Luka 10

Asɛmpakafoɔ aduɔson no

1 Yeinom akyiri no, Awurade yii nnipa aduɔsonbio, na ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a ɔno ara rebɛkɔ hɔ.

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Otwa adwuma no so, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua; enti monsrɛ otwa no wura no, na ɔntu adwumayɛfoɔ mmra ne twa no mu.

3 Monkɔ! Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwanten akɔ mpataku mu.

4 Mommfa sika kotokuo anaa akwantuo bɔtɔ anaa mpaboa; na monnkyea obi ɔkwan mu!

5 Na efie biara a mobɛkɔ mu no, monse kane sɛ: Asomdwoeɛ mmra efie ha!

6 Na sɛ asomdwoeɛ ba wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛtena ne so; na sɛ ɛnte saa a, ɛbɛsane aba mo so.

7 Na efie hɔ ara na montena, na monni na monnom deɛ ɛwɔ wɔn nsam; na odwumayɛfoɔ akatua sɛ no. Mommfiri efie mu nnkɔ efie mu!

8 Na kuro biara a mobɛkɔ mu no, wɔgye mo a, monni deɛ wɔde bɛsi mo anim!

9 Na monsa emu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn ahennie abɛn mo.

10 Na kuro biara a mobɛkɔ mu na wɔrennye mo no, momfiri adi nkɔ kuro no abɔntene so, na monka sɛ:

11 Mfuturo a ɛfiri mo kuro mu, a ahura yɛn nan ho mpo, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, monhunu yei sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn mo.

12 Na mese mo sɛ, ɛda no, ɛbɛfanyinam Sodom asene kuro no.

Korasin, Betsaida ne Kapernaum

13 Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ ahoɔdenneɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔtenatenaa ayitoma ne nso mu sakyeraa wɔn adwene ntɛm ara.

14 Nso atemmuo mu no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo.

15 Na wo Kapernaum,

wɔbɛma wo so akɔ ɔsoro anaa?

Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando.

16 Deɛ ɔtie mo no, watie me; na deɛ ɔpa mo no, wapa me. Na deɛ ɔpa me no, wapa deɛ ɔsomaa me no.

Aduɔson no saneba

17 Na aduɔson no de anigyeɛ sane ba bɛkaa sɛ: Awurade, wo din mu ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.

18 Na ɔsee wɔn sɛ:Mehunuu Satan sɛ ɔfiri soro hwee ase sɛ anyinam.

19 Hwɛ, mema mo tumi sɛ montiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee.

20 Nanso yei mu deɛ, mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔatwerɛ mo din ɔsoro.

Yesu aseda mpaebɔ

21 Ɛdɔn no ara mu ne ho sanee no honhom mu, na ɔkaa sɛ:Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa. Aane, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.

22 M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim deɛ Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim deɛ Agya no yɛ, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.

23 Na ɔdanee ne ho kyerɛɛ asuafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn nko sɛ:Nhyira ne ani a ɛhunu deɛ mohunu yi;

24 na mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ahemfo bebree pɛɛ sɛ anka wɔhunu nnoɔma a mohunu yi, na wɔanhunu, na wɔte nsɛm a moteɛ yi, na wɔante.

Daa nkwa nya

25 Na hwɛ, mmarakyerɛni bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?

26 Na Yesu bisaa no sɛ:Ɛdeɛn na wɔatwerɛ mmara no mu? Wokenkan no sɛn?

27 Na ɔbuaa sɛ: Fa w’akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne w’ahoɔden nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.

28 Na ɔsee no sɛ:Woabua no yie; yɛ yei, na wobɛnya nkwa.

29 Na ɔno deɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔbu ne ho bem, nti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: Na hwan ne me yɔnko?

Samariani yɔnkoɔ pa no

30 Na Yesu yii ano sɛ:Onipa bi firi Yerusalem siane kɔɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu, na wɔpaa ne ho ntoma, bobɔɔ no afɛ, gyaa no hɔ kɔe a na watɔ bera.

31 Na ɛbaa sɛ ɔsɔfoɔ bi bɛfaa kwan no so; na ɔbɛhunuu no no, ɔsianee ne ho kɔeɛ.

32 Saa ara nso na Lewini bi a ɔbaa hɔnom, ɔbɛhunuu no no, ɔsianee ne ho kɔeɛ.

33 Na Samariani bi a ɔnam ne kwan baa deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.

34 Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyeree n’akuro no, de ngo ne nsa guguu mu, na ɔde no tenaa ɔno ara n’aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no.

35 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔyii denare mmienu de maa ahɔhodan mu panin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ no, na biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesane meba a, mɛhyɛ wo ananmu.

36 Afei wɔn baasa yi mu hwan na wosusu sɛ wayɛ deɛ ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu yi yɔnko?

37 Na ɔse: Deɛ ɔhunuu no mmɔborɔ no a. Ɛnna Yesu see no sɛ:Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara!

Marta ne Maria

38 Na ɛbaa sɛ wɔrekorɔ no, ɔkɔɔ akuraa bi ase. Na ɔbaa bi a wɔfrɛ no Marta faa no kɔɔ ne fie.

39 Na Marta wɔ onuabaa bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm.

40 Na Marta deɛ, ɔbrɛɛ ne ho ɔsom pii ho; na ɔbɛgyinaa hɔ kaa sɛ: Awurade, wonhwɛ sɛ me nua agya me nko hɔ, na meresom? Enti ka kyerɛ no, na ɔmmɛsɔ me mu abia.

41 Na Awurade bua see no sɛ:Marta, Marta, wodwendwene, na woha wo ho nnoɔma pii ho;

42 adeɛ baako na ɛhia: Maria deɛ, wayi deɛ ɛyɛ no, ɛno na wɔrennye ne nsam.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

nineteen − six =