Gyenesis 43

Yosef nuanom ne Benyamin kɔ Misraim

1 Na ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase no so.

2 Na wɔwiee aduane a wɔde firi Misraim baeɛ no die no, wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsane nkɔtɔ aduane kakra mmrɛ yɛn.

3 Na Yuda ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima no hyɛɛ yɛn ketee sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, monnsi m’anim.

4 Na sɛ worema yɛn nua ne yɛn akɔ a, ɛnneɛ yɛbɛsiane akɔtɔ aduane abrɛ wo.

5 Na sɛ woremma no nkɔ a, ɛnneɛ yɛrensiane nkɔ hɔ, ɛfiri sɛ ɔbarima no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, monsi m’anim.

6 Na Israel kaa sɛ: Adɛn nti na moyɛ me bɔne seyie, sɛ moka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ mowɔ nua bie?

7 Na wɔse: Bisa na ɔbarima no bisaa yɛn, yɛn ne yɛn abusua ho asɛm sɛ: Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ nua bi anaa? Deɛ ɔbisabisaeɛ yi ara na yɛbuaeɛ. Yɛbɛyɛ dɛn ahunu sɛ ɔbɛbisa yɛn sɛ: Momfa mo nua mmra?

8 Na Yuda ka kyerɛɛ n’agya Israel sɛ: Ma abɔfra no ne me nkɔ, na yɛnsim nkɔ, na yɛne wo ne yɛn mma atena ase, na yɛanwu.

9 Medi ne ho agyinamu; me nsam na hwehwɛ no. Sɛ mamfa no mammrɛ wo ammɛgyina w’anim a, ɛnneɛ mayɛ wo bɔne daa nyinaa.

10 Sɛ yɛantwentwɛn a, anka sɛsɛɛ yɛakɔ aba mprenu.

11 Na wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛte saa a, ɛnneɛ monyɛ yei: Momfa asase yi so nnepa ngu mo adeɛ mu, na momfa ayɛyɛdeɛ nkɔma ɔbarima no, akyenkyennuro kakra, ɛwoɔ kakra, ohwam, kurobo, nkateɛ ne sorɔno aba nkɔma ɔbarima no.

12 Na momfa dwetɛ foforɔ nkura, ne dwetɛ a wɔdane maa mo wɔ mo nkotokuo ano no, monkura nsane nkɔ; ebia ɛyɛ anifasoɔ.

13 Na momfa mo nua no, na monsim nsane nkɔ ɔbarima no nkyɛn.

14 Na Onyankopɔn Tweaduampɔn mma ɔbarima no nhu mo mmɔbɔ, na ɔnnyaa mo nua no ne Benyamin mma mo. Na me deɛ, me mma firi me nsa a, na wɔafiri me nsa!

15 Na mmarima no faa ayɛyɛdeɛ no, na wɔfaa dwetɛ mmɔho kurae ne Benyamin, na wɔsɔre siane kɔɔ Misraim kɔgyinaa Yosef anim.

16 Na Yosef hunuu Benyamin sɛ ɔka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fie panin sɛ: Fa nnipa yi kɔ fie, na kum mmoa siesie yɛ aduane, na nnipa yi ne me rebɛdidi awia yi.

17 Na ɔbarima no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no, na ɔde nnipa no kɔɔ Yosef fie.

18 Na nnipa no suroo sɛ wɔde wɔn akɔ Yosef fie, na wɔkaa sɛ: Dwetɛ a ɛsane kekaa yɛn nkotokuo mu kane no nti na wɔde yɛn aba ha yi, na wabɛtoa yɛn ato ahyɛ yɛn so afa yɛn ne yɛn mfunumu ayɛ nkoa.

19 Na wɔtwe pinii Yosef fie panin no ne no kasae wɔ efie no pono ano

20 sɛ: Owura, yɛpa wo kyɛw, yɛsiane baa ha kane bɛtɔɔ aduane.

21 Na yɛkɔduruu asoɛeɛ na yɛsanesanee yɛn nkotokuo ano no, na hwɛ, yɛn nyinaa dwetɛ hyehyɛ yɛn nkotokuo ano, yɛn dwetɛ sɛdeɛ wɔkariiɛ no pɛ, na yɛkura de asane aba.

22 Nso yɛkura dwetɛ foforɔ aba de rebɛtɔ aduane. Yɛnnim onii ko a ɔde yɛn dwetɛ no hyehyɛɛ yɛn nkotokuo no mu.

23 Na ɔse: Asomdwoeɛ nka mo, monnsuro. Mo Nyankopɔn ne mo agya Nyankopɔn ama mo mo nkotokuo mu ademudeɛ, mo dwetɛ no kaa me nsa. Na ɔyii Simeon brɛɛ wɔn.

24 Na ɔbarima no de nnipa no hyɛnee Yosef fie, na ɔmaa wɔn nsuo hohoroo wɔn nan ho, na ɔmaa wɔn mfunumu aduane.

25 Na wɔsiesiee ayɛyɛdeɛ no twɛn ba a Yosef bɛba awigyina no, ɛfiri sɛ na wɔate sɛ wɔrebɛdidi hɔ.

26 Na Yosef baa fie no, wɔde ayɛyɛdeɛ a wɔkura no kɔɔ ɛdan mu kɔmaa no, na wɔkotoo fam wɔ n’anim.

27 Na Yosef bisaa wɔn sɛ wɔn ho yɛ anaa; na ɔse: Mo agya akɔkoraa a mokaa ne ho asɛm no ho yɛ anaa? Ɔda so te ase anaa?

28 Na wɔse: W’akoa, yɛn agya no ho yɛ, ɔda so te ase. Na wɔbobɔɔ wɔn mu ase kotoo no.

29 Na ɔmaa n’ani so hunuu ne nua Benyamin, ne na ba no, ɔbisaa sɛ: Mo nua kumaa a mokaa me ne ho asɛm no ni anaa? Na ɔse: Onyankopɔn nnom wo, me ba.

