Deuteronomium 24

Awareɛ ne awaregyaeɛ ho mmara

1 Sɛ ɔbarima bi ware yerɛ, na ɛba sɛ n’ani nnye ɔbaa no ho a, ɛfiri sɛ wahunu ne ho aniwudeɛ bi a, ɛnneɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ nwoma mma no na ɔmfa nhyɛ ne nsa, na ɔnnya no kwan mfiri ne fie.

2 Na sɛ ɔfiri ne fie kɔ na ɔkɔware ɔbarima bi,

3 na ekunu foforɔ no nso mpɛ no, na ɔtwerɛ awaregyaeɛ nwoma ma no de hyɛ ne nsa na ɔgya no kwan firi ne fie, anaasɛ ekunu a ɔwaree no akyire yi no wu a,

4 ɛnneɛ ne kane kunu a ɔgyaa no kwan no nnsane mmmɛware no bio, ne ho figuo no akyi, ɛfiri sɛ ɛno yɛ AWURADE anim akyiwadeɛ, na mfa bɔne ngu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so.

Mmara ahodoɔ bi

5 Sɛ ɔbarima bi ware yerɛ foforɔ a, ɔnnkɔ ɔsa, na wɔmmfa adwuma biara nnto ne so; na ɔnne ne ho wɔ ne fie afirinhyia, na ɔne ne yere a ɔwaree no no ani nnye.

6 Obi nnnye oyuyammoɔ ne ne ba sɛ awowa deɛ; sɛ ɛba saa a na onii no regye nkwa sɛ awowadeɛ.

7 Sɛ wɔhunu obi a ɔwia ne nuanom Israelfoɔ mu nipa bie na ɔdi no nya anaasɛ ɔtɔn no a, ɛnneɛ owifoɔ no nwu; na yi bɔne no firi wo mu.

8 Hwɛ yie kwata yadeɛ ho, na woahwɛ ayɛ sɛdeɛ asɔfoɔ Lewifoɔ no bɛkyerɛ mo no nyinaa pɛpɛɛpɛ; sɛdeɛ mehyɛɛ wɔn no, saa na monhwɛ nyɛ.

9 Kae deɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Miriam wɔ kwan soɔ, berɛ a mofiri Misraim reba no.

10 Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nhyɛne ne dan mu nkɔgye n’awowa;

11 adihɔ na gyina, na onipa a wofɛm no adeɛ no mfa awowa no mmrɛ wo wɔ adihɔ.

12 Na sɛ ɔyɛ onipa a ɔdi hia a, mfa n’awowa no nna;

13 owia kɔtɔ a, dane awowa no kɔma no, na ɔmfa ne ntoma nna, na ɔnhyira wo, na ɛnyɛ wo tenenee wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim.

14 Nhyɛ ɔpaani, mmɔborɔni ne ohiani a ɔfiri wo nuanom anaa ahɔhoɔ a wɔwɔ w’asase soɔ, wo nkuro mu no so.

15 Da a ɔyɛ adwuma no ara na ma no n’apaadeɛ, na mma owia nnkɔtɔ so, ɛfiri sɛ ɔdi hia, na ɔde n’ani ato so; na wansu amfrɛ AWURADE antia wo, na annane wo bɔne.

16 Wɔnnkum nananom wɔ wɔn mma bɔne so nti, na wɔnnkum mma wɔ wɔn nananom bɔne so nti; na obiara bɔne nti na wɔnku no.

17 Nkyea ɔhɔhoɔ anaa awisiaa atɛn, na nnye okunafoɔ atadeɛ awowa.

18 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo firii hɔ, enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi soɔ.

19 Sɛ wotwa w’aduane w’afuo mu na wo werɛ firi afi bi afuo mu hɔ a, nsane nkɔfa; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo wɔ wo nsa ano adwuma nyinaa mu.

20 Sɛ wopore wo ngo dua a, nsane nkɔtwee so; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ.

21 Sɛ wote wo bobeturom aba a, nsane nkɔdi so mpɛpɛ; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ.

22 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so; enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi soɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

12 + 8 =