Nnwom 5

Anɔpa afɔdeɛ ho mpaebɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. Dawid dwom.

1 AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm,

na hwɛ me nsusuiɛ a mekura mu.

2 Tie me nteamu,

me hene ne me Nyankopɔn,

na wo na mɛbɔ wo mpaeɛ.

3 AWURADE, tie me nne anɔpa,

anɔpa na masiesie mama woɔ, na mɛhwɛ wo kwan.

4 Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne,

ɔbɔnefoɔ ne wo rentena.

5 Agyimifoɔ rennyina w’anim,

wotane amumuyɛfoɔ nyinaa.

6 Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm.

AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.

7 Na me deɛ, menam w’adom bebree so

mɛba wo fie,

na wo ho suro mu na mɛkoto masɔre

makyerɛ w’asɔrefie kronkron no.

8 AWURADE, fa wo tenenee kyerɛ me kwan,

wɔn a wɔtɛ me nti,

tene wo kwan wɔ m’anim.

9 Na wɔn anomu nni nokwasɛm bi,

wɔn yam wɔ mmusuo,

wɔn menewa yɛ ɛda a abue,

na wɔde wɔn tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ.

10 Onyankopɔn, bu wɔn fɔ,

ma wɔmpɔn mfiri wɔn agyinatuo ho.

Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu,

na wɔasɔre atia wo.

11 Na ma wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ nyinaa ani nnye,

na wɔmfa ahosan nhuro daa,

ɛfiri sɛ woakata wɔn so,

na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho.

12 Na wo, AWURADE, wohyira ɔteneneeni,

wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɛkyɛm.

Nnwom 6

Nkotosrɛ mpaebɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto no “Seminit” ɛnne so. Dawid dwom.

1 AWURADE, mfa w’abufuo nka m’anim,

na mfa w’abufuhyeɛ ntwe m’aso.

2 AWURADE, hu me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ meyɛ hodwoo;

AWURADE, sa me yadeɛ, na me nnompe abɔ huboaa,

3 na me kra nso abɔ huboaa sɛ.

Na wo, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn?

4 Sane bra, AWURADE, bɛgye me kra,

gye me nkwa w’adɔeɛ nti.

5 Na wo ho nkaeɛ nni owuo mu.

Hwan na ɔbɛyi wo ayɛ Asamandoɔ?

6 M’apinisie ama mabrɛ,

anadwo biara, me mpa fɔ,

mede me nisuo mefɔ me nnaeɛ.

7 Awerɛhoɔ ama m’ani ayɛ samoo,

ɛso ayɛ wisiwisi, m’ahohiahiafoɔ nyinaa nti.

8 Mo amumuyɛfoɔ nyinaa, momfiri me so mfi!

Na AWURADE ate me su.

9 AWURADE ate me nkotosrɛ,

AWURADE bɛgye me mpaebɔ so.

10 M’atamfoɔ nyinaa ani bɛwu, na wɔn ho adwiri wɔn sɛ,

na wɔapatu de fɛdeɛ asane.

2 Berɛsosɛm 27

Yotam ahennie pa

1 Yotam dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok ba.

2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Usia yɛeɛ no ara. Nanso wanhyɛne AWURADE asɔredan no mu. Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara.

3 Ɔno na ɔsii AWURADE fie atifi pono no. Na Ofel fasuo no nso, ɔtoo bebree.

4 Na ɔkyekyeree nkuro nso wɔ Yuda mmepɔ so, na ɔtotoo aban a ɛyɛ den ne aban atentene kwaeɛ mu.

5 Na ɔno ara na ɔne Amonfoɔ hene kɔkoeɛ, na ɔdii wɔn so tumi. Na Amonfoɔ no maa no dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo kormpemdu ne atokoɔ nso mpemdu afe no mu. Amonfoɔ no de nnoɔma bi brɛɛ no afe a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa mu nso.

6 Na Yotam yɛɛ ɔberempɔn, ɛfiri sɛ ɔsiesiee n’akwan AWURADE ne Nyankopɔn anim.

7 Na Yotam ho nsɛm nkaeɛ ne n’akodie ne n’akwan nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu.

8 Ɔdii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem.

9 Na Yotam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro no mu. Na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.

2 Berɛsosɛm 28

Ahas ahennie bɔne

1 Ahas dii mfeɛ aduonu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Na wanyɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid.

2 Na ɔnantee Israel ahemfo akwan so, na ɔyɛɛ guo ahoni nso maa Baalim.

3 Na ɔhyee aduhwam Hinom ba bonhwa no mu, na ɔhyee ne mma wɔ ogya mu, sɛdeɛ akyiwadeɛ a amanaman a AWURADE tutuu wɔn firii Israelfoɔ anim no yɛeɛ no teɛ no.