30 Na Yosef yɛɛ no ntɛm, ɛfiri sɛ na ɔnhunu deɛ ɔnyɛ wɔ ne nua no ho, na na ɔrehwehwɛ baabi akɔsu, na ɔhyɛnee ne pia mu kɔsuu wɔ hɔ.

31 Na ɔhohoroo n’anim, na ɔfirii adi, na ɔhyɛɛ ne ho so kaa sɛ: Momfa aduane mmɛsisi hɔ.

32 Na wɔde ne deɛ sii fa, na wɔde wɔn deɛ sisii fa, na wɔde Misraimfoɔ a wɔne no redidie no deɛ sisii fa, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ ne Hebrifoɔ ntumi nnidi, na Misraimfoɔ kyi.

33 Na wɔbɛtenatenaa n’anim, ɔpanin sɛdeɛ ne panin teɛ, ne akumaa sɛdeɛ n’akumaa teɛ, na ɛyɛɛ nnipa no nyinaa nwanwa.

34 Na wɔgyegyee aduane no firii n’anim brɛɛ wɔn, na Benyamin deɛ boroo wɔn nyinaa deɛ so mprenum. Na wɔnonnomee, na wɔne no ani gyee.

Gyenesis 44

Yosef dwetɛ kuruwa

1 Na Yosef hyɛɛ ne fie panin no sɛ: Fa aduane dodoɔ a wɔbɛtumi asoa hyehyɛ nnipa no nkotokuo mu amaama. Fa wɔn mu biara dwetɛ hyɛ ne kotokuo ano,

2 na fa me kuruwa, mekyerɛ dwetɛ kuruwa no, hyɛ akumaa no kotokuo ano ka n’aburoo dwetɛ no ho. Na ɔyɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no.

3 Adeɛ kyeeɛ ara pɛ, na wɔgyaa mmarima no ne wɔn mfunumu kwan.

4 Wɔfirii kuro no mu kɔeɛ na wɔnnya nnuruu akyirikyiri no, Yosef ka kyerɛɛ ne fie panin no sɛ: Sɔre, ti mmarima no, na sɛ woto wɔn a, ka kyerɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mode bɔne tua papa ka?

5 Ɛnyɛ yei na me wura nom mu na ɔde yɛ ne nyankomadeɛ anaa? Deɛ moayɛ yi, moayɛ bɔne.

6 Na ɔkɔtoo wɔn no, ɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn.

7 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na me wura ka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ saa adeɛ yi.

8 Hwɛ, dwetɛ a yɛhunuu no yɛn nkotokuo ano no, yɛde asane afiri Kanaan asase so abrɛ wo; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛwia wo wura fie dwetɛ anaa sika?

9 Wo nkoa yi mu deɛ wobɛhunu no ne nkyɛn no, ma no nwu, na yɛn nso yɛbɛyɛ me wura nkoa.

10 Na ɔse: Ɛnyɛ sɛdeɛ moseɛ no. Na deɛ wɔbɛhunu no ne nkyɛn no nyɛ m’akoa, na mo deɛ, mobɛdi bem.

11 Ɛnna wɔn nyinaa yɛɛ ntɛm soɛsoɛɛ wɔn nkotokuo totoo fam, na wɔsanesanee wɔn nkotokuo ano.

12 Na ɔhwehwɛe, ɔfirii aseɛ firi ɔpanin no deɛ so de kɔsii akumaa no deɛ so. Na wɔhunuu kuruwa no wɔ Benyamin kotokuo mu.

13 Ɛnna wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔde wɔn nnesoa soasoaa wɔn mfunumu sane kɔɔ kuro no mu.

14 Na Yuda ne ne nuanom baa Yosef fie, na ɔda so wɔ hɔ, na wɔhwehwee n’anim ase.

15 Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn adeɛ na moayɛ yi? Monnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nim nkɔmhyɛ anaa?

16 Na Yuda kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnse me wura? Na ɛdeɛn na yɛnka? Na yɛnyi yɛn ano sɛn? Onyankopɔn ahunu wo nkoa amumuyɛ. Hwɛ, yɛyɛ me wura nkoa, yɛne deɛ wɔhunuu ne nsam kuruwa no.

17 Na ɔse: Ɛmpare me sɛ meyɛ saa. Na deɛ wɔhunuu kuruwa no wɔ ne nsa mu no, ɔno ara na ɔbɛyɛ m’akoa, na mo deɛ, monsim mfa asomdwoeɛ nkɔ mo agya nkyɛn.

Yuda srɛ ma Benyamin

18 Ɛnna Yuda twe pinii no kaa sɛ: Me wura, mesrɛ wo, ma w’akoa nkasa me wura aso mu, na mma wo bo mmfu w’akoa, na wote sɛ Farao ara.

19 Me wura bisaa ne nkoa sɛ: Mowɔ agya anaa nua bi?

20 Na yɛka kyerɛɛ me wura sɛ: Yɛwɔ agya akɔkoraa ne ne nkɔkoraa ba kumaa bi. Ne nua awu, na ne na ba a aka ara ne no, na n’agya dɔ no.

