Marko 16

Yesu wusɔreɛ no

1 Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene, Yakobo ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhwam sɛ wɔde reba abɛsra no.

2 Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpahema, wɔbaa ɛda no so, na owia apue.

3 Na wɔsesee wɔn ho sɛ: Hwan na ɔbɛmuni ɔboɔ no afiri ɛda no ano ama yɛn?

4 Na wɔmaa wɔn ani so no, wɔhunuu sɛ ɔboɔ no amuni; nso na ɛso kokuroo.

5 Na wɔkɔɔ ɛda no mu no, wɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔte nifa soɔ, hyɛ atadeɛ tentene fitaa, na wɔbɔɔ binim.

6 Na ɔsee wɔn sɛ: Mommmɔ binim; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyane, ɔnni ha. Hwɛ faako a wɔde no toeɛ!

7 Na monkɔ nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ ne Petro sɛ ɔredi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.

8 Na wɔfirii adi ntɛm ara dwane firii ɛda no ho; na ahopopoɔ ne ahodwirie aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; ɛfiri sɛ na wɔsuro.

Maria Magdalene hunu Yesu

9 [Na ɔsɔree da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, ɔyii ne ho adi kane kyerɛɛ Maria Magdalene a ɔtuu ahomhommɔne nson firii ne mu no.

10 Na ɔkɔ kɔsee wɔn a wɔne no tenaeɛ a na wɔn werɛ ahoɔ na wɔresu no.

11 Na wɔn deɛ wɔtee sɛ ɔte aseɛ na wɔahu no no, wɔannye anni.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ Asuafoɔ baanu

12 Yeinom akyiri no, ɔyii ne ho adi suban foforɔ mu kyerɛɛ wɔn mu baanu a na wɔnam rekɔ akuraa.

13 Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no; na wɔannye wɔn nso anni.

14 Akyire yi a dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim gye a wɔnnye nni no ne wɔn akomaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wɔhunuu no sɛ wasɔre no annie nti.

Asomafoɔ no asɛmpa ka

15 Na ɔsee wɔn sɛ:Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.

16 Deɛ ɔgye die, na wɔbɔ no asu no wɔbɛgye no nkwa, na deɛ ɔnnye nnie no, wɔbɛbu no fɔ.

17 Na nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔbɛgye adie akyi: Me din mu, wɔbɛtu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforɔ,

18 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.

Yesu sorokorɔ

19 Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasaeɛ akyiri no, wɔfaa no kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.

20 Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ kɔ kɔkaa asɛm mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma, nam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.]Amen.

Malaki 3

AWURADE animdefoɔ

1 Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.

2 Na ɔrebɛyi ne ho adie yi, hwan na ɔbɛtumi agyina n’anim ne ba da no?

Na ɔte sɛ ɔnanefoɔ gya ne ntomasifoɔ dɔw;

3 na ɔbɛtena ase anane dwetɛ ayiyi mu, na ɔbɛyiyi Lewi mma mu, na wayiyi wɔn mu sɛ sika ne dwetɛ, na wɔayɛ wɔn a wɔde ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE tenenee mu;

4 ɛno ansa na Yuda ne Yerusalem ayɛyɛdeɛ bɛsɔ AWURADE ani sɛ tete nna ne kane mfeɛ no.

5 Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.

6 Na me, AWURADE, mensakyera; enti mo, Yakob mma, morenwie sa.

Ntotosoɔ du du ho asɛm

7 Ɛfiri mo agyanom berɛ so na mosane firii m’ahyɛdeɛ ho na moanni soɔ. Monsane mmra me nkyɛn! na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛnsane?

8 Onipa bɛfom Onyankopɔn afa sɛdeɛ morefom me fa yi? Nanso mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛfom wo fa? Ntotosoɔ du du ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mu.

9 Wɔde nnome adome mo, ɛfiri sɛ me na morefom me afa, ɔman mu no nyinaa.

10 Momfa ntotosoɔ du du no nyinaa mmra adekoradan mu, na aduane ntena me fie; na momfa yei nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma no mmoro so anaa?

11 Na mɛsi odidifoɔ no kwan mama mo, na wammɛsɛe asase aba amma mo, na afuo mu bobe aba ammɔ mo, asafo AWURADE na ɔseɛ.

12 Na amanaman nyinaa bɛbu mo ahotɔfoɔ, na mobɛyɛ anika asase, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Awerɛkyekyerɛ bɔhyɛ

13 Mo nsɛm yɛ me so den, AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn na yɛka tia woɔ?

14 Mokaa sɛ: Nyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfasoɔ bɛn sɛ yɛhwɛɛ n’ahwɛdeɛ na yɛnantee birisi mu wɔ asafo AWURADE anim?

