Akannifoɔ 12

Efraim di nkoguo

1 Na Efraim mmarima hyiae, na wɔtwa kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Adɛn nti na wotwaa mu kɔeɛ ne Amonfoɔ kɔkoeɛ, na yɛn deɛ, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankorɔ? Yɛde gya bɛhye wo fie agu wo so.

2 Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me man nyinaa ne Amonfoɔ nyaa manso kɛseɛ; na meteaa mu mefrɛɛ mo no, moannye me amfiri wɔn nsam;

3 na mehunuu sɛ moremma mmɛgye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesene mekɔɔ Amonfoɔ no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na adɛn na moaforo aba me soɔ ne me rebɛko nnɛ yi?

4 Na Yefta boaa Gilead mmarima nyinaa ano na ɔne Efraim koe; na Gilead mmarima no kunkumm Efraimfoɔ no, ɛfiri sɛ wɔse: Moyɛ Efraim adwanefoɔ, mo Gileadfoɔ, mowɔ Efraim mu, na mowɔ Manase mu.

5 Na Gilead faa Yordan atwaeɛ twaree Efraim; na sɛ Efraim adwanefoɔ no mu bi ka sɛ: Ma mentwa a, ɛnneɛ Gilead mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ɔse: Dabi a,

6 wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ ka sɛShibolet, na ɔka sɛ: Sibolet, ɛfiri sɛ ɔntumi nka no yie a, na wɔakye no aku no Yordan atwaeɛ hɔ. Na saa berɛ no Efraimfoɔ mpemaduanan mmienu na ɛtotɔeɛ.

7 Na Yefta buu Israel atɛn mfeɛ nsia. Na Gileadni Yefta wui, na wɔsiee no Gilead nkuro no bi mu.

Ibsan, Elon ne Abdon ho asɛm

8 Na n’akyiri no, Ibsan a ɔfiri Betlehem buu Israel atɛn.

9 Na ɔwɔ mmammarima aduasa, na ɔde mmammaa aduasa memaa awareɛ mmeammea, na ɔkɔgyegyee mmabaa aduasa nso firi mmeammea brɛɛ ne mmammarima awareɛ. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nson.

10 Na Ibsan wui, na wɔsiee no Betlehem.

11 Na n’akyiri no, Sebulonni Elon buu Israel atɛn. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ du.

12 Na Sebulonni Elon wui, na wɔsiee no Ayalon, Sebulon asase so.

13 Na n’akyiri no, Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni buu Israel atɛn.

14 Na ɔwɔ mmammarima aduanan ne mmanana aduasa a wɔtenaa mfunumu aduɔson soɔ. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nwɔtwe.

15 Na Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni no wui, na wɔsiee no Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfoɔ bepɔ soɔ no so.

Akannifoɔ 13

Samson awoɔ

1 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan.

2 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Sora a ɔfiri Danfoɔ abusua bi mu a ne din de Manoa; na ne yere yɛ obonini, na ɔnwo.

3 Na AWURADE bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ ɔbaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonini na wonwo, nanso wobɛnyinsɛn awo ɔbabarima.

4 Na afei hwɛ yie, na nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ.

5 Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.

6 Ɛnna ɔbaa no ba bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Nyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ anim, na mammisa no deɛ ɔfire, na ɔno nso ankyerɛ me ne din.

7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima; na afei nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ; na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum de akɔsi ne wuda.

8 Na Manoa bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: O AWURADE, ma Nyankopɔn nipa a wosomaa no no mmra yɛn nkyɛn bio, na ɔmmɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ abɔfra a wɔrebɛwo no no.

9 Na Onyankopɔn tiee Manoa, na Nyankopɔn bɔfoɔ no baa ɔbaa no nkyɛn bio, na ɔwɔ afuo mu a ne kunu Manoa nka ne ho.

10 Na ɔbaa no yɛɛ ntɛm tutuu mmirika kɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, ɔbarima a ɔbaa me nkyɛn nnaano no abɛyi ne ho adi akyerɛ me.

11 Na Manoa sɔre dii ne yere no akyi na ɔbaa ɔbarima no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone ɔbarima a wo ne ɔbaa no kasaeɛ no?

12 Na ɔse: Mene no. Na Manoa kaa sɛ: Afei wo nsɛm no ba mu a, ɛdeɛn ne abɔfra no ahyɛdeɛ na ɛdeɛn na ɔnyɛ?

13 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Deɛ mesee ɔbaa no nyinaa ho na ɔnhwɛ yie.

14 Ɔnnni adeɛ biara a ɛfiri bobe mu, na ɔnnnom bobesa anaa nsa biara, na adeɛ biara a ɛho nteɛ nso, ɔnnni; deɛ mahyɛ no nyinaa, ɔnni so.

15 Na Manoa ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Ma yɛnsianka wo na yɛnsiesie abirekyie ba bi mma wo ansa.

16 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Sɛ wosianka me mpo a, merenni w’aduane no bi. Na sɛ wobɛbɔ hyeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a, bɔ ɛ! Na Manoa nnim sɛ ɔyɛ AWURADE bɔfoɔ.

17 Na Manoa ka kyerɛɛ AWURADE bɔfoɔ no sɛ: Wo din de sɛn? Na sɛ wo nsɛm no nya ba mu a, yɛahyɛ wo animuonyam.

18 Na AWURADE bɔfoɔ no see no sɛ: Adɛn na worebisa me din a ɛyɛ nwanwa yi?

19 Na Manoa faa abirekyie ba ne aduane afɔdeɛ na ɔde bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ɔbotan no so maa AWURADE. Na ɔbɔfoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ, na Manoa ne ne yere hwɛe.

20 Na ogyaframa no resɔre afiri afɔrebukyia no so akɔ soro no, AWURADE bɔfoɔ no foro faa afɔrebukyia no so gyaframa no mu kɔɔ soro. Na Manoa ne ne yere hwɛe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.