21 Na woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ: Momfa no mmrɛ me, na memfa m’ani menhwɛ no.

22 Na yɛsee me wura sɛ: Abɔfra no ntumi nnya n’agya hɔ, na sɛ ɔgya n’agya hɔ a, n’agya bɛwu.

23 Na wosee wo nkoa sɛ: Sɛ mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi m’anim bio.

24 Na yɛkɔɔ w’akoa, m’agya, nkyɛn no, yɛkaa me wura nsɛm no kyerɛɛ no.

25 Na yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsane nkɔtɔ aduane kakra mmrɛ yɛn.

26 Na yɛse: Yɛrentumi nsiane nkɔ. Sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho a, yɛbɛsiane akɔ. Yɛrentumi nkɔ ɔbarima no anim, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho.

27 Ɛnna w’akoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Mo ara monim sɛ mma baanu na me yere wo maa me.

28 Na ɔbaako firii me nkyɛn kɔe, na mese: Ampa ara teteɛ na wɔatete no mu, na ɛfiri hɔ no, menhunuu no.

29 Na sɛ mofa oyi nso firi me nkyɛn na mmusuo bi kɔto no a, mode me tiri dwono nam awerɛhoɔ mu na ɛbɛkɔ Asamando.

30 Na afei sɛ mekɔ w’akoa, m’agya, nkyɛn na abɔfra yi nka yɛn ho a, — nso n’akoma da abɔfra yi ho, —

31 ɛbɛba sɛ, sɛ ɔhunu sɛ abɔfra yi nka yɛn ho a, ɔbɛwu, na wo nkoa de w’akoa, yɛn agya, dwono nam awerɛhoɔ mu na ɛbɛkɔ Asamando.

32 Na w’akoa dii abɔfra yi ho agyinamu wɔ m’agya anim sɛ: Sɛ mamfa no mammrɛ wo a, ɛnneɛ na mayɛ m’agya bɔne daa nyinaa.

33 Na afei mesrɛ wo, ma w’akoa ntena ha nsi abɔfra no ananmu nyɛ me wura akoa, na ma abɔfra no ne ne nuanom nkɔ.

34 Na sɛ abɔfra no nka me ho a, mɛkɔ m’agya anim sɛn? Ɛnneɛ na merekɔhunu bɔne a ɛbɛto m’agya no.

Gyenesis 45

Yosef yi ne ho adi kyerɛ ne nuanom

1 Na afei na Yosef ntumi nhyɛ ne ho so wɔ wɔn a wɔgyinagyina ne ho no nyinaa anim, na ɔteaa mu sɛ: Momma nnipa nyinaa mfiri me ho mfiri adi. Na Yosef reyi ne ho adie akyerɛ ne nuanom no, na onipa biara nnyina ne nkyɛn.

2 Na ɔmaa ne nne so sui, na Misraimfoɔ no ne Farao fiefoɔ tee.

3 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Mene Yosef, m’agya da so te ase anaa? Na ne nuanom antumi ammua no, na mmom wɔn ho dwirii wɔn wɔ n’anim.

4 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Montwe mpini me. Na wɔtwe pinii no. Na ɔse: Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Misraim no.

5 Na afei mommma no nnyɛ mo ya, nso mo bo mmfu mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim.

6 Na mfeɛ mmienu ni a ɛkɔm aba asase yi soɔ, na aka mfeɛ nnum bio a funtum ne otwa nni mu.

7 Na Onyankopɔn somaa me dii mo anim sɛ memma monnya nkaeɛ wɔ asase so, na mennye mo nkwa a ɛbɛma dodoɔ no ara afiri mu afire.

8 Na afei ɛnyɛ mo na mosomaa me baa ha, na mmom Onyankopɔn na ɔde me abɛyɛ sɛ Farao n’agya ne ne fie nyinaa wura ne Misraim asase nyinaa sodifoɔ.

9 Monyɛ ntɛm nkɔ m’agya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ wo ba Yosef seɛ nie: Onyankopɔn de me ayɛ Misraim nyinaa so wura. Siane bra me nkyɛn. Nkyɛ!

10 Na bɛtena Gosen asase so, na woabɛn me, wo ne wo mma ne wo nananom ne wo nnwan ne w’anantwie ne deɛ wowɔ nyinaa,

11 na mɛhwɛ wo wɔ hɔ, ɛfiri sɛ mfeɛ nnum kɔm da so reba, na ohia anhia wo ne wo fiefoɔ ne deɛ wowɔ nyinaa.

12 Na hwɛ, mo ani ahunu, na me nua Benyamin nso ani ahunu sɛ m’ano na mede mekasa mekyerɛ mo yi.

13 Na monka m’animuonyam a mewɔ wɔ Misraim nyinaa nkyerɛ m’agya ne deɛ moahunu nyinaa, na monyɛ ntɛm mfa m’agya nsiane mmra ha.

14 Ɛnna ɔsɔɔ ne nua Benyamin kɔn mu na ɔsuiɛ; na Benyamin nso sui wɔ ne kɔn ho.

15 Na ɔfefee ne nuanom nyinaa ano, na ɔsuu wɔ wɔn so, na ɛno akyiri no ne nuanom no ne no kasae.

16 Na wɔtee nka wɔ Farao fie sɛ: Yosef nuanom aba. Na ɛsɔɔ Farao ne ne nkoa ani.

17 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Ka kyerɛ wo nuanom sɛ: Yei na monyɛ: Momfa nnoɔma nsoasoa mo mmoa no, na monkɔ Kanaan asase so

18 nkɔfa mo agya ne mo fiefoɔ mmra me nkyɛn, na mɛma mo Misraim asase so deɛ ɛyɛ, na moadi asase no sradeɛ.