15 Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso.

16 Ɛnna wɔn a wɔsuro AWURADE no kasakasaa wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔtwerɛɛ n’anim nkaeɛ nwoma maa wɔn a wɔsuro AWURADE na wɔbu ne din no.

17 Na wɔbɛyɛ me deɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛda a mɛyɛ no, wɔbɛyɛ me ara m’adeɛ, na mɛdodo wɔn ho sɛdeɛ obi dodo ne ba a ɔsom no boɔ no ho.

18 Ɛnna mobɛsane ahunu nsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam, ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.

Hosea 1

Hosea yere ne ne mma

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie.

2 Mfitiaseɛ a AWURADE ne Hosea kasaeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa dwamamfoɔ ne adwamammɔ mma, na adwaman na asase no afiri AWURADE akyire rebɔ.

3 Na ɔkɔ kɔfaa Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin maa no.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakra na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fie, na mama Israel fie ahennie no to atwa.

5 Na ɛda no mɛbubu Israel tadua, Yesreel bonhwa no mu.

6 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama,na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.

7 Na Yuda fie na mɛhu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa tadua ne nkrantɛ ne akodie ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ so mennye wɔn.

8 Na ɔtwaa Lo-Ruhama nufoɔ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin.

9 Na ɔse: To no din sɛ Lo-ami,na monyɛ me man, na me nso, merenyɛ mo Nyankopɔn.

10 Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.

11 Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi tire baako afa, na wɔaforo afiri asase no so aba. Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.

Hesekiel 47

Asɔrefie no mu asutire

1 Ɛnna ɔde me sane baa asɔredan no pono ano, na hwɛ, nsuo firi asɔredan no aponnwa ase resene kɔ apueeɛ fam, (na asɔredan no anim hwɛ apueeɛ), na nsuo no resiane wɔ aseɛ, asɔredan no nifa so, afɔrebukyia no anafoɔ fam.

2 Na ɔde me nam atifi fam ponkɛseɛ no kwan so firii adi, na ɔde me faa mfikyikwan no so, konton baa anim ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no kwan no so, na hwɛ, na nsuo firi nifa so resene.

3 Ɔbarima no firi kɔɔ apueeɛ no, na susuhoma kura ne nsamu, na ɔsusuu basafa apem, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nanpɔ soɔ.

4 Na ɔsusuu apem, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nankoroma. Na ɔsusuu apem, na ɔde me twae, nsuo a ɛka asene mu.

5 Na ɔsusuu apem, na ɛyɛ nsuo a mantumi mantwa, ɛfiri sɛ nsuo no mu dɔ a wɔboro, ayɛ sɛ nsuo a wɔntumi ntwa.

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba woahunu?

Na ɔde me nam asuo no ano sane bae,

7 na mesane bae, na hwɛ, nnua bebree pa wɔ asuo no ano, ɛha ne ɛha.

8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo yi firi sene kɔ apueeɛ fam kanko no mu, na ɛsiane kɔ mpaperɛ no so. Ɛpo mu na nsuo a ɛfiri sene yi korɔ, na asa nsuo no yadeɛ.

9 Na ɔkra teasefoɔ biara a ɛkeka ne ho, baabiara a asuo a ɛboro soɔ yi bɛkɔ hɔ no bɛnya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa ara, ɛfiri sɛ nsuo yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsuo yadeɛ, na nnoɔma nyinaa anya nkwa, deɛ asuo no korɔ biara.

10 Na apofofoɔ bɛgyina ɛpo no so, ɛfiri En-gedi kɔsi En-eglaim bɛyɛ asau hatabea. Emu mpataa bɛyɛ ahodoɔ, sɛ ɛpo kɛseɛ mu nam bebree pa ara.

11 N’aforɔ ne n’atɛkyɛ deɛ, wɔrensa, wɔbɛgya de ayɛ nkyene.

12 Na asuo no nsunoa ha ne ha na nnua a wɔdie ahodoɔ nyinaa bɛfiri; n’ahahan rempo, na n’aba rensa, ɛbɛso n’abosome mu, ɛfiri sɛ ne nsuo no, kronkronbea na ɛfiri sene. Na n’aba bɛyɛ aduane, na n’ahahan ayɛ aduro.