21 Na AWURADE bɔfoɔ no ammɛyi ne ho adi ankyerɛ Manoa ne ne yere bio. Ɛno na Manoa hunuu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfoɔ.

22 Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Wuo na yɛrebɛwuwuo, sɛ yɛahunu Onyankopɔn yi.

23 Na ne yere no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE pɛ sɛ ɔku yɛn a, anka wannye yɛn nsam ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, na anka wanyi yeinom nyinaa ankyerɛ yɛn, na anka wamma yɛante nsɛm a ɛte saa yi saa berɛ yi.

24 Na ɔbaa no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Samson. Na abɔfra no nyinii, na AWURADE hyiraa no.

25 Na AWURADE honhom firii aseɛ kekaa no wɔ ne mu, Dan nsraban mu Sora ne Estaol ntam.

Yosua 1

Onyankopɔn yi Yosua na ɔkyerɛ no deɛ ɔnyɛ

1 Na AWURADE akoa Mose wuo akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfoɔ no sɛ:

2 M’akoa Mose awu; afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mu yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfoɔ, no so.

3 Baabiara a mo nan bɛtia no, mo na mede mama mo, sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Mose no,

4 ɛfiri serɛ no so ne Lebanon yi ho de kɔsi asu kɛseɛ no, Asubɔntene Eufrate ano, Hetifoɔ asase nyinaa de kɔsi ɛpo kɛseɛ no ano wɔ deɛ owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hyeɛ.

5 Obiara biara rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.

6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no mu ama ɔman yi.

7 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.

8 Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anomu, na dwene ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ no wɔ mu nyinaa teɛ no: Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ɛbɛsi wo yie.

9 Menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma w’akoma nntu anaa? Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi deɛ wokorɔ nyinaa.

10 Ɛnna Yosua hyɛɛ ɔman no ahwɛfoɔ no sɛ:

11 Momfa nsraban no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Monsiesie akwansoduane nsie, na ɛha yi nnansa morebɛtwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no.

12 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no deɛ, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

13 Monkae asɛm a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de mo atena ase, na ɔde asase yi ama mo;

14 mo yerenom, mo mma ne mo mmoakuo ntena asase a Mose de maa mo Yordan agya yi so, na mo deɛ, monni mo nuanom anim amia mu, akofoɔ nyinaa, na monni mmoa wɔn,

15 nkɔsi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wɔbɛdi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasane aba mo sodie asase no so abɛdi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapueeɛ hɔ no.

16 Na wɔbuaa Yosua sɛ: Deɛ woahyɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ, na baabiara a wosoma yɛn no, yɛbɛkɔ.

17 Sɛdeɛ yɛtiee Mose, ade nyinaa mu no, saa ara na yɛbɛtie woɔ; die na AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyire, sɛdeɛ ɔdii Mose akyire no.

18 Obiara a ɔbɛte w’anomu asɛm ho atua na ɔrentie wo nsɛm, deɛ wobɛhyɛ yɛn nyinaa mu no, wɔnku no. Den ara nko na wo ho nyɛ, na yɛ nnam.

Yosua 2

Rahab gye akwansrafoɔ no

1 Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ.

2 Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wɔfiri Israelfoɔ no mu aba ha anadwo yi rebɛsra asase yi.

3 Na Yeriko hene no soma maa wɔkɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔabɛhyɛne wo fie no firi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa nsra.

4 Na ɔbaa no faa mmarima baanu no de wɔn huntae; na ɔkaa sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn deɛ, nanso mennim deɛ wɔfire;

5 na esum duruiɛ a wɔrebɛto kuro pono no mu no, na mmarima no firii adie; mennim deɛ wɔkorɔ. Monti wɔn ntɛm, na mobɛto wɔn.

6 Na ɔno deɛ, na ɔde wɔn akɔ ɛdan atifi na ɔde wɔn akɔhunta ɛsowa a ɔde aboa ɛdan no atifi no ase.

7 Na mmarima no tii wɔn faa Yordan kwan so de kɔɔ atwaeɛ; na wɔn a wɔtii wɔn no firii adie ara pɛ, na wɔtoo kuro pono no mu.

8 Na wɔn deɛ, wɔnnya nkɔdaeɛ no, ɔbaa no foro kɔɔ wɔn nkyɛn ɛdan no atifi

9 kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Menim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefoɔ nyinaa akoma tu mo anim.

10 Na yɛate sɛdeɛ mo Misraim fire mu no AWURADE maa Ɛpo Kɔkɔɔ mu nsuo wee wɔ mo anim ne deɛ moyɛɛ Amorifoɔ ahene baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasapasa no.

11 Na yɛteeɛ no, yɛn akoma tuiɛ, na home bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.

12 Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yie yi, mo nso mobɛyɛ m’agya fie yie, na momma me nokorɛ nsɛnkyerɛnneɛ,

13 na momma m’agya ne me na ne me nuammarimanom ne me nuammaanom ne deɛ wɔwɔ nyinaa nnya nkwa, na monyi yɛn kra mfiri owuo mu.

14 Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu, sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bɛdi no adɔeɛ ne nokorɛ so.

15 Ɛnna ɔbaa no de ntampehoma twetwee wɔn faa mpomma mu sisii fam, na na ne dan si kuro no ho fasuo so, na ɔfasuo no so na ɔteɛ.

16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Bepɔ so na monkorɔ, na atifoɔ no anto mo, na monhunta hɔ nnansa nkɔsi sɛ atifoɔ no bɛsane, na ɛno akyiri no moakɔ mo kwan.

17 Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛbɛdi bem afiri ntam a womaa yɛkaeɛ yi ho.