4 Na ɔbobɔɔ afɔdeɛ na ɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea ne nkokoɔ so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase.

5 Ɛnna AWURADE ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siriahene nsa, na wɔkaa no gui, na wɔfaa ne nnipa mu pii nnommum, na wɔde wɔn kɔɔ Damasko. Nanso ɔde no hyɛɛ Israel hene nsa, na ɔde okumkɛseɛ kaa no gui.

6 Na Remalia ba Peka kunkumm Yuda mu nnipa mpemha aduonu da koro, mmarima a wɔtumi wɔn ho ara nko, ɛnam sɛ wɔagya AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn ntira.

7 Na Sikri, Efraim dɔmmarima bi, kumm ɔhene ba Maaseia ne ahemfie bapɔmma Asrikam ne Elkana a ɔdi ɔhene akyire.

8 Na Israelfoɔ no faa wɔn nuanom mu nnipa mpemahanu nnommum, mmaa, mmammarima ne mmammaa, na wɔfomm wɔn asadeɛ bebree fae, na wɔde asadeɛ no kɔɔ Samaria.

9 Na AWURADE diyifoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Oded. Ɔno na ɔfirii adi kɔhyiaa dɔm a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no abufuo a ɛsɔre tiaa Yuda no nti na ɔde wɔn ahyɛ mo nsa, na mode abohuro kɛseɛ akunkum wɔn.

10 Na afei, Yuda ne Yerusalem mma no na mose moredi wɔn nya ayɛ nkoa ne mfenaa yi? Mo deɛ, ɛnyɛ mo ara na ɛso deda mo soɔ AWURADE mo Nyankopɔn anim?

11 Na afei, montie me, na momma nnommum a mofaa wɔn firii mo nuanom mu no nsane nkɔ, na AWURADE abufuhyeɛ asɔre atia mo.

12 Ɛnna Efraimfoɔ atitire mu binom, Yohanan ba Asaria, Mesilemot ba Berekia ne Salum ba Yehiskia ne Hadlai ba Amasa sɔresɔre tiaa wɔn a wɔfiri sa baeɛ no,

13 na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa nnommum no mma ha, ɛfiri sɛ mode deɛ ɛde AWURADE anim asodie bɛba de abɛpae yɛn bɔne ne yɛn asodie dada no soɔ, ɛfiri sɛ yɛn asodie dɔɔso ma yɛn, na AWURADE abufuhyeɛ wɔ Israel so.

14 Ɛnna wɔn a wɔamia no gyaa nnommum no ne asadeɛ no, asafohene no ne badwa no nyinaa anim.

15 Na mmarima a wɔabobɔ wɔn din no sɔresɔree, na wɔsosɔɔ nnommum no nsa, na wɔn mu wɔn a wɔdeda adagya no, wɔde asadeɛ no mu ntoma bi firafiraa wɔn, na wɔhyehyɛɛ wɔn ntadeɛ ne mpaboa, na wɔmaa wɔn aduane dii, ne nsuo nomee, na wɔsrasraa wɔn, na wɔde wɔn a wɔntumi nnanteɛ nyinaa tenatenaa mfunumu so, na wɔde wɔn baa Yeriko, mmɛ kuro no mu wɔn nuanom nkyɛn. Na wɔsane kɔɔ Samaria.

16 Ɛberɛ no mu, Ɔhene Ahas soma maa wɔkɔɔ Asiria hene nkyɛn sɛ ɔmmɛboa no.

17 Ɛfiri sɛ na Edomfoɔ no aba abɛkunkum Yudafoɔ bi na wɔafa binom nnommum.

18 Na Filistifoɔ nso abɛgu mpaperɛ so ne Yuda anafoɔ fam nkuro so, na wɔagye Bet-semes ne Ayalon ne Gederot ne Soko ne ɛho nkurowa ne Timna ne ɛho nkurowa ne Gimso ne ɛho nkurowa, na wɔtenatenaa hɔ.

19 Na ɛsiane sɛ Israelhene Ahas ayɛ Yuda mu bisibasaa, na wafom AWURADE nti, AWURADE brɛɛ Yuda ase.

20 Na Asiriahene Tilgat-pilneser baa ne so bɛhiahiaa ne ho, na wanhyɛ no den,

21 na Ahas kɔfaa AWURADE fie no ne ahemfie ne mmapɔmma no fie nnoɔma, na ɔde maa Asiriahene; nanso ammoa no.

22 Na n’ahohiahia berɛ mu no Ɔhene Ahas no ara kɔɔ so fomm AWURADE,

23 na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Damasko anyame a wɔkaa no guiɛ no, na ɔkaa sɛ: Siria ahemfo no anyame na wɔboa wɔn nti, wɔn na mɛbɔ wɔn afɔdeɛ na wɔaboa me. Nso wɔn na wɔyeyɛɛ ɔno ne Israel nyinaa suntidua.