19 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Yei na monyɛ. Momfa nteaseɛnam mfiri Misraim asase so nkɔma mo mma ne mo yerenom, na monkɔfa mo agya mmra.

20 Na mo nso monnwennwene mo nnoɔma ho, na Misraim asase nyinaa so deɛ ɛyɛ yɛ mo dea.

21 Na Israel mma no yɛɛ saa. Na Yosef maa wɔn nteaseɛnam sɛdeɛ Farao anomu asɛm seɛ, na ɔmaa wɔn akwansoduane.

22 Ɔmaa wɔn nyinaa ntadeɛ nsakyeraho mmaako mmaako, na Benyamin deɛ, ɔmaa no nnwetɛbena ahasa ne ntadeɛ nsakyeraho nnum.

23 Na deɛ ɔde kɔmaa n’agya nso nie: Mfunumu du a wɔsoso Misraim nnepa no bie ne mfunumubereɛ du a wɔsoso aburoo ne paanoo ne akwansoduane a ɛbɛyɛ n’agya dea.

24 Na ɔgyaa ne nuanom kwan maa wɔkɔe. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo bo nnkɔfu mo ho mo ho wɔ ɔkwan so oo!

Yakob ho sane no

25 Ɛnna wɔfirii Misraim foro kɔɔ Kanaan asase so wɔn agya Yakob nkyɛn,

26 na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yosef da so te ase, na ɔdi Misraim asase nyinaa so. Na ne tirim yɛɛ no naa, ɛfiri sɛ na ɔnnye wɔn nni.

27 Na wɔkaa nsɛm a Yosef aka akyerɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ no, na ɔhunuu nteaseɛnam a Yosef asoma de rebɛfa no no, wɔn agya Yakob ho sanee no.

28 Na Israel kaa sɛ: Ɛdɔɔso, me ba Yosef da so te ase. Mɛkɔ makɔhu no ansa na mawu.

Gyenesis 46

Yakob ne ne fiefoɔ kɔ Misraim

1 Na Israel ne deɛ ɔwɔ nyinaa sii mu, na ɔduruu Beer-seba, na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa n’agya Isak Nyankopɔn.

2 Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehunu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ɔse: Menie.

3 Na ɔse: Mene Onyankopɔn, w’agya Nyankopɔn no. Nsuro sɛ wobɛsiane akɔ Misraim, na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ wɔ hɔ.

4 Me ne wo bɛsiane akɔ Misraim, na mede wo asane aba nso, na Yosef deɛ, ne nsa so na wo bɛwuo.

5 Na Yakob sii mu firii Beer-seba; na Israel mma de wɔn agya Yakob ne wɔn mma ne wɔn yerenom tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma maa wɔde kɔfaa no no mu.

6 Na wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn ahodeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase soɔ no kɔɔ Misraim, Yakob ne n’asefoɔ nyinaa,

7 ne mmammarima ne ne mmammarima mma ne ne mmammaa ne ne mmammarima mmammaa ne n’asefoɔ nyinaa, na ɔne wɔn kɔɔ Misraim.

8 Na yeinom ne Israel mma a wɔkɔɔ Misraim no din, Yakob ne ne mma: Yakob abakan Ruben.

9 Na Ruben mmammarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

10 Na Simeon mmammarima ne: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Kanaanni baa ba Saulo.

11 Na Lewi mmammarima ne: Gerson, Kohat ne Merari.

12 Na Yuda mmammarima ne: Er, Onan, Sela, Peres ne Sera; (na Er ne Onan wuu Kanaan asase so.) Na Peres mmammarima ne: Hesron ne Hamul.

13 Na Isakar mmammarima ne: Tola, Puwa, Hiob ne Simron.

14 Na Sebulon mmammarima ne: Sered, Elon ne Yakleel.

15 (Yeinom ne Lea mmammarima a ɔwo maa Yakob wɔ Mesopotamia ne ne babaa Dina, ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa yɛ akra aduasa mmiɛnsa.)

16 Na Gad mmammarima ne: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.

17 Aser mmammarima ne: Yimna, Isua, Isui, Beria ne wɔn nuabaa Sera. Na Beria mmammarima ne: Heber ne Malkiel.

18 (Yeinom ne Silpa a Laban de no maa ne babaa Lea no mma a ɔwo maa Yakob, wɔyɛ akra dunsia.)

19 Yakob yere Rahel mmammarima ne: Yosef ne Benyamin.

20 Na Yosef mma a On sɔfoɔ Potifera babaa Asnat wo maa no Misraim asase soɔ ne: Manase ne Efraim.

21 Na Benyamin mmammarima ne: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.

22 (Yeinom ne Rahel mma a wɔwo maa Yakob, akra no nyinaa yɛ dunan.)

23 Na Dan babarima ne: Husim.

24 Na Naftali mmammarima ne: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.

25 (Yeinom ne Bilha a Laban de no maa ne ba Rahel no mma a ɔwo maa Yakob, akra no nyinaa yɛ baason).

