Luka 7

Akoa bi ayaresa

1 Na ɔwiee ne nsɛm nyinaa ka wɔ nkurɔfoɔ no aso mu no, ɔkɔhyɛnee Kapernaum.

2 Na asraafoɔ ɔha so panin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu.

3 Na ɔtee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa n’akoa no yadeɛ.

4 Na wɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no denden sɛ: Ɔfata sɛ wobɛyɛ saa adeɛ yi ama no;

5 ɛfiri sɛ ɔdɔ yɛn man, na ɔno na wasi hyiadan ama yɛn.

6 Na Yesu ne wɔn kɔe. Na ɔreyɛ abɛn efie no ho no, asraafoɔ ɔha so panin no somaa ne nnamfo bi baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Owura, nha wo ho, na mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ;

7 enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho nyɛ no den.

8 Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ wɔ m’ase, na sɛ mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.

9 Na Yesu tee yei no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi n’akyire no sɛ:Mese mo sɛ, Israel mu mpo, menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ.

10 Na wɔn a wɔsomaa wɔn no sane kɔɔ fie no, wɔkɔhunuu akoa a na ɔyareɛ no sɛ ne ho ayɛ no den.

Nain kunafoɔ no ba

11 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu, na n’asuafoɔ ne nkurɔfoɔ pii ne no kɔe.

12 Na ɔbɛn kuro no pono akyiri no, hwɛ, na wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na babarima korɔ a wɔde no refiri adie. Na ɔbaa no yɛ okunafoɔ; na na kurom hɔfoɔ pii ka ne ho.

13 Na Awurade hunuu ɔbaa no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Nsu!

14 Na ɔba bɛkaa funnaka no, na wɔn a wɔso no gyinae. Na ɔkaa sɛ:Aberanteɛ, mese wo sɛ: Sɔre!

15 Na owufoɔ no sɔre tenaa ase, na ɔfirii aseɛ kasae, na ɔde no maa ne na.

16 Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifoɔ kɛseɛ asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.

17 Na ne ho asɛm yi trɛɛ Yudea nyinaa ne asase a atwa ahyia nyinaa so.

Osuboni Yohane ahoyera

18 Na Yohane asuafoɔ kɔkaa yeinom nyinaa ho asɛm kyerɛɛ no.

19 Na Yohane frɛɛ n’asuafoɔ no mu baanu somaa wɔn kɔɔ Awurade nkyɛn sɛ: Wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?

20 Na nnipa no baa ne nkyɛn no, wɔkaa sɛ: Yohane suboni somaa yɛn wo nkyɛn sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?

21 Na ɛdɔn no ara mu ɔsaa nnipa bebree yadeɛ ne haw ne ahonhommɔne, na pii nso a wɔn ani afira, ɔmaa wɔn hunuu adeɛ.

22 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Monkɔ nkɔka deɛ moahunu ne deɛ moateɛ nkyerɛ Yohane sɛ: Anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafoɔ;

23 na nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.

Yesu di Yohane ho adanseɛ

24 Na Yohane abɔfoɔ no kɔeɛ no, ɔfirii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ:Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ ɛserɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim?

25 Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetena mu yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfie.

26 Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, deɛ ɔsene odiyifoɔ mpo ni.

27 Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ:

Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim

a ɔbɛsiesie wo kwan adi w’anim.

28 Mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn no mu biara nyɛ kɛse nsene Yohane; nanso deɛ ɔyɛ akumaa Nyankopɔn ahennie mu no, yɛ kɛseɛ sene no.

29 (Na nkurɔfoɔ a wɔteeɛ nyinaa ne togyefoɔ gyee Onyankopɔn nnwuma too mu maa wɔde Yohane asubɔ no bɔɔ wɔn asu;

30 na Farisifoɔ ne mmarakyerɛfoɔ no deɛ, wɔpoo Nyankopɔn tirim asɛm a ɛwɔ hɔ ma wɔn, na wɔamma wammɔ wɔn asu.)

31 Ɔse:Ɛhefoɔ ho na mede nnɛ mma yi bɛtoɔ? Na wɔte sɛ ɛhefoɔ?

32 Wɔte sɛ mmɔfra a wɔtete dwa mu, refrɛfrɛ wɔn ho wɔn ho sɛ:

Yɛahyɛne atɛntɛbɛn ama mo, na moansa;

yɛatwa agyaadwo, na moansu.

33 Na Yohane suboni aba, ɔnnidi na ɔnnom nsa, na mose: Ɔwɔ honhommɔne.

34 Onipa ba no aba, ɔdidi na ɔnom, na mose: Hwɛ, onipa didifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo.

35 Nanso nyansa mma nyinaa bu no bem.

Ɔbaa debɔneyɛni

36 Na Farisifoɔ no mu baako hyiaa no adidie; na ɔkɔɔ Farisini no fie kɔtenaa adidiiɛ.

37 Na hwɛ, ɔbaa debɔneyɛni bi a ɔwɔ kuro no mu tee sɛ ɔte adidiiɛ Farisini no fie no, ɔde ngo hwamhwam toa ma bae,

38 na ɔbɛgyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ɔfirii aseɛ de nisuo no fɔɔ ne nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ho, na ɔfee ne nan ho, na ɔde ngo hwamhwam no sraa ho.

39 Na Farisini a ɔhyiaa no adidie no hunuiɛ no, ɔkaa ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a, anka ɔbɛhunu onii ne ɔbaa ko a ɔde ne nsa ka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni.

40 Na Yesu bua see no sɛ:Simon, mewɔ asɛm bi meka mekyerɛ wo.Na ɔse: Kyerɛkyerɛfoɔ, ka!

41 Ɔse:Boseabɔni bi wɔ akafoɔ baanu; ɔbaako de no denare ahanum, na ɔbaako de no aduonum.

42 Na wɔnnya biribi ntua no, ɔde kyɛɛ wɔn baanu nyinaa kwa. Enti kyerɛ me wɔn mu deɛ ɔbɛdɔ no bebrebe.

43 Na Simon buaa se: Mesusu sɛ deɛ ɔde bebrebe kyɛɛ no no. Na ɔsee no sɛ:Woabua no yie.

44 Na ɔdanee n’ani kyerɛɛ ɔbaa no see Simon sɛ:Woahunu ɔbaa yi? Mebaa wo fie, woamma me nsuo mangu me nan so, na ɔbaa yi deɛ, ɔde ne nisuo afɔ me nan ho, na ɔde ne tirinwi apepa ho.

45 Woamfe m’ano, na ɔbaa yi deɛ, ɛfiri sɛ mebaa ha yi, ɔnnyaee me nan ho feɛ.

46 Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbaa yi deɛ, ɔde ngo hwamhwam asra me nan ho.

47 Na yei nti mese wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ, ɛfiri sɛ ɔdɔ pii. Na deɛ wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔdɔ kakraa bi.

48 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ:Wɔde wo bɔne akyɛ wo.

49 Na wɔn a wɔne no te adidiiɛ no firii aseɛ kekaa no wɔn mu sɛ: Hwan ne oyi a ɔde bɔne nso kyɛ?

50 Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ:Wo gyidie agye wo, kɔ asomdwoeɛ mu!

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two × three =