18 Hwɛ, sɛ yɛreba asase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ homa yi kyekyere mpomma a wode yɛn faa mu sii fam no mu. Na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fiefoɔ nyinaa ano wo nkyɛn wɔ efie ha,

19 na obiara a ɔbɛfiri adi afiri wo fie pono ano akɔ abɔntene soɔ no, ne mogya bɛgu n’atifi, na yɛn deɛ, yɛadi bem; na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn efie no, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya ngu yɛn atifi.

20 Na sɛ woka yɛn asɛm yi kyerɛ a, ɛno nso yɛbɛdi bem afiri ntam a womaa yɛkaeɛ no ho.

21 Na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ sɛdeɛ mo nsɛm yi teɛ. Na ɔgyaa wɔn kwan na wɔkɔe; na ɔde homa kɔkɔɔ no kyekyeree mpomma no mu.

22 Ɛnna wɔsii mu kɔduruu bepɔ no soɔ, na wɔdii hɔ nnansa kɔsii sɛ atifoɔ no saneeɛ. Na atifoɔ no hwehwɛɛ wɔn ɔkwan no so nyinaa, nanso wɔanhu wɔn.

23 Na mmarima baanu no siane firii bepɔ no so, na wɔtwa baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔkaa deɛ ɛyɛɛ wɔn nyinaa kyerɛɛ no,

24 na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.

Yosua 3

Wɔtwa Yordan

1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa.

2 Na nnansa wiee duro no, ahwɛfoɔ no kyinii nsraban no mu,

3 kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ mohunu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne asɔfoɔ Lewifoɔ a wɔso no a, mo nso montu mfiri deɛ mowɔ, na monni akyire;

4 nanso monsusu ɔkwan bɛyɛ sɛ basafa mpennu nto mo ne no ntam, mommmɛn no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na moahunu kwan ko a mobɛfa soɔ, ɛfiri sɛ momfaa ɔkwan yi so pɛn.

5 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monte mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ mo mu anwanwadeɛ.

6 Na Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Monsoa apam adaka no nsene nni ɔman no anim. Na wɔsoaa apam adaka no dii ɔman no anim.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mayɛ wo kɛseɛ Israel nyinaa ani soɔ, na wɔahunu sɛ, sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire.

8 Na wo deɛ, hyɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ moduru Yordan nsuo no ano a, monnyina Yordan mu.

9 Na Yosua ka kyerɛɛ Israel mma no sɛ: Montwe mmra ha, na montie AWURADE mo Nyankopɔn nsɛm.

10 Ɛnna Yosua kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no wɔ mo mu, na pamo na ɔbɛpamo Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Hewifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri mo anim.

11 Hwɛ, asase nyinaa wura apam adaka no redi w’anim akɔ Yordan mu.

12 Na afei momfa mmarima dummienu mfiri Israel mmusuakuo no mu, abusuakuo biara mu nipa baako.

13 Na sɛ asɔfoɔ a wɔso AWURADE, asase nyinaa wura adaka no anammɔn ka Yordan nsuo no ara pɛ a, Yordan mu nsuo a ɛresiane firi atifi ba no bɛtwa, na abɔ kuo agyina hɔ.

14 Na ɔman no tu firii wɔn ntomadan mu sɛ wɔrekɔtwa Yordan, na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no dii ɔman no anim,

15 na wɔn a wɔso adaka no duruu Yordan ano, na asɔfoɔ a wɔso adaka no nan sii nsuo no mu ara pɛ, (nso na Yordan yiri kata ne nsunoa nyinaa ayutwaberɛ nna nyinaa),

16 ɛnna nsuo a ɛfiri atifi ba no gyina bɔɔ kuo baako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsuo a ɛsiane kɔ mpaperɛ mu po a ɛne Nkyene-po no mu no twa wiee koraa. Na ɔman no twae, Yeriko ntentensoɔ.

17 Na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no gyinaa asase pɛsɛɛ so Yordan mfimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase pɛsɛɛ so twa de kɔsii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.

Deuteronomium 24

Awareɛ ne awaregyaeɛ ho mmara

1 Sɛ ɔbarima bi ware yerɛ, na ɛba sɛ n’ani nnye ɔbaa no ho a, ɛfiri sɛ wahunu ne ho aniwudeɛ bi a, ɛnneɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ nwoma mma no na ɔmfa nhyɛ ne nsa, na ɔnnya no kwan mfiri ne fie.

2 Na sɛ ɔfiri ne fie kɔ na ɔkɔware ɔbarima bi,

3 na ekunu foforɔ no nso mpɛ no, na ɔtwerɛ awaregyaeɛ nwoma ma no de hyɛ ne nsa na ɔgya no kwan firi ne fie, anaasɛ ekunu a ɔwaree no akyire yi no wu a,

4 ɛnneɛ ne kane kunu a ɔgyaa no kwan no nnsane mmmɛware no bio, ne ho figuo no akyi, ɛfiri sɛ ɛno yɛ AWURADE anim akyiwadeɛ, na mfa bɔne ngu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so.

Mmara ahodoɔ bi

5 Sɛ ɔbarima bi ware yerɛ foforɔ a, ɔnnkɔ ɔsa, na wɔmmfa adwuma biara nnto ne so; na ɔnne ne ho wɔ ne fie afirinhyia, na ɔne ne yere a ɔwaree no no ani nnye.

6 Obi nnnye oyuyammoɔ ne ne ba sɛ awowa deɛ; sɛ ɛba saa a na onii no regye nkwa sɛ awowadeɛ.

7 Sɛ wɔhunu obi a ɔwia ne nuanom Israelfoɔ mu nipa bie na ɔdi no nya anaasɛ ɔtɔn no a, ɛnneɛ owifoɔ no nwu; na yi bɔne no firi wo mu.