24 Na Ahas boaboaa Nyankopɔn fie nnwinneɛ ano, na ɔtwitwaa Nyankopɔn fie nnwinneɛ no mu, na ɔtotoo AWURADE fie apono no mu. Na ɔsisii afɔrebukyia Yerusalem ntwea nyinaa so.

25 Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda nkuro nyinaa mu, sɛ wɔnhye aduhwam mma anyame foforɔ, na ɔhuruu AWURADE n’agyanom Nyankopɔn no bo.

26 Na ne ho nsɛm nkaeɛ ne n’akwan nyinaa, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu.

27 Na Ahas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Yerusalem kuro no mu; na wɔamfa no ankɔ Israel ahemfo asieeɛ. Na ne ba Hesekia bɛdii n’adeɛ.

2 Berɛsosɛm 14

Asa gu ahonisom

1 Na Abia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro mu, na ne ba Asa bɛdii n’adeɛ. Ne berɛ so na asase no so dwoo mfeɛ du.

2 Na Asa yɛɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene AWURADE ne Nyankopɔn ani so,

3 na ɔyiyii ananafoɔ afɔrebukyia ne sorɔnsorɔmmea no, na ɔdwirii adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no gui.

4 Na ɔhyɛɛ Yuda sɛ wɔnhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔnni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ no so.

5 Na ɔyiyii Yuda nkuro nyinaa so sorɔnsorɔmmea ne nnuhwam afɔremmukyia no. Na ahennie no mu dwoe wɔ n’ase.

6 Na ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den Yuda, ɛfiri sɛ asase no so dwoe, na wanko ɔko biara mfeɛ no mu, ɛfiri sɛ AWURADE maa no ɔhome.

7 Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: Momma yɛnkyekyere nkuro yi, na yɛmfa ɔfasuo ne aban atentene, apono ne adaban ntwa ho nhyia. Asase yi da so da yɛn anim, ɛfiri sɛ yɛahwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no, na wama yɛn ɔhome afa nyinaa ahyia. Na wɔkyekyeree, na ɛsii wɔn yie.

8 Na Asa wɔ dɔm a wɔkura akyɛm ne mpea mu, Yuda mu nnipa mpemahasa ne Benyamin mu nnipa a wɔkura akyɛm mu na wɔkuntunu tadua, mpemahanu aduɔwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho ara nko.

Asa di Etiopiafoɔ so nkonim

9 Na Etiopiani Sera de dɔm a ano si apem ahodoɔ apem ne nteaseɛnam ahasa tu baa wɔn so, na ɔbɛduruu Maresa.

10 Na Asa firii adi kɔhyiaa no, na wɔbaee wɔn mpasua mu wɔ Sefata bonhwa mu, Maresa ho.

11 Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ adeɛ bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wɔnni tumi. Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yɛtwere woɔ, na wo din mu na yɛnam rekɔ nnipakuo yi soɔ. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdasani nnnya wo so ahoɔden.

12 Ɛnna AWURADE kaa Etiopiafoɔ no guiɛ Asa ne Yuda anim, na Etiopiafoɔ no dwanee.

13 Na Asa ne nnipa a wɔka ne ho no tii wɔn kɔduruu Gerar. Na Etiopiafoɔ mu nnipa totɔe ara kɔsii sɛ wɔsaeɛ, na wɔdwerɛɛ wɔn pasaa, AWURADE ne ne dɔm anim. Na wɔfaa asadeɛ bebree pa ara.

14 Na wɔsɛee nkuro a ɛtwa Gerar ho hyia no nyinaa, na AWURADE ho hu kutaa wɔn. Na wɔfom nkuro no nyinaa, na na asadeɛ pii wɔ mu.

15 Na wɔsɛee mmoakuo ntomadan nso, na wɔfaa nnwan pii ne yoma kɔe, na wɔsane baa Yerusalem.

2 Berɛsosɛm 11

Semaia Nkɔmhyɛ

1 Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaa Yuda ne Benyamin fiefoɔ no nyinaa ano hyiae, nnipa a wɔayi wɔn akofoɔ mpemha aduɔwɔtwe, sɛ ɔne Israel rekɔko na wɔadane ahennie no ama Rehoboam.

2 Na AWURADE asɛm baa Nyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ:

3 Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa sɛ:

4 Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommforo nnkɔ, na mo ne mo nuanom nnkɔko. Monsane nkɔ mo afie, na me na asɛm yi firi me. Na wɔtiee AWURADE asɛm no, na wɔne Yeroboam ankɔko.