26 Akra a wɔne Yakob kɔɔ Misraim a wɔfiri n’asene mu, Yakob mma yerenom mfram, akra no nyinaa yɛ aduosia nsia.

27 Na Yosef mma a wɔwoo wɔn Misraim no yɛ akra baanu. Yakob fie akra a wɔbaa Misraim no nyinaa yɛ aduɔson.

Yakob ne ne fiefoɔ kɔ Misraim

28 Na ɔsomaa Yuda dii n’anim kɔɔ Yosef nkyɛn sɛ ɔmmɛdi n’anim nkyerɛ no Gosen kwan. Na wɔduruu Gosen asase so.

29 Na Yosef siesiee ne nteaseɛnam kɔhyiaa n’agya Israel wɔ Gosen. Na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ no no, ɔsɔɔ ne kɔn mu, na ɔsui ara kyɛree wɔ ne kɔn ho.

30 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Afei a manya mahunu w’anim sɛ woda so te aseɛ yi, wɔmma menti nananom wɔ asamando.

31 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom ne n’agya fiefoɔ sɛ: Merekɔ makɔka akyerɛ Farao sɛ: Me nuanom ne m’agya fiefoɔ a wɔwɔ Kanaan asase soɔ no aba me nkyɛn.

32 Na nnipa no yɛ nnwanhwɛfoɔ, na mmoa na wɔyɛne, na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa aba.

33 Na sɛ Farao bɛfrɛ mo, na ɔbisa mo sɛ: Mo adwuma ne sɛn a?

34 Monse no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ firi yɛn mmɔfraase de bɛsi nnɛ, yɛn ne yɛn nananom, na moatena Gosen asase so, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ kyiri mmoahwɛfoɔ nyinaa.

Gyenesis 47

Yosef de n’agya ne ne nuanom mu bi kɔkyea Farao

1 Na Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ: M’agya ne me nuanom ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa firi Kanaan asase so aba, na hwɛ, wɔwɔ Gosen asase so.

2 Na ɔde ne nuanom mu baanum kɔgyinaa Farao anim.

3 Na Farao bisaa ne nuanom no sɛ: Mo adwuma ne sɛn? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ, yɛn ne yɛn nananom nso.

4 Na wɔka kyerɛɛ Farao bio sɛ: Yɛaba sɛ yɛrebɛtena asase yi soɔ, ɛfiri sɛ wo nkoa nnya adidibea mma wɔn nnwan, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu yɛ den wɔ Kanaan asase so. Enti afei yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen asase so.

5 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: W’agya ne wo nuanom aba wo nkyɛn.

6 Misraim asase na ɛda w’anim yi, asase no mu deɛ ɛyɛ no, ma w’agya ne wo nuanom ntena hɔ. Ma wɔntena Gosen asase so. Na sɛ wonim sɛ wɔn mu bi yɛ nsiyɛfoɔ a, fa wɔn si me mmoa a mewɔ so.

7 Na Yosef de n’agya Yakob kɔgyinaa Farao anim. Na Yakob hyiraa Farao.

8 Na Farao bisaa Yakob sɛ: Wo nkwa mu mfirinhyia yɛ ahe?

9 Na Yakob ka kyerɛɛ Farao sɛ: Me hɔhobea asetena mfirinhyia mu nna yɛ mfeɛ ɔha aduasa; me nkwa mfirinhyia mu nna yɛ kakraa bi ne amaneɛ nko, ɛnnuru me nananom nkwa mfirinhyia mu nna wɔ wɔn hɔhobea asetena nna mu.

10 Na Yakob hyiraa Farao, na ɔfirii Farao anim kɔe.

11 Na Yosef maa n’agya ne ne nuanom tenaberɛ, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ deɛ asase no yɛ, wɔ Rameses asase so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no.

12 Na Yosef bɔɔ n’agya ne ne nuanom ne n’agya fiefoɔ nyinaa akɔnhoma, sɛdeɛ abusua biara dodoɔ teɛ.

Ɛkɔm no

13 Na aduane nni asase biara so, na ɛkɔm no mu yɛɛ den yie maa Misraim asase ne Kanaan asase tɔɔ ɛkɔm no anim piti.

14 Na Yosef prapraa sika a ɛwɔ Misraim asase ne Kanaan asase soɔ nyinaa wɔ aburoo a wɔbɛtɔeɛ no mu, na Yosef de sika no kɔɔ Farao fie.

15 Na sika saa Misraimfoɔ ne Kanaanfoɔ ho no, Misraimfoɔ nyinaa baa Yosef nkyɛn sɛ: Ma yɛn aduane ɛ! Adɛn na sɛ sika asa nti, yɛnwuwu w’anim?

16 Na Yosef se: Momfa mo mmoa mmra, na sɛ mo sika asa a, mɛma mo bi magye mo mmoa.

17 Na wɔde wɔn mmoa bae, na Yosef maa wɔn aduane gyegyee apɔnkɔ, nnwan, anantwie ne mfunumu. Na ɔmaa wɔn aduane de gyee wɔn mmoa nyinaa afirinhyia no.

18 Na afe no twaa mu no, afe a ɛdi soɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhunta me wura sɛ yɛn sika asa na mmoa akuakuo no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko.

19 Adɛn nti na yɛn ne yɛn asase nwu w’anim? Tɔ yɛn ne yɛn asase, na ma yɛn aduane, na yɛde yɛn ho ne yɛn asase bɛsom Farao. Ma yɛn aduaba, na yɛntena ase, na yɛanwu amma asase yi anna mpan.

20 Na Yosef tɔɔ Misraim asase nyinaa maa Farao. Na Misraimfoɔ nyinaa tontɔnee wɔn mfuo, ɛfiri sɛ ɛkɔm no denee wɔn, na asase no danee Farao dea.