8 Hwɛ yie kwata yadeɛ ho, na woahwɛ ayɛ sɛdeɛ asɔfoɔ Lewifoɔ no bɛkyerɛ mo no nyinaa pɛpɛɛpɛ; sɛdeɛ mehyɛɛ wɔn no, saa na monhwɛ nyɛ.

9 Kae deɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Miriam wɔ kwan soɔ, berɛ a mofiri Misraim reba no.

10 Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nhyɛne ne dan mu nkɔgye n’awowa;

11 adihɔ na gyina, na onipa a wofɛm no adeɛ no mfa awowa no mmrɛ wo wɔ adihɔ.

12 Na sɛ ɔyɛ onipa a ɔdi hia a, mfa n’awowa no nna;

13 owia kɔtɔ a, dane awowa no kɔma no, na ɔmfa ne ntoma nna, na ɔnhyira wo, na ɛnyɛ wo tenenee wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim.

14 Nhyɛ ɔpaani, mmɔborɔni ne ohiani a ɔfiri wo nuanom anaa ahɔhoɔ a wɔwɔ w’asase soɔ, wo nkuro mu no so.

15 Da a ɔyɛ adwuma no ara na ma no n’apaadeɛ, na mma owia nnkɔtɔ so, ɛfiri sɛ ɔdi hia, na ɔde n’ani ato so; na wansu amfrɛ AWURADE antia wo, na annane wo bɔne.

16 Wɔnnkum nananom wɔ wɔn mma bɔne so nti, na wɔnnkum mma wɔ wɔn nananom bɔne so nti; na obiara bɔne nti na wɔnku no.

17 Nkyea ɔhɔhoɔ anaa awisiaa atɛn, na nnye okunafoɔ atadeɛ awowa.

18 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo firii hɔ, enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi soɔ.

19 Sɛ wotwa w’aduane w’afuo mu na wo werɛ firi afi bi afuo mu hɔ a, nsane nkɔfa; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo wɔ wo nsa ano adwuma nyinaa mu.

20 Sɛ wopore wo ngo dua a, nsane nkɔtwee so; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ.

21 Sɛ wote wo bobeturom aba a, nsane nkɔdi so mpɛpɛ; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ.

22 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so; enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi soɔ.

Numeri 33

Israelfoɔ akwantuo

1 Yeinom ne akwan a Israelfoɔ twaeɛ berɛ a Mose ne Aaron dii wɔn anim de wɔn firi Misraim asase soɔ no, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ.

2 Mose twerɛɛ faako a wɔtu firiiɛ ne akwan a wɔtwaeɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na yeinom ne wɔn akwantuo mu asoɛeɛ firi faako a wɔtutu firiiɛ no:

3 Bosome a ɛdi kan no mu wɔtu firii Rameses; bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunum, Twam no akyi, adeɛ kyeeɛ, na Israelfoɔ de ahosɛpɛ kɛseɛ firi kɔeɛ wɔ Misraimfoɔ nyinaa anim;

4 na Misraimfoɔ resie wɔn mmakan a AWURADE kunkumm wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn.

5 Na Israelfoɔ no tu firii Rameses kɔkyeree nsraban Sukot.

6 Na wɔtu firii Sukot kɔkyeree nsraban Etam a ɛwɔ nsɛnoa.

7 Na wɔtu firii Etam dane baa Pi-hahirot a ɛwɔ Baal-sefon anim, na wɔkyeree nsraban Migdol anim.

8 Na wɔtu firii Hahirot anim kɔtwaa ɛpo no kɔɔ ɛserɛ so, na wɔnantee Etam serɛ so nnansa kwan kɔkyeree nsraban Mara.

9 Na wɔtu firii Mara baa Elim; na Elim na na nsuo aniwa dummienu ne nkyiresua aduɔson wɔ, na wɔkyeree hɔ nsraban.

10 Na wɔtu firii Elim kɔkyeree nsraban Ɛpo Kɔkɔɔ ano.

11 Na wɔtu firii Ɛpo Kɔkɔɔ ano kɔkyeree nsraban Sin serɛ so.

12 Na wɔtu firi Sin serɛ so kɔkyeree nsraban Dofka.

13 Na wɔtu firii Dofka kɔkyeree nsraban Alus.

14 Na wɔtu firii Alus kɔkyeree nsraban Refidim; na ɛhɔ na ɔman no annya nsuo annom.

15 Na wɔtu firii Refidim kɔkyeree nsraban Sinai serɛ so.

16 Na wɔtu firii Sinai serɛ so kɔkyeree nsraban Kibrot-hataawa.

17 Na wɔtu firii Kibrot-hataawa kɔkyeree nsraban Haserot.

18 Na wɔtu firii Haserot kɔkyeree nsraban Ritma.

19 Na wɔtu firii Ritma kɔkyeree nsraban Rimon-peres.

20 Na wɔtu firii Rimon-peres kɔkyeree nsraban Libna.

21 Na wɔtu firii Libna kɔkyeree nsraban Risa.

22 Na wɔtu firii Risa kɔkyeree nsraban Kehelata.

23 Na wɔtu firii Kehelata kɔkyeree nsraban Sefer bepɔ so.

24 Na wɔtu firii Sefer bepɔ so kɔkyeree nsraban Harada.

25 Na wɔtu firii Harada kɔkyeree nsraban Makhelot.

26 Na wɔtu firii Makhelot kɔkyeree nsraban Tahat.

27 Na wɔtu firii Tahat kɔkyeree nsraban Tara.

28 Na wɔtu firii Tara kɔkyeree nsraban Mitka.

29 Na wɔtu firii Mitka kɔkyeree nsraban Hasmona.

30 Na wɔtu firii Hasmona kɔkyeree nsraban Moserot.

31 Na wɔtu firii Moserot kɔkyeree nsraban Bene-yaakan.

32 Na wɔtu firii Bene-yaakan kɔkyeree nsraban Hor-hagidgad.

33 Na wɔtu firii Hor-hagidgad kɔkyeree nsraban Yotbata.

34 Na wɔtu firii Yotbata kɔkyeree nsraban Abrona.

35 Na wɔtu firii Abrona kɔkyeree nsraban Esion-geber.

36 Na wɔtu firii Esion-geber kɔkyeree nsraban Sin serɛ so, (ɛne Kades).

37 Na wɔtu firii Kades kɔkyeree nsraban Hor bepɔ ho, Edom asase ano.

38 Na Ɔsɔfoɔ Aaron foro kɔɔ Hor bepɔ so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, kɔwuu wɔ hɔ, Israelfoɔ Misraim asase so fire afe a ɛtɔ so aduanan soɔ, bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛdi kan.