Rehoboam nkuro a ɛyɛ den

5 Na Rehoboam tenaa Yerusalem. Na ɔkyekyeree nkuro maa no yɛɛ den wɔ Yuda,

6 na ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa,

7 Bet-sur, Soko, Adulam,

8 Gat, Maresa, Sif,

9 Adoraim, Lakis, Aseka,

10 Sora, Ayalon ne Hebron a ɛyɛ Yuda ne Benyamin mu nkuro a ɛyɛ den no.

11 Na ɔhyehyɛɛ nkuro no den, na ɔde asafohene ne aduane ne ngo ne nsa akoradeɛ kokɔɔ mu.

12 Na ɔde akyɛm ne mpea hyehyɛɛ nkuro no nyinaa mu, na ɔhyehyɛɛ nkuro no den pa ara. Sɛ ɔdii Yuda ne Benyamin so ne no.

13 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔwɔ Israel nyinaa mu firi wɔn ahyeɛ nyinaa so bɛgyinaa n’akyi.

14 Na Lewifoɔ no gyigyaa wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase ne wɔn agyapadeɛ, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ Yeroboam ne ne mma tutuu wɔn sɛ wɔnnni AWURADE asɔfoɔ,

15 na ɔhyehyɛɛ n’asɔfoɔ maa sorɔnsorɔmmea no ne mpapo ne anantwie mma a ɔyɛeɛ no.

16 Na wɔn akyiri no, wɔn a wɔde akoma maa sɛ wɔbɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no fifirii Israel mmusuakuo nyinaa mu baa Yerusalem, sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.

17 Na wɔmaa Yuda ahennie no yɛɛ den, na wɔhyɛɛ Salomo ba Rehoboam den mfirinhyia mmiɛnsa, ɛfiri sɛ wɔnantee Dawid ne Salomo kwan so mfeɛ mmiɛnsa.

18 Na Rehoboam waree Mahalat a ɔyɛ Dawid ba Yerimot babaa, ne Abihail a ɔyɛ Yisai ba Eliab babaa,

19 na ɔwoo mma, Yeus ne Semaria ne Saham maa no.

20 Na ɛno akyiri no, ɔwaree Absalom ba Maaka, na ɔwoo Abia ne Atai ne Sisa ne Selomit maa no.

21 Na Rehoboam dɔ Absalom ba Maaka sene ne yerenom ne ne mpenafoɔ nyinaa, (na ɔwaree yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na ɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia).

22 Na Rehoboam de Maaka ba Abia yɛɛ ne nuanom no mu tire ne panin, na ɔpɛɛ sɛ ɔsi no hene.

23 Na ɔdii no nyansam, na ɔde ne mmammarima no nyinaa mu binom sisii Yuda ne Benyamin nsase no nyinaa so nkuro a ɛyɛ den no nyinaa mu, na ɔde akɔnhomabɔdeɛ bebree maa wɔn, na ɔgyegyee mmaa bebree aware memaa wɔn.

1 Berɛsosɛm 21

Ɔman no kan ne ɛho asotwe

1 Na Satan sɔre gyina tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.

2 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene sɛ: Monkɔ nkɔkan Israel mfiri Beer-seba nkɔduru Dan, na momfa ho kasɛe mmerɛ me, na menhunu wɔn dodoɔ.

3 Na Yoab kaa sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛdeɛ wɔteɛ yi mprɛha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Adɛn nti na me wura rehwehwɛ yei? Adɛn nti na yei nyɛ asodie mma Israel?

4 Nanso ɔhene asɛm no dii Yoab deɛ so. Na Yoab firii adi kɔkyini faa Israel nyinaa mu, na ɔsane baa Yerusalem.

5 Na Yoab de ɔman no nkaneeɛ dodoɔ brɛɛ Dawid, na Israel nyinaa ano si ɔpepem ne mpemha, nnipa a wɔtwe nkrantɛ. Na Yuda ano si mpemahanan aduɔson, nnipa a wɔtwe nkrantɛ.

6 Na Lewi ne Benyamin deɛ, Yoab ankan wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no yɛɛ no ahi.

7 Nanso asɛm yi ansɔ Nyankopɔn ani nti, ɔbɔɔ Israel.

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mayɛ bɔne pa ara sɛ madi saa asɛm yi, na afei mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ.

9 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ɔdehununi Gad sɛ:

10 Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Nnoɔma mmiɛnsa na mede resi w’anim, fa emu baako na menyɛ wo.

11 Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Fa emu baako:

12 Sɛ mfeɛ mmiɛnsa kɔm oo, anaa abosome mmiɛnsa dwanee, wɔ w’ahohiahiafoɔ anim a w’atamfo nkrantɛ reto wo oo, anaa AWURADE afena ne asase no so yaredɔm, nnansa a AWURADE bɔfoɔ resɛe nnipa Israel ahyeɛ nyinaa mu oo. Afei hwɛ asɛnkorɔ a memfa mensane menkɔ deɛ ɔsomaa me no hɔ.

