛeɛ no nyinaa yɛɛ wɔn nwanwa no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ:

44 Momma nsɛm yi nkɔ mo aso mu; na wɔrebɛyi onipa ba no ahyɛ nnipa nsa.

45 Na wɔante asɛm yi ase, ɛfiri sɛ na wɔde ahunta wɔn na wɔanhunu. Na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no asɛm yi.

Ahobrɛaseɛ ne onuadɔ

46 Na asɛm bi baa wɔn mu sɛ wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ kɛseɛ?

47 Na Yesu hunuu wɔn akoma mu nsusuiɛ no, ɔfaa abɔfra bi bɛgyinaa ne nkyɛn,

48 na ɔsee wɔn sɛ:Obiara a ɔbɛgye abɔfra yi me din mu no, wagye me; na obiara a ɔbɛgye me no, na wagye deɛ ɔsomaa me no. Na deɛ ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno na ɔbɛyɛ kɛseɛ.

49 Na Yohane buaa sɛ: Owura, yɛhunuu sɛ obi de wo din retu ahonhommɔne; na yɛbaraa no, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔne yɛn na ɛnam.

50 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ:Mommmara no! Na deɛ ɔnyɛ biribi ntia mo no na ɔwɔ mo afa.

Samariafoɔ atirimuɔdenfoɔ

51 Na ɛbaa sɛ nna a wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro reyɛ awie duru no, ɔde sii n’anim sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem.

52 Na ɔsomaa abɔfoɔ dii n’anim; na wɔkɔeɛ no, wɔkɔhyɛnee Samariafoɔ akuraa bi ase sɛ wɔrekɔsiesie hɔ ama no.

53 Na wɔannye no, ɛfiri sɛ na n’ani kyerɛ Yerusalem.

54 Na n’asuafoɔ Yakobo ne Yohane hunuiɛ no, wɔkaa sɛ: Awurade, wopɛ sɛ yɛka na ogya firi soro bɛhye wɔn?

55 Na ɔdanee ne ho kaa wɔn anim.

56 Na wɔkɔɔ akuraa foforɔ bi ase.

Wɔn a wɔpɛ biribi ayɛ ansa na wɔadi Kristo akyire

57 Na ɛbaa sɛ wɔnam kwan mu rekorɔ no, obi ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, baabiara a wobɛkorɔ no, mɛdi w’akyi.

58 Na Yesu see no sɛ:Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo; na Onipa Ba no deɛ, ɔnni deɛ ɔde ne tiri toɔ.

59 Na ɔka kyerɛɛ ɔfoforɔ sɛ:Di m’akyi!Na ɔno deɛ ɔse: Ma me kwan na menkɔsie m’agya ansa.

60 Na Yesu see no sɛ:Ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ, na wo deɛ, kɔ na kɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm!

61 Na ɔfoforɔ nso kaa sɛ: Awurade, mɛdi w’akyi, na ma me kwan na menkɔkra wɔn a wɔwɔ me fie ansa.

62 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ:Obiara a ɔde ne nsa kɔsɔ funtumdadeɛ mu na ɔhwɛ n’akyire no mfata Nyankopɔn ahennie no mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

four × 3 =