39 Na Aaron wuu Hor bepɔ soɔ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduonu mmiɛnsa.

40 Na Kanaanni, Arad hene a ɔte Negeb no tee sɛ Israelfoɔ no reba.

41 Na wɔtu firii Hor bepɔ ho kɔkyeree nsraban Salmona.

42 Na wɔtu firii Salmona kɔkyeree nsraban Punon.

43 Na wɔtu firii Punon kɔkyeree nsraban Obot.

44 Na wɔtu firii Obot kɔkyeree nsraban Iye-abarim, Moab hyeɛ so.

45 Na wɔtu firii Iyim kɔkyeree nsraban Dibon-gad.

46 Na wɔtu firii Dibon-gad kɔkyeree nsraban Almon-diblataim.

47 Na wɔtu firii Almon-diblataim kɔkyeree nsraban Abarim mmepɔ so, Nebo ntentensoɔ.

48 Na wɔtu firii Abarim mmepɔ so kɔkyeree nsraban Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.

49 Na wɔkyeree Yordan ho nsraban firi Bet-yesimot kɔsii Abel-sitim, Moab mpaperɛ so.

Wɔnsɛe Kanaanfoɔ

50 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ:

51 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ motwa Yordan kɔ Kanaan asase so a,

52 ɛnneɛ mompamo asase no sotefoɔ nyinaa mfiri mo anim, na monsɛe wɔn aboɔ ahoni nyinaa, na wɔn ahoni a wɔaguo no, monsɛe ne nyinaa, na monsɛe wɔn nsorɔnsorɔmmea nyinaa.

53 Na momfa asase no ntena so, na mo na mede asase no mama mo sɛ monni soɔ.

54 Na momfa tontobɔ so nkyɛ asase no mu mma mo mmusuakuo no: Abusuakuo a ɛso no, momma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, momma ne kyɛfa nsua; deɛ obiara tonto bɛbɔ no, ɛhɔ na ɛnyɛ ne deɛ; monnyegye mo kyɛfa sɛdeɛ mo nananom mmusuakuo teɛ.

55 Na sɛ moampamo asase no sotefoɔ amfiri mo anim a, ɛnneɛ wɔn mu wɔn a mobɛgya wɔn no bɛdane mo aniwa mu nkasɛɛ ne mo mfe mu nnunsini, na wɔateetee mo, asase a mote soɔ no so.

56 Na sɛdeɛ mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no, saa ara na mɛyɛ mo.

Gyenesis 34

Sekem to Dina mmɔnaa

1 Na Lea ne Yakob babaa Dina firii adi sɛ ɔrekɔhwɛ asase no so mmaa.

2 Na asase no so otitire Hewini Hamor ba Sekem hunuu no, na ɔkyeree no too no mmɔnaa guu ne ho fi.

3 Na Yakob ba Dina sɔɔ Sekem ani, na ɔdɔɔ ababaa no, na ɔkorɔkorɔɔ no.

4 Na Sekem ka kyerɛɛ n’agya Hamor sɛ: Kɔgye ababaa yi awareɛ ma me.

5 Na Yakob tee sɛ wagu ne babaa Dina ho fi. Nanso ɛnam sɛ na ne mmammarima no wɔ ne mmoa nkyɛn wɔ wiram no, enti ɔyɛɛ komm de kɔsii sɛ wɔbaa fie.

6 Na Sekem agya Hamor firii adi kɔɔ Yakob nkyɛn sɛ ɔne no rekɔkasa.

7 Na Yakob mmammarima teeɛ no, wɔfirii wiram bae. Na ɛyɛɛ mmarima no ya, na wɔn bo fuu pa ara, sɛ Sekem adi Israel ho nkwaseasɛm sɛ ɔne Yakob babaa akɔda; adeɛ a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ.

8 Na Hamor ne wɔn kasaa sɛ: Me ba Sekem akoma fam mo babaa no ho; mesrɛ mo, momfa no mma no aware.

9 Na mo ne yɛn nni ayewareɛ, na momfa mo mmammaa mma yɛn, na mo nso monware yɛn mmammaa.

10 Na mo ne yɛn ntena, na asase na ɛda mo anim yi, montena so nyɛ so adwuma nnya so adeɛ.

11 Na Sekem ka kyerɛɛ Dina n’agya ne ne nuanom sɛ: Momma mennya mo anim adom, na biribiara a mobɛse me no, mɛma.

12 Monnye me etire adeɛ dodoɔ ne akyɛdeɛ biara, na biribiara a mobɛse me no, mɛma; na momfa ababaa no mma me awareɛ.

13 Na Yakob mmammarima no kasa de nnaadaa buaa Sekem n’agya Hamor ɛfiri sɛ wagu wɔn nuabaa Dina ho fi.

14 Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛntumi saa adeɛ yi yɛ, sɛ yɛde yɛn nua bɛma ɔbarima a ɔyɛ momonoto, ɛfiri sɛ ɛno yɛ ahohora ma yɛn.