13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ; ma menhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso sɛ, na onipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.

14 Na AWURADE maa ɔyaredɔm baa Israel so, na Israel mu nnipa mpemaduɔson wuwui.

Dawid afɔrebɔ

15 Na Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔsɛe hɔ. Na ɔrebɛsɛe hɔ no, AWURADE hwɛe, na ɔnuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔresɛe hɔ no sɛ: Ɛdɔɔso, afei pono wo nsa. Nso na AWURADE bɔfoɔ no gyina Yebusini Ornan ayuporebea ho.

16 Na Dawid maa n’ani so, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afena a watwe kura ne nsam, na watene no Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma no de wɔn anim butubutuu fam.

17 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mese wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ deɛ ɛnyɛ yi, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fie so, na mma no mma wo man so mmmɛbɔ wɔn.

18 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad sɛ, ɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, Dawid mforo nkɔ nkɔsi afɔrebukyia mma AWURADE Yebusini Ornan ayuporebea hɔ.

19 Na Dawid foro kɔe sɛdeɛ Gad asɛm a ɔde AWURADE din kaeɛ no teɛ.

20 Na Ornan danee ne ho, na ɔhunuu ɔbɔfoɔ no, na ne mma baanan ka ne ho, na wɔde wɔn ho huntae. Na Ornan repore ayuo.

21 Na Dawid duruu Ornan nkyɛn no, Ornan danee n’ani na ɔhunuu Dawid. Ɛnna ɔfirii adi firii ayuporebea hɔ, na ɔkotoo Dawid de n’anim butuu fam.

22 Na Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Fa ayuporebea yi ma me na mensi so afɔrebukyia memma AWURADE. Fa ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na wɔasi ɛhaw no kwan afiri ɔman no so.

23 Na Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Gye fa, na me wura ɔhene nyɛ deɛ ɛsɔ n’ani. Hwɛ, mema anantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne ɔporeɛ teaseɛnam a wɔde bɛyɛ nnyina, ne ayuo a wɔde bɛyɛ aduane afɔdeɛ; mede ne nyinaa mema.

24 Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Dabi, na tɔ na mɛtɔ no sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na meremfa adeɛ a ɛyɛ wo deɛ memma AWURADE, sɛ mede adeɛ a mammɔ ho ka bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

25 Na Dawid maa Ornan sika a wɔakarie nnwetɛbena ahansia de tɔɔ hɔ.

26 Na Dawid sii hɔ afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya firii soro gyee no so ɔhyeɛ afɔrebukyia no so.

27 Ɛnna AWURADE kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no, na ɔde n’afena hyɛɛ bɔha mu.

28 Ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ AWURADE agye no soɔ, wɔ Yebusini Ornan ayuporebea no, ɔbɔɔ afɔdeɛ hɔ.

29 Na berɛ no na AWURADE tenabea a Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no ne afɔrebukyia no wɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no mu.

30 Nanso Dawid antumi ankɔ ɛno anim ankɔhwehwɛ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ na ehu aka no AWURADE bɔfoɔ no afena anim.

1 Samuel 24

Yie a Dawid yɛɛ Saulo

1 Na Saulo sane firii Filistifoɔ akyi baeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ En-gedi serɛ so.

2 Ɛnna Saulo faa mmarima mpensa a wɔayi wɔn afiri Israel nyinaa mu, na ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne nnipa no Nkakragya Abotan soɔ.

3 Na ɔduruu nnwammuo a ɛwɔ ɛkwan no soɔ no ho; na ɔbodan bi wɔ hɔ, na Saulo hyɛnee mu sɛ ɔrekɔgya ne nan. Na Dawid ne ne nnipa nso tete ɔbodan no mu nohoa.

4 Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ, no nie. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kɔtwaa Saulo batakari ano.

5 Na ɛno akyiri no, Dawid akoma bɔɔ no paripari sɛ watwa Saulo atadeɛ ano.

6 Na ɔka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: AWURADE mma no mpare me sɛ mɛyɛ me wura a AWURADE asra no no adeɛ a ɛte sɛɛ, sɛ mɛtene me nsa maka no, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE asra no ne no.

7 Na Dawid de nsɛm yi bɔɔ ne nnipa no pem, na wampene amma wɔansɔre antia Saulo. Na Saulo sɔre firii ɔbodan no mu sii ne kwan so.

8 Na ɛno akyiri no, Dawid nso sɔre firii ɔbodan no mu firii adi, na ɔhyɛɛ Saulo mmɔn sɛ: Me wura, ɔhene! Na Saulo hwɛɛ n’akyiri no, Dawid bɔɔ ne tiri ase na ɔkotoe;

9 na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Adɛn nti na wotie nnipa nsɛm a wɔkeka sɛ: Hwɛ, Dawid pɛ wo bɔne, no?