Asase no ahyeɛ

13 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Yei ne ɛhyeɛ a mode bɛkyɛ asase no ama Israel mmusuakuo dummienu no adi soɔ; Yosef deɛ nyɛ nhoma mmienu;

14 na monkyɛ nni so mma obiara deɛ nyɛ sɛ ne nua deɛ, ɛfiri sɛ ɛho na maka ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no; na asase yi bɛda hɔ ama mo, na moadi so.

15 Na asase no hyeɛ nie: Ano a ɛda atifi fam: Ɛfiri ɛpo kɛseɛ no ano, fa Hetlon kwan a ɛkɔ Sedad no so,

16 Hamat, Berota, Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hyeɛ ntam no), Haser-hatikon a ɛda Hauran hyeɛ ho no.

17 Na ɛhyeɛ no firi ɛpo no ano kɔ Hasar-Enon, Damasko hyeɛ so, na atifi fam deɛ, ɛhyeɛ a ɛda atifi fam ne Hamat; na ɛne ano a ɛdi atifi fam no.

18 Na ɛhyeɛ a ɛda apueeɛ fam ne Yordan a ɛwɔ Hauran ne Damasko ne Gilead ɛne Israel asase ntam no, monsusu mfiri ɛhyeɛ no so nkɔ apueeɛ po no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛdi apueeɛ fam no.

19 Na ɛhyeɛ a ɛda anafoɔ fam hwɛ anafoɔ no: Ɛfiri Tamar kɔ Meribat-kades nsuo a ɛnam Misraim subonhwa no ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛhwɛ nifa, anafoɔ fam no.

20 Na ɛhyeɛ a ɛda atɔeɛ fam ne ɛpo kɛseɛ no firi ɛhyeɛ no ano ara kɔsi Hamat ntentensoɔ; ɛne ɛhyeɛ a ɛdi atɔeɛ no.

21 Na monkyɛ asase yi mu mfa, sɛdeɛ Israel mmusuakuo no teɛ.

22 Na ntonto so na monkyɛ asase no mfa nni soɔ, mo ne ananafoɔ a wɔabɛyɛ mo mu ahɔhoɔ a mo mu wɔawowo mma no, na wɔnyɛ mo sɛ wɔn a wɔwoo wɔn Israel mma mu, wɔne mo mmɔ agyapadeɛ so ntonto, Israel mmusuakuo no mu;

23 na abusuakuo ko a ɔnanani bi abɛyɛ mu hɔhoɔ no, ɛhɔ ara na momma no n’agyapadeɛ, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Yeremia 34

Sedekia ho nkɔmhyɛ

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, berɛ a Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa ne asase a ɛwɔ ne tumi aseɛ no so ahennie nyinaa ne aman no nyinaa aba rebɛne Yerusalem ne ne nkuro nyinaa ako no se:

2 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Kɔ na ɛne Yudahene Sedekia nkɔkasa, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede kuro yi merehyɛ Babel hene nsa, na ɔde ogya ahye.

3 Na wo ara nso, woremfiri ne nsa mfi, na kyere na wɔbɛkyere wo de wo ahyɛ ne nsa, na wode w’ani bɛhunu Babel hene ani, na n’ano ne wo akasa, na woakɔ Babel.

4 Nanso tie AWURADE asɛm, Yudahene Sedekia! Sɛ AWURADE ka no wo ho nie: Worenwu afena ano.

5 Asomdwoeɛ mu na wobɛwuo, na sɛdeɛ wɔhyehyee ohwan adeɛ maa w’agyanom, akane ahemfo a wɔdii w’anim no no, saa ara na wɔbɛhye ama woɔ, na wɔatue wo so su sɛ: Ao, Owura! Na asɛm yi, me na maka, AWURADE asɛm nie.

6 Ɛnna Odiyifoɔ Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem.

7 Saa berɛ no, na Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkuro a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na na ɛnonom ne nkuro a ɛyɛ den a aka, Yuda nkuro mu.

Ahofadie afe no sɛeɛ

8 Asɛm a ɛdi soɔ yi firi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no, na Ɔhene Sedekia ne ɔman a ɛwɔ Yerusalem no nyinaa apam sɛ wɔmpae ahofadie mma wɔn,

9 sɛ wɔmma obiara akoa ne obiara afenaa a wɔyɛ Hebrifoɔ mfa wɔn ho nni, na obiara anni ne nua a ɔyɛ Yudani nya.

