Yosua 1

Onyankopɔn yi Yosua na ɔkyerɛ no deɛ ɔnyɛ

1 Na AWURADE akoa Mose wuo akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfoɔ no sɛ:

2 M’akoa Mose awu; afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mu yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfoɔ, no so.

3 Baabiara a mo nan bɛtia no, mo na mede mama mo, sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Mose no,

4 ɛfiri serɛ no so ne Lebanon yi ho de kɔsi asu kɛseɛ no, Asubɔntene Eufrate ano, Hetifoɔ asase nyinaa de kɔsi ɛpo kɛseɛ no ano wɔ deɛ owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hyeɛ.

5 Obiara biara rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.

6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no mu ama ɔman yi.

7 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.

8 Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anomu, na dwene ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ no wɔ mu nyinaa teɛ no: Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ɛbɛsi wo yie.

9 Menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma w’akoma nntu anaa? Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi deɛ wokorɔ nyinaa.

10 Ɛnna Yosua hyɛɛ ɔman no ahwɛfoɔ no sɛ:

11 Momfa nsraban no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Monsiesie akwansoduane nsie, na ɛha yi nnansa morebɛtwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no.

12 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no deɛ, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

13 Monkae asɛm a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de mo atena ase, na ɔde asase yi ama mo;

14 mo yerenom, mo mma ne mo mmoakuo ntena asase a Mose de maa mo Yordan agya yi so, na mo deɛ, monni mo nuanom anim amia mu, akofoɔ nyinaa, na monni mmoa wɔn,

15 nkɔsi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wɔbɛdi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasane aba mo sodie asase no so abɛdi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapueeɛ hɔ no.

16 Na wɔbuaa Yosua sɛ: Deɛ woahyɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ, na baabiara a wosoma yɛn no, yɛbɛkɔ.

17 Sɛdeɛ yɛtiee Mose, ade nyinaa mu no, saa ara na yɛbɛtie woɔ; die na AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyire, sɛdeɛ ɔdii Mose akyire no.

18 Obiara a ɔbɛte w’anomu asɛm ho atua na ɔrentie wo nsɛm, deɛ wobɛhyɛ yɛn nyinaa mu no, wɔnku no. Den ara nko na wo ho nyɛ, na yɛ nnam.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

14 − ten =