10 Hwɛ, ɛnnɛ da yi w’ani ahunu sɛdeɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa nnɛ ɔbodan no mu; na wɔkaa sɛ menku wo, na medodoo wo ho, na mese: Merentene me nsa menka me wura, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE asra no ne no.

11 Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ wo batakari ano kura me nsam. Na ɛnam sɛ matwa wo batakari ano na manku woɔ yi, hunu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne biara, nso wo deɛ, worepɛ me aku me.

12 AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔdeɛ wo nsam. Na me nsa deɛ, ɛrenka wo.

13 Sɛdeɛ tete bɛ no ka no “Abɔnefoɔ so na bɔne fire”, na me nsa deɛ, ɛrenka wo.

14 Hwan akyi na Israel hene atu die yi? Hwan na woreti no yi? Ɔkraman funu akyi, ɔkraman dwie baako akyi.

15 Na AWURADE nyɛ ɔtemmufoɔ, na ɔmmu me ne wo ntam atɛn, na ɔnhunu na ɔnni m’asɛm mma me, na ɔmmu me atɛn nyi me wo nsam.

16 Na Dawid kaa nsɛm yi kyerɛɛ Saulo wieeɛ no, Saulo kaa sɛ: Wo nne nie, me ba Dawid? Na Saulo maa ne nne so suiɛ.

17 Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wotene kyɛne me, ɛfiri sɛ wode papa atua me ka, na me deɛ, mede bɔne matua wo ka.

18 Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yie, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woanku me.

19 Na sɛ obi to ne tamfo a, ɔbɛma no de ne ho sɔnn akɔ anaa? Enti AWURADE ntua wo ka pa nhyɛ deɛ woayɛ me nnɛ yi ananmu.

20 Na afei, hwɛ, menim sɛ wobɛdi hene, na Israel ahennie bɛtim wɔ wo nsam;

21 na afei ka me AWURADE ntam sɛ worentwa m’asefoɔ a wɔbɛdi m’akyire ngu, na worempepa me din mfiri m’agya fie.

22 Na Dawid kaa Saulo ntam no. Na Saulo sii mu kɔɔ fie; na Dawid ne ne nnipa no foro kɔɔ bepɔ so atenaeɛ no mu.

1 Samuel 19

Yonatan yi n’agya atirimpɔ bɔne no adi

1 Na Saulo ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wɔnkum Dawid.

2 Nanso Saulo ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ. Na Yonatan kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: M’agya Saulo rehwehwɛ wo aku wo, na afei, kora wo ho anɔpa, na tena kokoa bi mu hunta;

3 na me deɛ, mɛfiri adi makɔgyina m’agya nkyɛn wiram baabi a wowɔ no, na me ne m’agya aka wo ho asɛm, na mete biribi a maka makyerɛ wo.

4 Na Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa kyerɛɛ n’agya Saulo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid ho bɔne; na ɔnyɛɛ wo bɔne biara, na ne nneyɛɛ nso ayɛ wo yie pii.

5 Na ɔde ne kra too ne nsam kɔkumm Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wohunui na w’ani gyeeɛ; na adɛn nti na worebɛyɛ mogya a ɛdi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?

6 Na Saulo tiee Yonatan, na Saulo kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wɔrenkum no da!

7 Na Yonatan frɛɛ Dawid; na Yonatan kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no. Ɛnna Yonatan de Dawid baa Saulo nkyɛn, na ɔbɛtenaa n’anim sɛ kane no.

8 Na ɔko no kɔɔ so ara, na Dawid firii adi ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na ɔde ekumkɛseɛ kumm wɔn, na wɔdwane firii n’anim.

9 Na AWURADE honhommɔne no baa Saulo so; na ɔte ne fie, na pea kura ne nsam, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo.

10 Na Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔde pea no bɔ Dawid fam ɔfasuo no ho, nanso ɔtwee ne ho firii Saulo anim, na ɔtoo pea no wɔɔ ɔfasuo no mu; na Dawid dwaneeɛ, na ɔfirii mu firii anadwo no.

11 Ɛnna Saulo somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid fie sɛ wɔnkɔwɛn no na wɔnku no anɔpa. Na Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woannye wo kra anadwo yi a, ɔkyena wɔbɛku wo.

12 Na Mikal de Dawid faa mpomma mu sii fam, na ɔkɔeɛ, na ɔdwane firii mu firii.

13 Na Mikal faa ohoni de too mpa no so, na ɔde abirekyie nwi sumiiɛ too atifi, na ɔde ntoma kataa so.

14 Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid no, Mikal kaa sɛ: Ɔyare.