10 Na mmapɔmma no ne ɔman a wɔkɔɔ apam no mu, sɛ wɔn mu biara bɛma n’akoa ne n’afenaa afa wɔn ho adie, na obiara anni wɔn nya bio no nyinaa tiee, wɔtiee na wɔgyaagyaa wɔn.

11 Na ɛno akyiri no wɔsanee, na wɔmaa wɔn nkoa ne wɔn mfenaa a wɔgyaa wɔn maa wɔfaa wɔn ho diiɛ no sane bae, na wɔhyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ nkoa ne mfenaa.

12 Ɛnna AWURADE asɛm firi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ:

13 Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me ne mo agyanom pamm da a meyii wɔn firii Misraim asase soɔ, nkoafie mu no sɛ:

14 Mfeɛ nson awieeɛ no, mo mu biara nnyaa ne nua Hebrini a wɔatɔn no ama no no, na sɛ ɔsom wo mfeɛ nsia a, gyaa no ma no mfiri wo nkyɛn mfa ne ho nkɔdi. Na mo agyanom antie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase.

15 Na mo deɛ, nnansa yi modanee, na moyɛɛ deɛ ɛtene wɔ m’ani so, sɛ mopaee ahofadie a obiara bɛma ne yɔnko kwan, na mopamm m’anim, efie a wɔde me din atoɔ no mu.

16 Na moasane akɔgu me din ho fi, na mo nyinaa amema mo nkoa ne mo mfenaa a mogyaa wɔn kwan maa wɔfaa wɔn ho kɔdii sɛ wɔn kra pɛ no sane bae, na mohyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ mo nkoa ne mfenaa.

17 Saa nti sɛ AWURADE seɛ nie: Mo deɛ, montiee me, sɛ mobɛpae ahofadie a obiara bɛma ne nua ne ne yɔnko kwan. Hwɛ, me nso merepae ahofadie ama mo, AWURADE asɛm nie: Mede mo mama afena ne owuyadeɛ ne ɛkɔm, na mama asase so ahennie nyinaa adwan mo ho.

18 Na mmarima a wɔato m’apam, na wɔamma apam a wɔpamm m’anim no nsɛm no antim no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwie ba a wɔpaee ne mu mmienu, na wɔfaa n’afaafa no ntam no,

19 Yuda mmapɔmma ne Yerusalem mmapɔmma, mpiafoɔ ne asɔfoɔ no ne asase no so nkurɔfoɔ a wɔfaa nantwie ba no afaafa no ntam no nyinaa,

20 na mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfoɔ nsa ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa, na wɔn afunu ayeyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa.

21 Na Yudahene Sedekia ne mmapɔmma no, mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfoɔ nsa, ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa, ne Babel hene dɔm a wɔafiri mo ho korɔ yi no nsa.

22 Hwɛ, merehyɛ, AWURADE asɛm nie, na mama wɔasane aba kuro yi ho abɛne no ako, na wɔagye, na wɔde ogya ahye, na mama Yuda nkuro adane amamfo a obi nte mu.

Yeremia 2

Onyankopɔn dwene Israel ho

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Kɔ na kɔpae gu Yerusalem aso mu sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie:

Mekae wo mmabaaberɛ mu adɔeɛ,

w’ayeforɔ berɛ mu dɔ no,

m’akyiri a wodiiɛ wɔ ɛserɛ soɔ,

asase a wɔnnua so adeɛ no so.

3 Israel yɛɛ kronkron maa AWURADE,

ɛyɛ ne nnɔbaeɛ mu aduanekan;

wɔn a wɔdiiɛ nyinaa dii fɔ;

mmusuo baa wɔn so,

AWURADE asɛm nie.

Israelfoɔ Agyanom bɔne

4 Montie AWURADE asɛm, O Yakob fiefoɔ ne Israel fie mmusua nyinaa.

5 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Bɔne bɛn na mo agyanom hunuu no me ho

a enti wɔfirii me ho kɔɔ akyirikyiri

na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi na wɔadanedane hunu yi?

6 Na wɔanka sɛ: AWURADE a

ɔyii yɛn firii Misraim asase soɔ,

na ɔmaa yɛfaa serɛ soɔ,

nkyɛkyerɛ ne amena asase soɔ,

pɛsɛɛyɛ ne esum kabii asase soɔ,

asase a obi mfa soɔ

na onipa bi nte soɔ no wɔ hen?