21 Na nkurɔfoɔ no deɛ, ɔdanee wɔn nkoa,ɛfiri Misraim hyeɛ so kɔsi hyeɛ so.

22 Gye asɔfoɔ nsase nko na wantɔ, ɛfiri sɛ na Farao ahyɛ kyɛfa bi ama asɔfoɔ no, na wɔdi wɔn kyɛfa a Farao de ma wɔn no nti, wɔantɔn wɔn asase.

23 Na Yosef ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: Monhwɛ, ɛnnɛ matɔ mo ne mo asase mama Farao, na hwɛ, mo aduaba a momfa nkɔdua asase no soɔ nie.

24 Na deɛ ɛbɛsoɔ no, momfa nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, na emu abupɛn nnan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mfuo mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fiefoɔ ne mo mma aduane.

25 Na wɔse: Woagye yɛn nkwa; ma yɛnnya me wura anim adom ara, na yɛbɛyɛ Farao nkoa.

26 Na Yosef hyɛɛ yei ho mmara wɔ Misraim a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ, sɛ wɔmfa Misraim asase so adeɛ biara nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, gye asɔfoɔ asase nko na anyɛ Farao dea.

Yakob adesrɛ a ɛtwa toɔ

27 Na Israel tenaa Misraim asase so wɔ Gosen, na wɔnyaa mu adeɛ, na wɔdɔree, na wɔn ase trɛɛ pa ara.

28 Na Yakob tenaa Misraim asase so mfeɛ dunson, na Yakob nna, ne nkwa mfirinhyia, yɛ mfeɛ ɔha aduanan nson.

29 Na Israel nna duruu sɛ ɔbɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa ka m’asene mu, na yɛ me adɔeɛ di me nokorɛ, na nsie me Misraim!

30 Ɛda a mɛtoa nananom no, soa me firi Misraim kɔsie me wɔ me nananom amusieeɛ. Na ɔbuaa sɛ: Mɛyɛ sɛdeɛ woaka yi.

31 Na ɔse: Ka me ntam. Na ɔkaa no ntam. Na Israel bɔɔ ne mu ase kyerɛɛ mpa no atifi.

Gyenesis 48

Yakob hyira Efraim ne Manase

1 Na nsɛm yi akyiri no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, w’agya yare. Na ɔfaa ne mmabarima baanu, Manase ne Efraim kaa ne ho.

2 Na wɔkɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ, wo ba Yosef reba wo nkyɛn. Na Israel miaa n’ani tenaa ne mpa so.

3 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ, na ɔhyiraa me

4 ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mɛma woadɔ, na mama woadɔɔso, mɛyɛ wo aman asafo, na mede asase yi bɛma w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyire no sɛ daa agyapadeɛ.

5 Na afei wo mma baanu a wowoo wɔn wɔ Misraim asase soɔ ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim no, wɔnyɛ me dea. Efraim ne Manase nyɛ me dea te sɛ Ruben ne Simeon.

6 Na wo mma a wobɛnya wɔn wɔ wɔn akyiri no na ɛnyɛ wo dea, na wɔde wɔn nuanom din bɛfrɛ wɔn wɔ wɔn agyapadeɛ mu.

7 Na me deɛ, mefiri Padan baeɛ no, Rahel wui m’anim wɔ Kanaan asase so wɔ kwan mu, na aka kwantiaa bi na wɔaduru Efrat, na mesiee no hɔ wɔ Efrat (a ɛne Betlehem) no kwan nkyɛn.

8 Na Israel hunuu Yosef mma no, ɔkaa sɛ: Hwannom nie?

9 Na Yosef ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɛyɛ me mma a Onyankopɔn de ama me wɔ ha yi. Ɛnna ɔse: Fa wɔn brɛ me ɛ ma menhyira wɔn.

10 Na enyini nti, na Israel ani so ayɛ no kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie. Na ɔde wɔn pinii ne nkyɛn; na ɔfee wɔn ano yɛɛ wɔn atuu.

11 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mansusu sɛ mɛhunu w’anim, na hwɛ, Onyankopɔn ama mahunu wo mma nso.

12 Na Yosef yii wɔn firii Yakob nantam, na ɔponoo ne mu de n’anim butuu fam.

13 Na Yosef faa wɔn baanu nyinaa de ne nifa sɔɔ Efraim mu de no kyerɛɛ Israel benkum, de ne benkum sɔɔ Manase mu de no kyerɛɛ Israel nifa, na ɔde wɔn pinii ne nkyɛn.

14 Na Israel tenee ne nifa too Efraim a ɔyɛ akumaa no atifi, ne ne benkum too Manase atifi, ɔboapa na ɔyɛɛ ne nsa saa, ɛfiri sɛ Manase ne abakan.

15 Na ɔhyiraa Yosef sɛ:

Onyankopɔn a me nananom Abraham ne Isak nantee n’anim no,

Onyankopɔn a wayɛne me me nkwa nna nyinaa de abɛsi nnɛ.

16 Ɔbɔfoɔ a ɔyii me bɔne nyinaa mu no, nhyira mmɔfra yi,

na wɔmfa me din ne me nananom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn,

na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase so.

17 Na Yosef hunuu sɛ n’agya de ne nsa nifa ato Efraim atifi no, anyɛ no dɛ, na ɔsɔɔ n’agya nsa sɛ ɔnyi mfiri Efraim atifi nkɔto Manase atifi.