15 Ɛnna Saulo somaa abɔfoɔ no sɛ wɔnkɔhwɛ Dawid, na ɔse: Momfa no mfiri mpa no so mmrɛ me, na menku no.

16 Na abɔfoɔ no duruu hɔ no, na hwɛ, ohoni na ɛda mpa no soɔ, na abirekyie nwi sumiiɛ da atifi.

17 Na Saulo ka kyerɛɛ Mikal sɛ: Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ, na woagya me tamfo kwan na wafiri mu afire yi? Na Mikal ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma menkɔ; adɛn nti na menku woɔ?

18 Na Dawid dwane firii mu firiiɛ, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa deɛ Saulo de ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel kɔ kɔtenaa Naiot.

19 Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ Naiot wɔ Rama.

20 Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wɔhunuu adiyifoɔ asafo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn soɔ no, Nyankopɔn honhom baa Saulo abɔfoɔ no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.

21 Na wɔbɛka kyerɛɛ Saulo no, ɔsomaa abɔfoɔ foforɔ; na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm saa ara. Na Saulo somaa abɔfoɔ bio, ne mprɛnsa so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.

22 Ɛnna ɔno ara kɔɔ Rama, na ɔduruu abura kɛseɛ a ɛwɔ Seku ho no, ɔbisaa sɛ: Ɛhe na Samuel ne Dawid wɔ? Na wɔse: Hwɛ, wɔwɔ Naiot wɔ Rama.

23 Na ɔkɔɔ Naiot wɔ Rama hɔ; na Nyankopɔn honhom baa ɔno nso so, na ɔrekorɔ no, ɔhyɛɛ nkɔm ara kɔ kɔsii sɛ ɔduruu Naiot wɔ Rama.

24 Na ɔno nso worɔɔ ne ntadeɛ, na ɔno nso hyɛɛ nkɔm Samuel anim, na ɔde adagya daa hɔ da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa. Enti na wɔka sɛ: Saulo nso fra adiyifoɔ no mu anaa?

1 Samuel 20

Yonatan dwodwo n’agya

1 Na Dawid dwane firii Naiot wɔ Rama, na ɔba bɛkaa no Yonatan anim sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ? M’amumuyɛ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me aku me yi?

2 Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu; hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛseɛ anaa ade ketewa biara gye sɛ ɔyi me asotire ansa; na adɛn nti na m’agya de asɛm yi bɛhunta me? Ɛnte saa.

3 Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim animuonyam, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam.

4 Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Biribiara a wo kra seɛ no, mɛyɛ ama wo.

5 Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Hwɛ, ɔkyena na ɔsrane fire a ɛsɛ sɛ anka me ne ɔhene kɔtena adidiiɛ; nanso ma menkɔ nkɔhunta wiram nkɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anwummerɛ.

6 Sɛ w’agya bisa m’akyiri kwan a, ɛnneɛ ka kyerɛ no sɛ: Dawid asrɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem, na abusua no nyinaa wɔ afirinhyia afɔrebɔ wɔ hɔ.

7 Sɛ ɔka sɛ: Ɛyɛ a, na asomdwoeɛ wɔ hɔ ma w’akoa, na sɛ ne bo fu a, ɛnneɛ hunu sɛ wakyere ne mu sa bɔne.

8 Na yɛ w’akoa adɔeɛ, ɛfiri sɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛne; na sɛ amumuyɛ bi wɔ me mu a, wo ara ku me, na adɛn nti na wode me rekɔma w’agya?

9 Na Yonatan se: Ɛmpare wo sɛ, sɛ menim sɛ m’agya akyere sa bɔne de reba wo so a, merenka menkyerɛ woɔ.

10 Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Sɛ w’agya de asɛm denden bi bua wo a, hwan na ɔbɛka akyerɛ me?

11 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra ma yɛmfiri nkɔ wiram. Na wɔn baanu firii adi kɔɔ wiram.

12 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, nyɛ danseni sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sɛsɛberɛ, mehwɛ m’agya adwene na ɛyɛ wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammɛyi wo asotire a!

13 Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma ammɛyi wo asotire, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoeɛ mu a, AWURADE nyɛ me Yonatan saa na ɔnka ho saa! Na AWURADE nni w’akyi sɛdeɛ ɔdi m’agya akyire no.

14 Na sɛ meda so mete aseɛ yi, fa AWURADE nokorɛ adɔeɛ yɛ me, na manwu,

15 ntwa w’adɔeɛ no to mfiri me fie ho da. Na sɛ AWURADE twitwa Dawid atamfoɔ firi asase so a, nnyae me fie adɔeɛyɛ.

16 Na Yonatan ne Dawid fie pamee sɛ: AWURADE ntɔ Dawid atamfoɔ were.

17 Na Yonatan maa Dawid kaa ne dɔ a ɔde dɔ no no ho ntam bio, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne kra.