7 Na mede mo mebaa turo asase so,

sɛ monni ɛso aba ne ɛso nnepa.

Nanso mobaeɛ no, mobɛguu m’asase ho fi,

na mode m’agyapadeɛ yɛɛ akyiwadeɛ.

8 Asɔfoɔ no ammisa sɛ: Ɛhe na AWURADE wɔ?

Na mmarakyerɛfoɔ no nnim me,

na ahwɛfoɔ no afom me,

na adiyifoɔ no nam Baal so hyɛɛ nkɔm,

na wɔdii nnoɔma a ɛho nni mfasoɔ akyi.

9 Enti me ne mo da so ham,

AWURADE asɛm nie,

na me ne mo mma mma bɛham.

10 Na montwam nkɔ Kiprofoɔ nsupɔ so nkɔhwɛ,

na monsoma nkɔ Kedar nkɔpeepee mu yie,

na monhwɛ sɛ adeɛ a ɛte sei aba hɔ pɛn anaa?

11 Ɔman bi asakyera n’anyame,

anyame a wɔnyɛ anyame?

Nanso me man de n’animuonyam asesa

deɛ ɛho nni mfasoɔ.

12 Momma yei nyɛ mo nwanwa, ɔsoro,

ahodwirie ne nketenkete nkuta mo,

AWURADE asɛm nie.

13 Na bɔne mmienu na me man ayɛ:

Wɔagya me a meyɛ

nkwa asutire no,

sɛ wɔrekɔbɔre mmura

a apaepae

a ɛntumi nkura nsuo.

14 Israel yɛ akoa? Ɔyɛ efienipa?

Adɛn nti na wadane fomfa adeɛ yi?

15 Gyataburuwa bobom

na wɔpɔ so wɔ ne so;

na wɔayɛ n’asase amamfo,

wɔahyehye ne nkuro, na obi nte mu.

16 Memfis ne Tapanes mma nso

asɛe w’ahenkyɛ.

17 Ɛnyɛ wo ara na wode yei baa wo soɔ,

sɛ wogyaa AWURADE wo Nyankopɔn,

berɛ a ɔde wo nam ɔkwan no soɔ no?

18 Na afei ɛdeɛn na wobɛnya no Misraim korɔ mu,

a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsuo yi?

Anaasɛ ɛdeɛn na wobɛnya no Asiria korɔ mu

a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsuo yi?

19 Wo bɔne bɛtwe w’aso,

na wo nsaneakyire atwi w’anim,

na hunu na hwɛ sɛ

gya a wogyaa AWURADE wo Nyankopɔn,

ne me ho hu a wonnie no so aba ne awerɛhoɔ.

AWURADE, asafo AWURADE asɛm nie.

Israel mpɛ sɛ wɔsom Awurade

20 Na mefiri teteete na mebubuu wo kɔnnua

tetee wo nkyehoma mu,

na wokaa sɛ: Merensom!

Ɛfiri sɛ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so

ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase

na woda bɔ adwaman.

21 Na me deɛ, metɛɛ wo sɛ bobe pa,

wofiri deɛ ɛyɛ nko ara mu.

Na ɛyɛɛ dɛn na woadane

me amannɔne bobe nhoma yi?

22 Na mpo sɛ wode dɔw dware,

na wofa samina ma no dɔɔso a,

w’amumuyɛ yɛ m’anim nkekaeɛ ara,

AWURADE NYANKOPƆN asɛm nie.

23 Ɛyɛ dɛn na woka sɛ: Me ho nguu fi,

Baalim akyiri nso mennii?

Hwɛ wo kwan bonhwa no mu,

hunu deɛ woayɛ.

Yomabereɛ a wagyigya, a ɔkontonkonton ne kwan,

24 wura mu afunumu a ɛserɛ so akokwa no

a ne kra akɔnnɔ mu ɔsɔ mframa no,

hwan na ɔbɛsianka no?

Wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa remmrɛ,

ne bosome mu na wɔbɛhu no.

25 Kata wo nan ho, na anna hɔ

ne wo mene nso, na sukɔm anne wo.

Na wo deɛ, wokaa sɛ: Ɔkwa! Dabi!

Na madɔ ananafoɔ,

na wɔn akyiri na mɛdie.