15 Na yei mu nko na yɛbɛpene mo sɛ mobɛdane ayɛ sɛ yɛn, na wɔatwitwa mo mu mmarima nyinaa twetia.

16 Ɛno na yɛde yɛn mmammaa bɛma mo, na yɛabɛfa mo mmammaa nso aware, na yɛne mo atena, na yɛayɛ ɔman korɔ.

17 Na sɛ moantie yɛn, na moantwitwa twetia a, ɛnneɛ yɛbɛfa yɛn babaa akɔ.

18 Na wɔn nsɛm no sɔɔ Hamor ne ne ba Sekem ani.

19 Enti Sekem antwetwe ne ho sɛ ɔbɛyɛ saa adeɛ no, ɛfiri sɛ na Yakob babaa no sɔ n’ani, na aberanteɛ no animuonyam sene n’agya fiefoɔ nyinaa.

20 Na Hamor ne ne ba Sekem kɔɔ wɔn kuro aboboano, na wɔne wɔn kurom mmarima kɔkasaa sɛ:

21 Nnipa yi, wɔne yɛn te asomdwoeɛ mu, enti momma wɔntena asase yi so, na wɔnyɛ so adwuma. Na asase yi, hwɛ, ɛda wɔn anim kakraa. Momma yɛmfa wɔn mmammaa nware, na yɛmfa yɛn mmammaa nso mma wɔn.

22 Na yei nko mu na nnipa no bɛpene sɛ wɔne yɛn bɛtena, na yɛayɛ ɔman korɔ; sɛ yɛn mu mmarima nyinaa bɛtwitwa twetia, sɛdeɛ wɔatwitwa no.

23 Wɔn mmoa ne wɔn ahonyadeɛ ne wɔn afieboa nyinaa renyɛ yɛn dea anaa? Momma yɛmpene so ma wɔn, na wɔne yɛn ntena.

24 Na wɔn a wɔnam Hamor kuro pono ano firi adie nyinaa tiee no ne ne ba Sekem, na mmarima nyinaa, wɔn a wɔnam ne kuro pono ano firi adie nyinaa twitwaa twetia.

25 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa a ne yea kaa wɔn no, Yakob mmammarima baanu, Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuanom, fefaa wɔn nkrantɛ kɔɔ kuro no so mpofirim kɔkunkumm mmarima nyinaa.

26 Na wɔde nkrantɛ kumm Hamor ne ne ba Sekem; na wɔde Dina firii Sekem fie hɔ bae.

27 Yakob mmammarima no baa atɔfoɔ no so bɛfom kuro no mu nnoɔma fae, ɛfiri sɛ wɔagu wɔn nua no ho fi.

28 Wɔn nnwan, wɔn anantwie, wɔn mfunumu ne deɛ ɛwɔ kuro no mu ne deɛ ɛwɔ mfuo mu no, wɔfae.

29 Na wɔn ade nyinaa ne wɔn mma nyinaa ne wɔn yerenom, wɔfaa wɔn nnommum fom deɛ ɛwɔ fie nyinaa.

30 Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ: Moaha me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi soɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ. Na me deɛ, meyɛ asafo a mesua yi, wɔbɛboaboa wɔn ano aba me so abɛku me, na wɔasɛe me ne me fie.

31 Na wɔse: Ɔnyɛ yɛn nuabaa sɛ odwamamfoɔ anaa?

Gyenesis 17

Apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ

1 Na Abram dii mfirinhyia aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no kaa sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, nante m’anim, na yɛ pɛ.

2 Na mɛma m’apam ada me ne wo ntam, na mama woadɔ kɛse no ara.

3 Na Abram daa hɔ de n’anim butuu fam; na Onyankopɔn ne no kasaa sɛ:

4 Me deɛ, hwɛ, m’apam da hɔ ma wo, na mɛyɛ wo aman pii agya.

5 Na wɔremfrɛ wo din Abrambio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham,ɛfiri sɛ mayɛ wo aman pii agya.

6 Na mɛma woadɔ pii pa ara, na mɛyɛ wo aman, na ahemfo afiri wo mu.

7 Na mɛma me ne wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no apam agyina wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu, na ayɛ daa apam, na mayɛ wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no Nyankopɔn.

8 Na mede asase a woyɛ so hɔhoɔ yi, Kanaan asase nyinaa, bɛma wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire, sɛ daa agyapadeɛ, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.

9 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo deɛ, di m’apam so, wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyi wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu.

10 Yei ne me ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no ntam apam a monni soɔ: Wɔntwitwa mo mu mmarima nyinaa twetia.

11 Na montwitwa mo ho twetia, na ayɛ me ne mo ntam apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ.

12 Na ɔbabarima biara a wadi nna nwɔtwe no, montwa no twetia mo awoɔ ntoatoasoɔ mu, deɛ wɔawo no fie ne deɛ wɔde sika tɔɔ no wɔ ɔhɔhoɔ biara a ɔnyɛ w’aseni nkyɛn.

13 Twa deɛ wɔawo no wɔ wo fie ne deɛ wɔde wo sika tɔɔ no twetia, na m’apam atena mo honam mu sɛ daa apam.

14 Na ɔbarima momonoto biara a wɔntwaa no twetia no, saa onipa no wɔbɛtwa no afiri ne man mu, ɛfiri sɛ wato m’apam.

15 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo yere Sarai deɛ, mfrɛ no Sarai bio, na mmom Sara.

16 Na mɛhyira no, na mama wo ne mu ɔba nso, ampa ara, mɛhyira no. Ɔbɛyɛ aman, na aman ahemfo bɛfiri ne mu.

17 Na Abraham de n’anim butuu fam seree, na ɔkaa no n’akomam sɛ: Yee! Wɔbɛwo ɔba ama deɛ wadi mfirinhyia ɔha, na Sara a wadi mfeɛ aduɔkron no bɛwo anaa?

18 Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: O, ɛnneɛ anka ma Ismael nya w’anim adom ɛ!

