Daniel 2

Nebukadnessar daeɛso: Ohoni Mfrafraeɛ no

1 Na Nebukadnessar ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔsosoo daeɛ bi, na ne honhom ho yeraa no, na n’ani soroe.

2 Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim.

3 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Maso daeɛ bi, na me honhom ho yera me sɛ mɛkae daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ.

4 Ɛnna Kaldeafoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene wɔ Aramaik kasa mu sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Ka wo daeɛ no kyerɛ wo nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.

5 Ɔhene bua see Kaldeafoɔ no sɛ: Deɛ maka no ara na maka: Sɛ moankyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔadane mo afie sumina.

6 Na sɛ mokyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, mobɛnya me hɔ akyɛdeɛ, ayɛyɛdeɛ ne anidie kɛseɛ. Enti monkyerɛ me daeɛ no ne n’ase.

7 Wɔbuaa bio sɛ: Ma ɔhene nka daeɛ no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.

8 Ɔhene buaa sɛ: Menim ampa sɛ moresɛe me berɛ, ɛsiane sɛ monim sɛ mekasa a mennane akyire.

9 Sɛ moankyerɛ me daeɛ no a, adeɛ rebɛyɛ mo, ɛfiri sɛ moadwene atorosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka no m’anim de akɔsi sɛ mɛsesa m’adwene; enti monka daeɛ no nkyerɛ me, na menhunu sɛ mobɛtumi akyerɛ me aseɛ.

10 Kaldeafoɔ no buaa ɔhene sɛ: Onipa biara nni asase so a ɔbɛtumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛseɛ ne owura ne otumfoɔ biara mmisaa nkonyaayifoɔ, pɛadeahununi ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.

11 Na asɛm a ɔhene rebisa yi yɛ den dodo, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ no ɔhene anim, gye anyame a wɔn tenabea nni honam mufoɔ nkyɛn.

12 Yei nti ɔhene bo fui, na n’ani beree kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnkum Babel anyansafoɔ nyinaa.

13 Enti mmara no baa sɛ wɔnkum anyansafoɔ no; na wɔhwehwɛɛ Daniel ne ne mfɛfoɔ no sɛ wɔrebɛku wɔn.

14 Ɛnna Daniel de kasa pa ne nyansa ne ɔhene safohene Ariok a ɔfirii sɛ ɔrekɔkum Babel anyansafoɔ no kasae;

15 sɛ: Adɛn nti na ɔhene hyɛɛ mmara a ɛyɛ den seyie? Ɛnna Ariok kaa asɛm no kyerɛɛ Daniel.

16 Na Daniel kɔ kɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔmma no berɛ na wakyerɛ no daeɛ no ase.

17 Ɛnna Daniel firi kɔɔ ne fie, na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ne mfɛfoɔ Hanania, Misael ne Asaria,

18 sɛ wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn hɔ mmɔborɔhunu, ahuntasɛm no ho, na wɔankum Daniel ne ne mfɛfoɔ anka Babel anyansafoɔ a aka no ho.

19 Ɛnna wɔyii ahuntasɛm no kyerɛɛ Daniel anadwo anisoadehunu mu. Ɛnna Daniel hyiraa ɔsoro Nyankopɔn;

20 Daniel kaa sɛ:

Nhyira nka Nyankopɔn din daa daa,

sɛ nyansa ne tumi, ɔno na ɛwɔ no;

21 ɔno na ɔsakyera berɛ ne nna;

ɔtu ahene, na ɔsi ahene,

ɔma anyansafoɔ nyansa,

na ɔma wɔn a wɔnni nhunumu nimdeɛ;

22 ɔyi deɛ emu dɔ ne deɛ ahunta adi,

ɔnim deɛ ɛwɔ esum mu,

na hann ne no na ɛteɛ.

23 Wo, m’agyanom Nyankopɔn,

na meda wo ase meyi wo ayɛ,

sɛ woama me nyansa ne tumi,

na afei woayi deɛ yɛsrɛɛ woɔ akyerɛ me,

sɛ woama yɛahunu ɔhene daeɛ no.

Daniel kyerɛ daeɛ no ase

24 Ɛno nti Daniel kɔɔ Ariok a ɔhene ayi no sɛ ɔnkum Babel anyansafoɔ no nkyɛn; ɔkɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: Babel anyansafoɔ no, nkum wɔn! Fa me kɔ ɔhene anim, na menkɔkyerɛ no aseɛ.

25 Ɛnna Ariok yɛɛ ntɛm de Daniel kɔɔ ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mahunu Yuda atukɔfoɔ no mu barima bi a ɔbɛkyerɛ ɔhene daeɛ no aseɛ.

26 Ɔhene bisaa Daniel a ne din de Beltesasar sɛ: Wobɛtumi akyerɛ me daeɛ a mesoeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ?