26 Sɛdeɛ wɔkyere owifoɔ a n’ani wuo no,

saa na Israel fie ani bɛwuo,

wɔn, wɔn ahemfo, wɔn asafohene ne

wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ

27 a wɔka kyerɛ dua sɛ: M’agya ne wo,

ne ɔboɔ nso sɛ: Wo na wowoo me, no;

ɛfiri sɛ wɔadanedane wɔn akyiri akyerɛ me,

na ɛnyɛ wɔn anim;

na wɔn amanehunu berɛ mu deɛ, wɔka sɛ:

Sɔre na gye yɛn.

28 Na ɛhe na w’anyame

a woyɛ faeɛ no wɔ?

Ma wɔnsɔre, sɛ wɔbɛtumi agye wo,

w’amanehunu berɛ mu anaa?

Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no,

saa ara na w’anyame dodoɔ teɛ, O Yuda!

29 Ɛdeɛn nti na monwiinwii tia me?

Mo nyinaa moayɛ me dɔm,

AWURADE asɛm nie.

30 Kwa ara kwa na mepiraa mo mma;

wɔannye atenetene.

Mo afena akunkum mo adiyifoɔ

sɛ gyata a ɔsɛe adeɛ.

31 Mo, nnɛɛmma, montie AWURADE asɛm.

Madane ɛserɛ so ama Israel,

anaasɛ asase a aduru sum kabii?

Ɛdeɛn nti na me man ka sɛ: Yɛafa yɛn ho adi,

yɛremma wo nkyɛn bio?

32 Ababaa werɛ bɛfiri n’ahyehyɛdeɛ,

anaa ayeforɔ werɛ bɛfiri n’atadeɛ?

Nanso me man deɛ, wɔn werɛ afiri me

nna a wɔntumi nkan.

33 Hwɛ sɛdeɛ wosiesie wo kwan

de pɛ adɔfoɔ!

Ɛno nti nso mmaa bɔne mpo

woakyerɛ wɔn w’akwan.

34 Nso w’atadeɛ mmuano mu na wɔhunu

ahiafoɔ a wɔdi bem no mogya.

Ɛwom sɛ woanhunu sɛ wɔrebubu adan kɔ mu,

nanso yeinom nyinaa akyiri no

35 woka sɛ: Medi bem.

Ampa ara, n’abufuo adane afiri me so.

Hwɛ, me ne wo bɛdi,

sɛ woka sɛ: Menyɛɛ bɔne, no nti.

36 Hwɛ sɛdeɛ wonenam kwa

danedane wo kwan!

Misraim ho nso w’ani bɛwu,

sɛdeɛ w’ani wuu Asiria ho no.

37 Ɛhɔ nso na wobɛfiri aba

a wode wo nsa agu wo tire,

ɛfiri sɛ AWURADE apa wɔn a wode wo ho to wɔn soɔ no,

na worenni yie wɔn nkyɛn.

Yesaia 30

Mommfa mo ho nnto Misraim so

1 Wɔnnue, mma atuatefoɔ, AWURADE na ɔseɛ,

wɔn a wɔdi agyinatusɛm soɔ, na ɛmfiri me,

na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom soɔ,

sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.

2 Wɔsim kɔ Misraim

a wɔmmisa m’anomu asɛm,

sɛ wɔrekɔtwere Farao ahoɔden,

na wɔakɔhyɛ Misraim nwunu mu.

3 Na Farao ahoɔden bɛdane mo aniwuo,

na Misraim nwunu mu dwanekɔhyɛ ayɛ mo ahohora.

4 Na Yuda asafohene wɔ Soan,

na wɔn abɔfoɔ aduru Hanes;

5 wɔn nyinaa ani bɛwu

ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ no ho.

Wɔrenyɛ wɔn mmoa na wɔrenya wɔn ho mfasoɔ biara,

na mmom aniwuo ne ahohora.

6 Negeb mmoa ho atemmusɛm.

Wɔfa ahohiahia ne ahokyere asase so,

deɛ gyatabereɛ ne gyatanini fire no,

deɛ ahuritia ne ɔwɔ a ɔtuo wɔ no,

wɔde wɔn nnoɔma agu mfunumu akyiri,

na wɔde wɔn akoradeɛ agu yoma akyiri apɔ so,

wɔde rekɔ ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ biara no nkyɛn.