18 Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyena na ɔsrane fire, na wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ, ɛfiri sɛ wo tenaberɛ bɛda mpan.

19 Na sɛ ɛdi nnansa a, wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ ampa ara, ɛnneɛ na siane ntɛm bra deɛ asɛm no baeɛ no, wohuntaeɛ hɔ, na tena Esel boɔ no ho.

20 Na mɛtoto agyan mmiɛnsa mafa ho, sɛdeɛ merebɔ botaeɛ mu.

21 Na hwɛ, mɛsoma abɔfra sɛ: Kɔhwehwɛ agyan no. Sɛ mese abɔfra no sɛ: Hwɛ, agyan no wɔ wo nkyɛn mu ha, tase bra a, ɛnneɛ bra, na sɛ AWURADE te aseɛ yi, asomdwoeɛ na ɛwɔ hɔ ma woɔ, asɛm biara nni hɔ.

22 Na sɛ mese akwankwaa no sɛ: Hwɛ, m’agyan no wɔ w’anim fam nohoa a, ɛnneɛ kɔ, na AWURADE agya wo kwan.

23 Na asɛm a me ne wo kaeɛ no ho deɛ, hwɛ, AWURADE wɔ me ne wo ntam daa.

24 Ɛnna Dawid kɔhuntaa wiram. Na ɔsrane firiiɛ no, ɔhene kɔtenaa adidiiɛ.

25 Na ɔhene tenaa n’atenaeɛ sɛdeɛ ɔyɛ no daa wɔ ɔfasuo ho adwa no so; na Yonatan sɔree, na Abner tenaa ɔhene nkyɛn, na Dawid atenaeɛ no da mpan.

26 Na Saulo anka hwee da no; ɛfiri sɛ ɔse: Biribi ayɛ no; ne ho nte; ampa ara ne ho nte.

27 Na adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ bosome no da a ɛtɔ so mmienu a na Dawid atenaeɛ da mpan no, Saulo bisaa ne ba Yonatan sɛ: Adɛn nti na Yisai ba no amma adidie ase nnora ne nnɛ yi?

28 Na Yonatan buaa Saulo sɛ: Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔrekɔ Betlehem,

29 na ɔse: Gya me kwan ɛ, na yɛwɔ abusua afɔrebɔ wɔ kuro no mu, na me nua ahyɛ me sɛ memmra. Enti afei, sɛ manya w’anim animuonyam a, ma menkɔ menkɔhwɛ me nuanom. Enti na wamma ɔhene pono ho yi.

30 Ɛnna Saulo bo fuu Yonatan, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo, ɔbaa brakyewni tuateni ba, adɛn menhunuu sɛ woafa Yisai ba no adamfo de rehyɛ wo ho ne wo na adagya mu aniwuo?

31 Na mmerɛ dodoɔ a Yisai ba no te ase asase soɔ yi, wo ne w’ahennie rennyina. Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, na wuo ara na ɔbɛwuo.

32 Na Yonatan buaa n’agya Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wɔnku no? Ɛdeɛn na wayɛ?

33 Ɛnna Saulo too pea sɛ ɔde rebɔ no. Na Yonatan hunuu sɛ n’agya awe ataa so sɛ ɔbɛkum Dawid.

34 Na Yonatan de abufuhyeɛ sɔre firii ɛpono no ho, na wannidi bosome no da a ɛtɔ so mmienu no. Na ɔdii Dawid ho ya sɛ n’agya asopa no.

35 Na anɔpa no Yonatan firii adi kɔɔ wiram deɛ ɔhyɛɛ Dawid no, na abɔfra kumaa bi ka ne ho.

36 Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Tu mmirika kɔhwehwɛ agyan a merebɛtotoɔ no. Abɔfra no retu mmirika no, ɔtoo agyan no traa no.

37 Na abɔfra no duruu deɛ agyan a Yonatan toeɛ no wɔ no, Yonatan hyɛɛ abɔfra no mmɔn sɛ: Agyan no ngu w’anim nohoa anaa?

38 Na Yonatan hyɛɛ abɔfra no mmɔn sɛ: Yɛ ntɛm, ka wo ho, nnyina. Na Yonatan abɔfra no tasee agyan no de brɛɛ ne wura.

39 Nso na abɔfra no nnim ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim asɛm no.

40 Ɛnna Yonatan de n’akodeɛ no maa abɔfra no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa kɔ kuro no mu.

41 Abɔfra no kɔeɛ; na Dawid sɔre firii aboɔkuo no ho, na ɔde n’anim bɛbutuu fam na ɔkotoo mprɛnsa, na wɔfefee wɔn ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid deɛ boroo so.

42 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa. Na ɔsii mu kɔeɛ; na Yonatan baa kuro no mu.