Gyenesis 17

Apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ

1 Na Abram dii mfirinhyia aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no kaa sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, nante m’anim, na yɛ pɛ.

2 Na mɛma m’apam ada me ne wo ntam, na mama woadɔ kɛse no ara.

3 Na Abram daa hɔ de n’anim butuu fam; na Onyankopɔn ne no kasaa sɛ:

4 Me deɛ, hwɛ, m’apam da hɔ ma wo, na mɛyɛ wo aman pii agya.

5 Na wɔremfrɛ wo din Abrambio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham,ɛfiri sɛ mayɛ wo aman pii agya.

6 Na mɛma woadɔ pii pa ara, na mɛyɛ wo aman, na ahemfo afiri wo mu.

7 Na mɛma me ne wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no apam agyina wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu, na ayɛ daa apam, na mayɛ wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no Nyankopɔn.

8 Na mede asase a woyɛ so hɔhoɔ yi, Kanaan asase nyinaa, bɛma wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire, sɛ daa agyapadeɛ, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.

9 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo deɛ, di m’apam so, wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyi wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu.

10 Yei ne me ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no ntam apam a monni soɔ: Wɔntwitwa mo mu mmarima nyinaa twetia.

11 Na montwitwa mo ho twetia, na ayɛ me ne mo ntam apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ.

12 Na ɔbabarima biara a wadi nna nwɔtwe no, montwa no twetia mo awoɔ ntoatoasoɔ mu, deɛ wɔawo no fie ne deɛ wɔde sika tɔɔ no wɔ ɔhɔhoɔ biara a ɔnyɛ w’aseni nkyɛn.

13 Twa deɛ wɔawo no wɔ wo fie ne deɛ wɔde wo sika tɔɔ no twetia, na m’apam atena mo honam mu sɛ daa apam.

14 Na ɔbarima momonoto biara a wɔntwaa no twetia no, saa onipa no wɔbɛtwa no afiri ne man mu, ɛfiri sɛ wato m’apam.

15 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo yere Sarai deɛ, mfrɛ no Sarai bio, na mmom Sara.

16 Na mɛhyira no, na mama wo ne mu ɔba nso, ampa ara, mɛhyira no. Ɔbɛyɛ aman, na aman ahemfo bɛfiri ne mu.

17 Na Abraham de n’anim butuu fam seree, na ɔkaa no n’akomam sɛ: Yee! Wɔbɛwo ɔba ama deɛ wadi mfirinhyia ɔha, na Sara a wadi mfeɛ aduɔkron no bɛwo anaa?

18 Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: O, ɛnneɛ anka ma Ismael nya w’anim adom ɛ!

19 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ampaneampa, wo yere Sara bɛwo ɔba ama wo, na woato ne din Isak.Na mɛma me ne no apam no agyina ayɛ daa apam ama n’asefoɔ a ɛbɛdi n’akyire no.

20 Na Ismael ho deɛ, matie wo. Hwɛ, mɛhyira no, na mama no awo, na wadɔɔso pii pa ara. Atitire dummienu na ɔbɛwoɔ, na mayɛ no ɔman kɛseɛ.

21 Na m’apam deɛ, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afeda sɛsɛɛ no na ɛbɛpam ama no agyina.

22 Na ɔne no wiee kasa no, Onyankopɔn firii Abraham nkyɛn kɔɔ ɔsoro.

23 Na Abraham faa ne ba Ismael ne wɔn a wɔawo wɔn wɔ ne fie ne wɔn a ɔde ne sika tɔɔ wɔn nyinaa, Abraham fiefoɔ mu mmarima nyinaa, na ɔtwitwaa wɔn twetia da no ara, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.

24 Na Abraham adi mfirinhyia aduɔkron nkron na wɔtwaa no twetia.

25 Na ne ba Ismael adi mfeɛ dummiɛnsa na wɔtwaa no twetia.

26 Da no ara na wɔtwitwaa Abraham ne ne ba Ismael twetia.

27 Na ne fie mmarima nyinaa, wɔn a wɔwoo wɔn ne fie ne wɔn a wɔde sika totɔɔ wɔn wɔ ahɔhoɔ nkyɛn, wɔtwitwaa wɔn twetia kaa ne ho.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

seven − two =