7 Ɛfiri sɛ Misraim mmoa yɛ adehuhuo ne adehunu,

# enti na mafrɛ no Rahab.

Adansedie nwoma no

8 Afei kɔ na kɔtwerɛ no ɛpono bi so ma wɔn,

na kurukyire hyɛ nwoma mu,

na ɛntena hɔ nyɛ adanseɛ

nkɔsi daa daa.

9 Na wɔyɛ atuateɛ man,

mma atorofoɔ,

mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie

AWURADE mmara.

10 Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ: Monnhunu adeɛ!

Na wɔka kyerɛ adiyifoɔ nso sɛ: Monnhyɛ yɛn deɛ ɛtene ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monka nnaadaasɛm!

11 Mommane mfiri kwan no so, monkwae mfiri ɔtempɔn no so,

momma Israel Kronkronni no nyera yɛn ani so.

12 Enti, sɛ Israel Kronkronni no ka nie:

Ɛsiane sɛ asɛm yi afono mo

na mo ani da ɔhyɛ ne nkontompo soɔ

na mode mo ho to soɔ nti,

13 amumuyɛ yi bɛdane mo sɛ

mpaepaeɛ a ɛwɔ ɔfasuo a ɛkorɔn na akurum na ɛreyɛ ahwe ase mu,

na ne buo ba mpofirim, amonom.

14 Na me bobɔ te sɛ ɔnwomfoɔ ahina

a wɔdwerɛ no dwerɛbee a ebi nka

na wɔnnya n’asinasini mu kyɛmferɛ

a wɔde bɛtu bukyia mu gya

anaasɛ wɔde bɛsa abura mu nsuo.

15 Na sɛdeɛ Awurade NYANKOPƆN, Israel Kronkronni no seɛ nie:

Ɔsaneba ne ɔhome mu na wɔbɛgye mo nkwa,

kommyɛ ne anidasoɔ mu na mo mmaninyɛ bɛtena,

nanso moampene;

16 na mokaa sɛ:

Dabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena adwane.

Enti dwane na mobɛdwane!

Na mmoa ahoɔharefoɔ so na yɛbɛtena akorɔ.

Enti wɔn a wɔti mo no ho bɛyɛ hare!

17 Nnipa apem prɛko bɛdwane ɔbaakofoɔ huyie ano;

nnipa baanum huyie ano na mobɛdwane

akɔsi sɛ wɔbɛgya mo

sɛ frankaadua a ɛsi bepɔ atifi,

nsɛnkyerɛnneɛ a ɛsi kokoɔ soɔ.

Yerusalem daakye ahotɔ

18 Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo,

na ɛno nti na ɔma ne ho soɔ, ansa na wahu mo mmɔbɔ,

na atemmuo Nyankopɔn ne AWURADE,

nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.

19 Na ɔman no bɛtena Sion wɔ Yerusalem; na worensu bio; dom na ɔbɛdom woɔ atie wo nteam no; ɔte ara pɛ a, ɔbɛgye wo so.

20 Na AWURADE bɛma mo ahohia mu aduane ne ahodwan mu nsuo deɛ, nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ remfa ne ho nsie bio, na mmom w’ani bɛhunu wo Kyerɛkyerɛfoɔ no.

21 Na w’aso nso bɛte w’akyiri asɛm bi sɛ: Yei ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnante so.

22 Na mobɛgu mo dwetɛ ahoni nnuraho ne mo sika agudeɛ nkataho no ho fi. Wobɛto agu sɛ nsabutam, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Firi hɔ!

23 Na ɔbɛma osuo atɔ agu mo aba a moagu no fam ne asase nnɔbaeɛ aduane so, na ayɛ aduane pa sɔɔsɔɔ; mo mmoakuo bɛdidi da no, adidibea a ɛtrɛ so;

24 na anantwie ne mfunumu mma a wɔyɛ mfuo mu adwuma no bɛdi afrafraduane pa a wɔde apampaa ne apaawa ahu soɔ.

25 Na mmepɔ asorɔnsorɔn ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa soɔ no, asuasu ne nsubɔntene bɛsene hɔ, okunkɛseɛ da a aban atentene bɛhwehwe aseɛ no.

26 Na ɔsrane hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho nson, sɛ nnanson hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubuo na wasa ne hweɛ ano kuro no.