19 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ampaneampa, wo yere Sara bɛwo ɔba ama wo, na woato ne din Isak.Na mɛma me ne no apam no agyina ayɛ daa apam ama n’asefoɔ a ɛbɛdi n’akyire no.

20 Na Ismael ho deɛ, matie wo. Hwɛ, mɛhyira no, na mama no awo, na wadɔɔso pii pa ara. Atitire dummienu na ɔbɛwoɔ, na mayɛ no ɔman kɛseɛ.

21 Na m’apam deɛ, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afeda sɛsɛɛ no na ɛbɛpam ama no agyina.

22 Na ɔne no wiee kasa no, Onyankopɔn firii Abraham nkyɛn kɔɔ ɔsoro.

23 Na Abraham faa ne ba Ismael ne wɔn a wɔawo wɔn wɔ ne fie ne wɔn a ɔde ne sika tɔɔ wɔn nyinaa, Abraham fiefoɔ mu mmarima nyinaa, na ɔtwitwaa wɔn twetia da no ara, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.

24 Na Abraham adi mfirinhyia aduɔkron nkron na wɔtwaa no twetia.

25 Na ne ba Ismael adi mfeɛ dummiɛnsa na wɔtwaa no twetia.

26 Da no ara na wɔtwitwaa Abraham ne ne ba Ismael twetia.

27 Na ne fie mmarima nyinaa, wɔn a wɔwoo wɔn ne fie ne wɔn a wɔde sika totɔɔ wɔn wɔ ahɔhoɔ nkyɛn, wɔtwitwaa wɔn twetia kaa ne ho.

Daniel 2

Nebukadnessar daeɛso: Ohoni Mfrafraeɛ no

1 Na Nebukadnessar ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔsosoo daeɛ bi, na ne honhom ho yeraa no, na n’ani soroe.

2 Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim.

3 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Maso daeɛ bi, na me honhom ho yera me sɛ mɛkae daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ.

4 Ɛnna Kaldeafoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene wɔ Aramaik kasa mu sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Ka wo daeɛ no kyerɛ wo nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.

5 Ɔhene bua see Kaldeafoɔ no sɛ: Deɛ maka no ara na maka: Sɛ moankyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔadane mo afie sumina.

6 Na sɛ mokyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, mobɛnya me hɔ akyɛdeɛ, ayɛyɛdeɛ ne anidie kɛseɛ. Enti monkyerɛ me daeɛ no ne n’ase.

7 Wɔbuaa bio sɛ: Ma ɔhene nka daeɛ no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.

8 Ɔhene buaa sɛ: Menim ampa sɛ moresɛe me berɛ, ɛsiane sɛ monim sɛ mekasa a mennane akyire.

9 Sɛ moankyerɛ me daeɛ no a, adeɛ rebɛyɛ mo, ɛfiri sɛ moadwene atorosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka no m’anim de akɔsi sɛ mɛsesa m’adwene; enti monka daeɛ no nkyerɛ me, na menhunu sɛ mobɛtumi akyerɛ me aseɛ.

10 Kaldeafoɔ no buaa ɔhene sɛ: Onipa biara nni asase so a ɔbɛtumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛseɛ ne owura ne otumfoɔ biara mmisaa nkonyaayifoɔ, pɛadeahununi ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.

11 Na asɛm a ɔhene rebisa yi yɛ den dodo, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ no ɔhene anim, gye anyame a wɔn tenabea nni honam mufoɔ nkyɛn.

12 Yei nti ɔhene bo fui, na n’ani beree kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnkum Babel anyansafoɔ nyinaa.

13 Enti mmara no baa sɛ wɔnkum anyansafoɔ no; na wɔhwehwɛɛ Daniel ne ne mfɛfoɔ no sɛ wɔrebɛku wɔn.

14 Ɛnna Daniel de kasa pa ne nyansa ne ɔhene safohene Ariok a ɔfirii sɛ ɔrekɔkum Babel anyansafoɔ no kasae;

15 sɛ: Adɛn nti na ɔhene hyɛɛ mmara a ɛyɛ den seyie? Ɛnna Ariok kaa asɛm no kyerɛɛ Daniel.

16 Na Daniel kɔ kɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔmma no berɛ na wakyerɛ no daeɛ no ase.

17 Ɛnna Daniel firi kɔɔ ne fie, na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ne mfɛfoɔ Hanania, Misael ne Asaria,

18 sɛ wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn hɔ mmɔborɔhunu, ahuntasɛm no ho, na wɔankum Daniel ne ne mfɛfoɔ anka Babel anyansafoɔ a aka no ho.

19 Ɛnna wɔyii ahuntasɛm no kyerɛɛ Daniel anadwo anisoadehunu mu. Ɛnna Daniel hyiraa ɔsoro Nyankopɔn;

20 Daniel kaa sɛ:

Nhyira nka Nyankopɔn din daa daa,

sɛ nyansa ne tumi, ɔno na ɛwɔ no;

21 ɔno na ɔsakyera berɛ ne nna;

ɔtu ahene, na ɔsi ahene,

ɔma anyansafoɔ nyansa,

na ɔma wɔn a wɔnni nhunumu nimdeɛ;

22 ɔyi deɛ emu dɔ ne deɛ ahunta adi,

ɔnim deɛ ɛwɔ esum mu,

na hann ne no na ɛteɛ.

23 Wo, m’agyanom Nyankopɔn,

na meda wo ase meyi wo ayɛ,

sɛ woama me nyansa ne tumi,

na afei woayi deɛ yɛsrɛɛ woɔ akyerɛ me,

sɛ woama yɛahunu ɔhene daeɛ no.