18 Na Yosef ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, ɛnyɛ sɛ ɛteɛ ne no, na oyi ne abakan, fa wo nifa to n’atifi.

19 Na n’agya ampene, na ɔse: Menim, me ba, menim; ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔno nso ayɛ kɛse, nanso ne nua kumaa no bɛso asene no, na n’asefoɔ bɛyɛ aman pii.

20 Na ɛda no ɔhyiraa wɔn sɛ:

Wo na Israel de wo bɛhyira sɛ:

Onyankopɔn nyɛ wo sɛ Efraim ne Manase.

Na ɔde Efraim dii Manase kan.

21 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bɛdi mo akyi, na ɔde mo asane akɔ mo nananom asase so.

22 Na me deɛ, mama wo asase kɛseɛ bi a ɛboro wo nuanom deɛ soɔ a mede me nkrantɛ ne me tadua megyee no Amorifoɔ nsam.

Gyenesis 49

Yakob hyira ne mma

1 Na Yakob frɛɛ ne mma sɛ: Mommoaboa mo ano, na menka mo deɛ ɛbɛyɛ mo, nna a ɛdi akyire no mu.

2 Yakob mma, monhyia na montie,

montie mo agya Israel!

3 Ruben, m’abakan ne wo;

m’ahoɔden ne me mmaninyɛ asefire.

Woboro so anidie mu, woboro so tumi mu.

4 Wohinhim sɛ nsuo, enti wo kandie bɛfiri wo nsa,

ɛfiri sɛ woforoo w’agya nnaeɛ.

Ɛno mu na woguu ɛho fi, — me mpa na woforoeɛ!

5 Simeon ne Lewi yɛ anuanom.

Wɔn nkrantɛ yɛ aniɛden akodeɛ.

6 Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu,

na m’animuonyam nkɔfra wɔn asafo mu.

Ɛfiri sɛ wɔn abufuo mu na wɔkum nnipa,

na wɔn ahokyerɛ mu na wɔsɛee anantwie.

7 Wɔadome wɔn abufuo, sɛ ɛso,

ne wɔn anibereɛ, sɛ emu yɛ den.

Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu,

na mabɔ wɔn ahwete Israel mu.

8 Yuda, wo na wo nuanom bɛyi wo ayɛ;

wo nsa bɛtia w’atamfo kɔn so;

w’agya mma bɛkoto w’anim.

9 Gyata ba ne Yuda;

hanam so na wode anyini, me ba.

Ɔkotoe, ɔbutuu sɛ gyata ne gyatabereɛ;

hwan na ɔbɛhwanyan no?

10 Ahempoma remfiri Yuda nsa,

na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam

de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ

a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.

11 Ɔsa n’afunumu ba wɔ bobe mu,

ne n’afunumu bereɛ ba wɔ bobe pa mu.

Ɔsi n’atadeɛ wɔ nsa mu,

ne ne ntoma wɔ bobe aba mogya mu.

12 Bobesa bɛma n’ani ayɛ kɔɔ,

na nufosuo ama ne se ayɛ fitaa.

13 Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano,

na wahwɛ deɛ ahyɛn gyinagyina,

na ɔne Sidon abɔ hyeɛ.

14 Isakar yɛ afunumu hoɔdenfoɔ,

ɔbutu mmoaban ntam;

15 na ɔhunu sɛ homebea no yɛ

ne asase no sɛ ɛyɛ fɛ,

na ɔbrɛ ne mmatiri ase de gye adesoa,

na ɔde ɛsom adwuma ayi toɔ.

16 Dan bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn

sɛ Israel mmusuakuo mu biara.

17 Dan bɛyɛ ɔkwan so ɔwɔ,

tempɔn so ahuritia.

Ɔka ɔpɔnkɔ nantin,

na ne so tenafoɔ ahwe n’akyi.

18 AWURADE, wo nkwagyeɛ na mehwɛ no kwan.

19 Gad, asafo bi retoa no,

na ɔno nso atoa wɔn aka wɔn nantin.

20 Aser aduane bɛyɛ sradeduane,

na ɔbɛma ahennuane a ɛyɛ akɔnnɔ.

21 Naftali yɛ ɔforoteɛ a wɔato no sraha;

ɔka nsɛm dɛdɛ.

22 Yosef yɛ dua a ɛso aba mman,

dua a ɛso aba wɔ nsuo aniwa soɔ mman;

ne mman tratra ɔfasuo.

23 Mmɛmmatofoɔ hyɛɛ no yea,

wɔtotoo no, na wɔtaa no.

24 Nanso na ne tadua kura no pintinn,

na ne basa mu yɛɛ den.

Ɛfiri Yakob Tumfoɔ no nsam,

ɛfiri ɔhwɛfoɔ a ɔyɛ Israel botan no mu.

25 Ɛfiri w’agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo,

na ɛfiri Tweaduampɔn hɔ, ɔnhyira wo.

Ɔmfa ɔsorosoro nhyira,

ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ mu nhyira, ne nufoɔ

ne yafunu mu nhyira nhyira wo.

26 W’agya nhyira

ɛyɛ kɛseɛ boro daa daa mmepɔ no nhyira so

a ɛkɔduru tete nteredee nkokoɔ no ahyeɛso nohoa;

ɛmmra Yosef atifi,

deɛ wɔyii no firii ne nuanom mu no mpampam.

27 Benyamin yɛ pataku a ɔtete mmoa mu;

ɔdi hanam anɔpa,

na anwummerɛ nso ɔkyɛ asadeɛ mu.