Atamfoɔ no sɛeɛ

27 Hwɛ, AWURADE din firi akyirikyiri reba,

n’abufuo redɛre, sɛ wisie kɛseɛ a ama ne ho so,

abohuro ayɛ n’anomu ma,

na ne tɛkyerɛma te sɛ ogya a ɛhye adeɛ.

28 Na ne home te sɛ asuo a ayiri

abɛduru kɔnmu,

na ɔde ɔsɛeɛ sɔneeɛ asɔne amanaman so,

na ɔde ntwɛtwɛdɛwɔ nnareka ato aman ano mu.

29 Mobɛto dwom sɛ afahyɛ kronkron anadwo no, na mo bo bɛtɔ mo yam sɛ wɔn a wɔnam atɛntɛbɛn ano rekɔ AWURADE bepɔ soɔ, Israel botan no nkyɛn.

30 Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahunu ne nsa a ɛresiane, abufuo ahomeguo ne adeɛhyeɛ gyaframa, osuo babababa ne osuo yɔɔ ne asukɔtweaa mu.

31 Na AWURADE nne nti, Asiria ho bɛpopo, ɔde abaa bɛhwe no,

32 na hyɛberɛ abaa a AWURADE bɛma no asi ne soɔ no bɛka no, mpintin ne asankuo ano, na ɔde nsa wosoɔ na ɛne no bɛko.

33 Wɔfiri teteete na asiesie akyiwadeɛ hyeɛbea no, ɔhene no na wɔasiesie ama no, emu dɔ, ɛtrɛ, ne ntannaa wɔ ogya ne nnyentia pii, AWURADE home bɛsɔ ano sɛ sɔfe asubɔnten.

Nnwom 98

AWURADE reba

Dwom.

1 Monto dwom foforɔ mma AWURADE,

na wayɛ anwanwadeɛ,

ne nifa ne ne basa kronkron

adi nim ama no.

2 AWURADE ama wɔahunu ne nkwagyeɛ,

wayi ne tenenee adi, amanaman anim.

3 Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ

ama Israel fie,

asase ano nyinaa ahunu

yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.

4 Nsase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE,

monteam nni ahurisie nto ayeyie dwom.

5 Monto dwom mma AWURADE sankuo so,

sankuo ne dwontoɔ nne so.

6 Momfa totorobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose,

Ɔhene AWURADE anim.

7 Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo,

wiase ne wɔn a wɔte mu.

8 Ma asuo akɛseɛ mmobɔ nsam,

mmepɔ mmom nni ahurisie,

9 AWURADE anim,

na ɔreba abɛbu asase atɛn.

Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu,

ne aman wɔ atɛntenenee mu.

Nnwom 47

Onyankopɔn di hene

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom.

1 Aman nyinaa, mommɔ mo nsam,

momfa anigyeɛ nhuro mmɔ ose mma Onyankopɔn.

2 Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu,

ɔyɛ ɔhenkɛseɛ asase nyinaa so.

3 Ɔbrɛ aman ase de hyɛ yɛn ase,

na ɔde nkurɔfoɔ hyɛ yɛn nan ase.

4 Ɔyi yɛn apɛgyadeɛ ma yɛn,

Yakob a ɔdɔ no no animuonyam.

5 Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro,

AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ.

6 Monto Nyankopɔn dwom, monto ayeyie dwom,

monto dwom mma yɛn hene, monto ayeyie dwom.

7 Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so hene,

mommɔ sankuo nto nnweneho dwom.

8 Onyankopɔn di amanaman so hene,

Onyankopɔn te n’ahennwa kronkron so.

9 Aman ahene boaboa wɔn ho ano,

Abraham Nyankopɔn man.

Na asase so akyɛm yɛ Onyankopɔn dea,

wɔama no so kɛse.

Nnwom 15

Deɛ ɔfata AWURADE ntomadan mu tena

Dawid dwom.

1 O AWURADE, hwan na ɔbɛsoɛ wo ntomadan mu?

Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron soɔ?

2 Deɛ ɔnante pɛpɛɛpɛ na ɔdi asɛntenenee,

na ɔka n’akomam nokorɛ.

3 Ɔmfa ne tɛkyerɛma nni nsekuro,

na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne,

na ɔmmɔ ne mfɛfoɔ ahohora.

4 Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia,

na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni,

ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.

5 Ɔmfa ne sika mma nnye nsiho,

na ɔnnye deɛ ɔdi bem ho adanmudeɛ.

Deɛ ɔyɛ yeinom no ɔrehinhim ara da.