Daniel kyerɛ daeɛ no ase

24 Ɛno nti Daniel kɔɔ Ariok a ɔhene ayi no sɛ ɔnkum Babel anyansafoɔ no nkyɛn; ɔkɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: Babel anyansafoɔ no, nkum wɔn! Fa me kɔ ɔhene anim, na menkɔkyerɛ no aseɛ.

25 Ɛnna Ariok yɛɛ ntɛm de Daniel kɔɔ ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mahunu Yuda atukɔfoɔ no mu barima bi a ɔbɛkyerɛ ɔhene daeɛ no aseɛ.

26 Ɔhene bisaa Daniel a ne din de Beltesasar sɛ: Wobɛtumi akyerɛ me daeɛ a mesoeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ?

27 Daniel buaa ɔhene sɛ: Ahuntasɛm a ɔhene rebisa no, anyansafoɔ, pɛadeahunufoɔ, nkonyaayifoɔ nyankonnekyerɛfoɔ rentumi nkyerɛ ɔhene;

28 nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔyi ahuntasɛm adie, na wakyerɛ Ɔhene Nebukadnessar deɛ ɛrebɛba daakye. Wo daeɛ ne w’anisoadeɛ a woda wo mpa soɔ no wohunuiɛ no nie:

29 Ɔhene, wodwenee nnoɔma pii ho wɔ wo mpa so, deɛ yei akyi ɛbɛba no ho, na deɛ ɔyi ahuntasɛm adie no ama woahunu deɛ ɛrebɛba no.

30 Na me deɛ, ɛnyɛ nyansa a ɛwɔ me mu sene ateasefoɔ nyinaa nti na wɔayi ahuntasɛm yi akyerɛ me, na deɛ ɛbɛyɛ na wɔakyerɛ ɔhene nkyerɛaseɛ no, na woahunu w’akoma mu nsusuiɛ no nti.

31 Wo, ɔhene, wohwɛe, na hwɛ, na ohoni kɛseɛ bi nie: Ohoni no so, na ɛhran hyɛnn; ɛgyinaa w’anim na ɛho yɛ hu.

32 Ohoni no nie: Ne tiri yɛ sika pa, ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ, ne yafunu ne n’asene yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

33 N’asrɛ yɛ dadeɛ, ne nan mu bi yɛ dadeɛ, na emu bi yɛ dɔteɛ.

34 Wohwɛ ara kɔsii sɛ ɔboɔ bi a nsa biara nkura mu te bɛbɔɔ ohoni no nan a ɛyɛ dadeɛ ne dɔteɛ no, na ɛbubuu no muhumuhu;

35 ɛnna dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dwetɛ ne sika no bubuu muhumuhu prɛko pɛ, na ɛyɛɛ sɛ ahuhuberɛ mu ayuporebea so ntɛtɛ, na mframa sesa kɔe, na wɔanhunu wɔn baabiara bio. Na ɔboɔ a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔ kɛseɛ, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.

36 Daeɛ no nie, na yɛbɛka ne nkyerɛaseɛ nso akyerɛ ɔhene.

37 Wo, ɔhene, woyɛ ahene mu hene a ɔsoro Nyankopɔn de ahennie, tumi, ahoɔden ne animuonyam ama woɔ,

38 na baabiara a nnipa mma, wiram mmoa ne ewiem nnomaa teɛ no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no.

39 Na w’akyi na ahennie foforɔ bɛsɔre a ɛnnuru wo deɛ no ne ahennie a ɛtɔ so mmiɛnsa foforɔ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɛbɛdi asase nyinaa soɔ.

40 Na ahennie a ɛtɔ so nnan no bɛyɛ den sɛ dadeɛ; na sɛdeɛ dadeɛ bubu na ɛyam adeɛ a ɛbɔ so nyinaa no, saa ara na ahennie a ɛtɔ so nnan no bɛbobɔ ahennie a ɛdi kan no nyinaa.

41 Na sɛdeɛ wohunuu nan ne nansoaa a emu bi yɛ ɔnwomfoɔ dɔteɛna emu bi yɛ dadeɛ no, ɛbɛyɛ ahennie a emu apaepaeɛ, nso dadeɛ denyɛ no bɛtena mu, sɛdeɛ wohunuu sɛ dɔteɛ afrafra dadeɛ no mu no.

42 Na nansoaa a emu bi yɛ dadeɛ na ebi yɛ ɛfa no, ahennie no fa bi bɛyɛ den, na emu bi bɛyɛ mmerɛ;

43 na sɛdeɛ wohunuu dɔteɛ sɛ afrafra dadeɛ no, nnipa no bɛdi afra, wɔn asefoɔ mu, na wɔremfemfam wɔn ho, sɛdeɛ dadeɛ nnya dɔteɛ mu afraeɛ no.

44 Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.

45 Ɛno nti sɛdeɛ wohunuu sɛ ɔboɔ a nsa anka te firii bepɔ no ho, na ɛbɛbubuu dadeɛ, kɔbere mfrafraeɛ, ɛfa, dwetɛ ne sika no muhumuhu no, saa ara na Onyankopɔn kɛseɛ no akyerɛ ɔhene deɛ daakye ɛbɛba; na daeɛ no wom na ne nkyerɛaseɛ yɛ nokorɛ.

Ɔhene bɔ Daniel aba so

46 Ɛno na Ɔhene Nebukadnessar de n’anim butuu fam, na ɔkotoo Daniel, na ɔkaa sɛ wɔmmɔ no Daniel aduane afɔdeɛ ne ohwam afɔdeɛ.

47 Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo wura ne deɛ ɔyi ahuntasɛm adie, sɛ woatumi ayi saa ahuntasɛm yi adie.

48 Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛseɛ, na ɔmaa no ayɛyɛdeɛ akɛseɛ bebree, na ɔmaa no dii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafoɔ nyinaa so mpanimfoɔ mu titire.

49 Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego yeyɛɛ Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ. Na Daniel deɛ, ɔtenaa ɔhene aban mu.