Numeri 33

Israelfoɔ akwantuo

1 Yeinom ne akwan a Israelfoɔ twaeɛ berɛ a Mose ne Aaron dii wɔn anim de wɔn firi Misraim asase soɔ no, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ.

2 Mose twerɛɛ faako a wɔtu firiiɛ ne akwan a wɔtwaeɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na yeinom ne wɔn akwantuo mu asoɛeɛ firi faako a wɔtutu firiiɛ no:

3 Bosome a ɛdi kan no mu wɔtu firii Rameses; bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunum, Twam no akyi, adeɛ kyeeɛ, na Israelfoɔ de ahosɛpɛ kɛseɛ firi kɔeɛ wɔ Misraimfoɔ nyinaa anim;

4 na Misraimfoɔ resie wɔn mmakan a AWURADE kunkumm wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn.

5 Na Israelfoɔ no tu firii Rameses kɔkyeree nsraban Sukot.

6 Na wɔtu firii Sukot kɔkyeree nsraban Etam a ɛwɔ nsɛnoa.

7 Na wɔtu firii Etam dane baa Pi-hahirot a ɛwɔ Baal-sefon anim, na wɔkyeree nsraban Migdol anim.

8 Na wɔtu firii Hahirot anim kɔtwaa ɛpo no kɔɔ ɛserɛ so, na wɔnantee Etam serɛ so nnansa kwan kɔkyeree nsraban Mara.

9 Na wɔtu firii Mara baa Elim; na Elim na na nsuo aniwa dummienu ne nkyiresua aduɔson wɔ, na wɔkyeree hɔ nsraban.

10 Na wɔtu firii Elim kɔkyeree nsraban Ɛpo Kɔkɔɔ ano.

11 Na wɔtu firii Ɛpo Kɔkɔɔ ano kɔkyeree nsraban Sin serɛ so.

12 Na wɔtu firi Sin serɛ so kɔkyeree nsraban Dofka.

13 Na wɔtu firii Dofka kɔkyeree nsraban Alus.

14 Na wɔtu firii Alus kɔkyeree nsraban Refidim; na ɛhɔ na ɔman no annya nsuo annom.

15 Na wɔtu firii Refidim kɔkyeree nsraban Sinai serɛ so.

16 Na wɔtu firii Sinai serɛ so kɔkyeree nsraban Kibrot-hataawa.

17 Na wɔtu firii Kibrot-hataawa kɔkyeree nsraban Haserot.

18 Na wɔtu firii Haserot kɔkyeree nsraban Ritma.

19 Na wɔtu firii Ritma kɔkyeree nsraban Rimon-peres.

20 Na wɔtu firii Rimon-peres kɔkyeree nsraban Libna.

21 Na wɔtu firii Libna kɔkyeree nsraban Risa.

22 Na wɔtu firii Risa kɔkyeree nsraban Kehelata.

23 Na wɔtu firii Kehelata kɔkyeree nsraban Sefer bepɔ so.

24 Na wɔtu firii Sefer bepɔ so kɔkyeree nsraban Harada.

25 Na wɔtu firii Harada kɔkyeree nsraban Makhelot.

26 Na wɔtu firii Makhelot kɔkyeree nsraban Tahat.

27 Na wɔtu firii Tahat kɔkyeree nsraban Tara.

28 Na wɔtu firii Tara kɔkyeree nsraban Mitka.

29 Na wɔtu firii Mitka kɔkyeree nsraban Hasmona.

30 Na wɔtu firii Hasmona kɔkyeree nsraban Moserot.

31 Na wɔtu firii Moserot kɔkyeree nsraban Bene-yaakan.

32 Na wɔtu firii Bene-yaakan kɔkyeree nsraban Hor-hagidgad.

33 Na wɔtu firii Hor-hagidgad kɔkyeree nsraban Yotbata.

34 Na wɔtu firii Yotbata kɔkyeree nsraban Abrona.

35 Na wɔtu firii Abrona kɔkyeree nsraban Esion-geber.

36 Na wɔtu firii Esion-geber kɔkyeree nsraban Sin serɛ so, (ɛne Kades).

37 Na wɔtu firii Kades kɔkyeree nsraban Hor bepɔ ho, Edom asase ano.

38 Na Ɔsɔfoɔ Aaron foro kɔɔ Hor bepɔ so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, kɔwuu wɔ hɔ, Israelfoɔ Misraim asase so fire afe a ɛtɔ so aduanan soɔ, bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛdi kan.

39 Na Aaron wuu Hor bepɔ soɔ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduonu mmiɛnsa.

40 Na Kanaanni, Arad hene a ɔte Negeb no tee sɛ Israelfoɔ no reba.

41 Na wɔtu firii Hor bepɔ ho kɔkyeree nsraban Salmona.

42 Na wɔtu firii Salmona kɔkyeree nsraban Punon.

43 Na wɔtu firii Punon kɔkyeree nsraban Obot.

44 Na wɔtu firii Obot kɔkyeree nsraban Iye-abarim, Moab hyeɛ so.

45 Na wɔtu firii Iyim kɔkyeree nsraban Dibon-gad.

46 Na wɔtu firii Dibon-gad kɔkyeree nsraban Almon-diblataim.

47 Na wɔtu firii Almon-diblataim kɔkyeree nsraban Abarim mmepɔ so, Nebo ntentensoɔ.

48 Na wɔtu firii Abarim mmepɔ so kɔkyeree nsraban Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.

49 Na wɔkyeree Yordan ho nsraban firi Bet-yesimot kɔsii Abel-sitim, Moab mpaperɛ so.

Wɔnsɛe Kanaanfoɔ

50 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ:

51 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ motwa Yordan kɔ Kanaan asase so a,

52 ɛnneɛ mompamo asase no sotefoɔ nyinaa mfiri mo anim, na monsɛe wɔn aboɔ ahoni nyinaa, na wɔn ahoni a wɔaguo no, monsɛe ne nyinaa, na monsɛe wɔn nsorɔnsorɔmmea nyinaa.

53 Na momfa asase no ntena so, na mo na mede asase no mama mo sɛ monni soɔ.

54 Na momfa tontobɔ so nkyɛ asase no mu mma mo mmusuakuo no: Abusuakuo a ɛso no, momma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, momma ne kyɛfa nsua; deɛ obiara tonto bɛbɔ no, ɛhɔ na ɛnyɛ ne deɛ; monnyegye mo kyɛfa sɛdeɛ mo nananom mmusuakuo teɛ.

55 Na sɛ moampamo asase no sotefoɔ amfiri mo anim a, ɛnneɛ wɔn mu wɔn a mobɛgya wɔn no bɛdane mo aniwa mu nkasɛɛ ne mo mfe mu nnunsini, na wɔateetee mo, asase a mote soɔ no so.

56 Na sɛdeɛ mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no, saa ara na mɛyɛ mo.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

7 + 17 =