28 Yeinom nyinaa ne Israel mmusuakuo dummienu no, na yei ne deɛ wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn de hyiraa wɔn. Sɛdeɛ wɔn nhyira teɛ mmaako mmaako na ɔhyiraa wɔn.

Yakob wuo ne ne sie

29 Na ɔhyɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka kumaa bi na maka m’ani agu so. Monkɔsie me me nananom nkyɛn, wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hetini Efron afuo mu no mu,

30 ɔbodan a ɛwɔ Makpela afuo soɔ Mamre ntentensoɔ wɔ Kanaan asase so, asase a Abraham tɔeɛ wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ amusieeɛ no mu.

31 Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara, ɛhɔ na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na ɛhɔ na mesiee Lea.

32 Afuo no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no, wɔtɔɔ no Het mma nsam.

33 Na Yakob hyɛɛ ne mma nsamanseɛ wieeɛ no, ɔboaa ne nan ano guu mpa no so, na ɔguu n’ahome a ɛdi akyire, na ɔtii ne nananom wɔ asamando.

Gyenesis 50

1 Na Yosef de n’anim kɔbutuu n’agya anim, na ɔsu guu ne so, na ɔfee n’ano.

2 Na Yosef hyɛɛ ne nkoa a wɔhyɛ amu aduro sɛ wɔnhyɛ n’agya mu aduro. Na wɔhyɛɛ Israel mu aduro.

3 Na wɔdii ho adaduanan, nna a wɔde wie adurohyɛ no ne no. Na Misraimfoɔ suu no adaduɔson.

4 Na nna a wɔde suu no no twaa mu no, Yosef ka kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ: Sɛ manya adom wɔ mo anim a, monkɔyi Farao asotire sɛ:

5 M’agya maa mekaa no ntam sɛ: Hwɛ, merewu, na ɛda a mabɔ no Kanaan asase so mafa no mu, ɛhɔ na kɔsie me. Enti afei ma menkɔ menkɔsie m’agya, na mensane memmra.

6 Na Farao kaa sɛ: Kɔ, na kɔsie w’agya, sɛdeɛ ɔmaa wokaa ntam no.

7 Na Yosef kɔɔ sɛ ɔrekɔsie n’agya; na Farao nkoa nyinaa, ne fie mpanimfoɔ ne Misraim asase so mpanimfoɔ nyinaa

8 ne Yosef fiefoɔ nyinaa ne ne nuanom ne n’agya fiefoɔ kaa ne ho kɔe, gye wɔn mma ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie na wɔgyaa wɔn Gosen asase no soɔ.

9 Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne no kɔe; na ɛyɛ dɔm kɛseɛ.

10 Na wɔduruu Atad ayuporebea a ɛwɔ Yordan agya nohoa no, wɔtwaa kwadwom kɛseɛ a emu yɛ den wɔ hɔ, na ɔgyam n’agya nnanson.

11 Na ɛhɔfoɔ, Kanaanfoɔ no, hunuu esu a wɔsuu no Atad ayuporebea hɔ no, wɔkaa sɛ: Yei deɛ, Misraimfoɔ ayie a emu yɛ den nie. Enti wɔfrɛ hɔ sɛ Abel-misraimɛwɔ Yordan agya nohoa.

12 Na ne mma yɛɛ no sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn no.

13 Na ne mma soaa no kɔɔ Kanaan asase so kɔsiee no wɔ Makpela afuo so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentensoɔ a Abraham tɔɔ ɛne afuo no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asieeɛ no mu.

14 Na Yosef siee n’agya wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔne no kɔsiee n’agya no nyinaa sane baa Misraim.

Yosef ma ne nuanom awerɛhyɛmu

 

15 Na Yosef nuanom hunuu sɛ wɔn agya awuo no, wɔkaa sɛ: Ebia Yosef bɛtane yɛn, na watua yɛn bɔne a yɛyɛɛ no nyinaa so ka.

16 Na wɔmaa wɔkɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: W’agya hyɛe ansa na ɔrewuo sɛ:

17 Monka nkyerɛ Yosef sɛ: Mesrɛ wo, fa wo nuanom amumuyɛ ne wɔn bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔayɛ wo bɔne. Na afei yɛsrɛ wo, fa w’agya Nyankopɔn nkoa amumuyɛ no kyɛ wɔn. Na wɔkaa saa kyerɛɛ Yosef no, ɔsui.

18 Na ne nuanom nso ba bɛtwa hwee n’anim kaa sɛ: Hwɛ, yɛyɛ wo nkoa.

19 Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro, na megyina Nyankopɔn ananmu anaa?

20 Na mo deɛ modwenee me ho bɔne nanso Onyankopɔn deɛ, na ɔde rebɛyɛ papa. Sɛ ɔbɛyɛ deɛ ada adi nnɛ yi, na ɔbɛgye nnipa pii nkwa.

21 Na afei monnsuro; na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyeree wɔn werɛ kaa wɔn akoma too wɔn yam.

Yosef wuo

 

22 Na Yosef ne n’agya fiefoɔ tenaa Misraim, na Yosef dii mfirinhyia ɔha ne du.

23 Na Yosef hunuu Efraim mmanana. Manase ba Makir mma nso, wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so.

24 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.

25 Na Yosef maa Israel mma kaa ntam na ɔkaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na monsoa me nnompe mfiri ha nkɔ.

26 Na Yosef wui, berɛ a na wadi mfirinhyia ɔha ne du. Na wɔhyɛɛ ne mu aduro, na wɔde no too adaka mu wɔ Misraim.