27 Daniel buaa ɔhene sɛ: Ahuntasɛm a ɔhene rebisa no, anyansafoɔ, pɛadeahunufoɔ, nkonyaayifoɔ nyankonnekyerɛfoɔ rentumi nkyerɛ ɔhene;

28 nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔyi ahuntasɛm adie, na wakyerɛ Ɔhene Nebukadnessar deɛ ɛrebɛba daakye. Wo daeɛ ne w’anisoadeɛ a woda wo mpa soɔ no wohunuiɛ no nie:

29 Ɔhene, wodwenee nnoɔma pii ho wɔ wo mpa so, deɛ yei akyi ɛbɛba no ho, na deɛ ɔyi ahuntasɛm adie no ama woahunu deɛ ɛrebɛba no.

30 Na me deɛ, ɛnyɛ nyansa a ɛwɔ me mu sene ateasefoɔ nyinaa nti na wɔayi ahuntasɛm yi akyerɛ me, na deɛ ɛbɛyɛ na wɔakyerɛ ɔhene nkyerɛaseɛ no, na woahunu w’akoma mu nsusuiɛ no nti.

31 Wo, ɔhene, wohwɛe, na hwɛ, na ohoni kɛseɛ bi nie: Ohoni no so, na ɛhran hyɛnn; ɛgyinaa w’anim na ɛho yɛ hu.

32 Ohoni no nie: Ne tiri yɛ sika pa, ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ, ne yafunu ne n’asene yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

33 N’asrɛ yɛ dadeɛ, ne nan mu bi yɛ dadeɛ, na emu bi yɛ dɔteɛ.

34 Wohwɛ ara kɔsii sɛ ɔboɔ bi a nsa biara nkura mu te bɛbɔɔ ohoni no nan a ɛyɛ dadeɛ ne dɔteɛ no, na ɛbubuu no muhumuhu;

35 ɛnna dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dwetɛ ne sika no bubuu muhumuhu prɛko pɛ, na ɛyɛɛ sɛ ahuhuberɛ mu ayuporebea so ntɛtɛ, na mframa sesa kɔe, na wɔanhunu wɔn baabiara bio. Na ɔboɔ a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔ kɛseɛ, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.

36 Daeɛ no nie, na yɛbɛka ne nkyerɛaseɛ nso akyerɛ ɔhene.

37 Wo, ɔhene, woyɛ ahene mu hene a ɔsoro Nyankopɔn de ahennie, tumi, ahoɔden ne animuonyam ama woɔ,

38 na baabiara a nnipa mma, wiram mmoa ne ewiem nnomaa teɛ no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no.

39 Na w’akyi na ahennie foforɔ bɛsɔre a ɛnnuru wo deɛ no ne ahennie a ɛtɔ so mmiɛnsa foforɔ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɛbɛdi asase nyinaa soɔ.

40 Na ahennie a ɛtɔ so nnan no bɛyɛ den sɛ dadeɛ; na sɛdeɛ dadeɛ bubu na ɛyam adeɛ a ɛbɔ so nyinaa no, saa ara na ahennie a ɛtɔ so nnan no bɛbobɔ ahennie a ɛdi kan no nyinaa.

41 Na sɛdeɛ wohunuu nan ne nansoaa a emu bi yɛ ɔnwomfoɔ dɔteɛna emu bi yɛ dadeɛ no, ɛbɛyɛ ahennie a emu apaepaeɛ, nso dadeɛ denyɛ no bɛtena mu, sɛdeɛ wohunuu sɛ dɔteɛ afrafra dadeɛ no mu no.

42 Na nansoaa a emu bi yɛ dadeɛ na ebi yɛ ɛfa no, ahennie no fa bi bɛyɛ den, na emu bi bɛyɛ mmerɛ;

43 na sɛdeɛ wohunuu dɔteɛ sɛ afrafra dadeɛ no, nnipa no bɛdi afra, wɔn asefoɔ mu, na wɔremfemfam wɔn ho, sɛdeɛ dadeɛ nnya dɔteɛ mu afraeɛ no.

44 Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.

45 Ɛno nti sɛdeɛ wohunuu sɛ ɔboɔ a nsa anka te firii bepɔ no ho, na ɛbɛbubuu dadeɛ, kɔbere mfrafraeɛ, ɛfa, dwetɛ ne sika no muhumuhu no, saa ara na Onyankopɔn kɛseɛ no akyerɛ ɔhene deɛ daakye ɛbɛba; na daeɛ no wom na ne nkyerɛaseɛ yɛ nokorɛ.

Ɔhene bɔ Daniel aba so

46 Ɛno na Ɔhene Nebukadnessar de n’anim butuu fam, na ɔkotoo Daniel, na ɔkaa sɛ wɔmmɔ no Daniel aduane afɔdeɛ ne ohwam afɔdeɛ.

47 Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo wura ne deɛ ɔyi ahuntasɛm adie, sɛ woatumi ayi saa ahuntasɛm yi adie.

48 Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛseɛ, na ɔmaa no ayɛyɛdeɛ akɛseɛ bebree, na ɔmaa no dii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafoɔ nyinaa so mpanimfoɔ mu titire.

49 Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego yeyɛɛ Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ. Na Daniel deɛ, ɔtenaa ɔhene aban mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

8 − two =