Yosua 2

Rahab gye akwansrafoɔ no

1 Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ.

2 Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wɔfiri Israelfoɔ no mu aba ha anadwo yi rebɛsra asase yi.

3 Na Yeriko hene no soma maa wɔkɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔabɛhyɛne wo fie no firi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa nsra.

4 Na ɔbaa no faa mmarima baanu no de wɔn huntae; na ɔkaa sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn deɛ, nanso mennim deɛ wɔfire;

5 na esum duruiɛ a wɔrebɛto kuro pono no mu no, na mmarima no firii adie; mennim deɛ wɔkorɔ. Monti wɔn ntɛm, na mobɛto wɔn.

6 Na ɔno deɛ, na ɔde wɔn akɔ ɛdan atifi na ɔde wɔn akɔhunta ɛsowa a ɔde aboa ɛdan no atifi no ase.

7 Na mmarima no tii wɔn faa Yordan kwan so de kɔɔ atwaeɛ; na wɔn a wɔtii wɔn no firii adie ara pɛ, na wɔtoo kuro pono no mu.

8 Na wɔn deɛ, wɔnnya nkɔdaeɛ no, ɔbaa no foro kɔɔ wɔn nkyɛn ɛdan no atifi

9 kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Menim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefoɔ nyinaa akoma tu mo anim.

10 Na yɛate sɛdeɛ mo Misraim fire mu no AWURADE maa Ɛpo Kɔkɔɔ mu nsuo wee wɔ mo anim ne deɛ moyɛɛ Amorifoɔ ahene baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasapasa no.

11 Na yɛteeɛ no, yɛn akoma tuiɛ, na home bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.

12 Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yie yi, mo nso mobɛyɛ m’agya fie yie, na momma me nokorɛ nsɛnkyerɛnneɛ,

13 na momma m’agya ne me na ne me nuammarimanom ne me nuammaanom ne deɛ wɔwɔ nyinaa nnya nkwa, na monyi yɛn kra mfiri owuo mu.

14 Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu, sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bɛdi no adɔeɛ ne nokorɛ so.

15 Ɛnna ɔbaa no de ntampehoma twetwee wɔn faa mpomma mu sisii fam, na na ne dan si kuro no ho fasuo so, na ɔfasuo no so na ɔteɛ.

16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Bepɔ so na monkorɔ, na atifoɔ no anto mo, na monhunta hɔ nnansa nkɔsi sɛ atifoɔ no bɛsane, na ɛno akyiri no moakɔ mo kwan.

17 Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛbɛdi bem afiri ntam a womaa yɛkaeɛ yi ho.

18 Hwɛ, sɛ yɛreba asase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ homa yi kyekyere mpomma a wode yɛn faa mu sii fam no mu. Na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fiefoɔ nyinaa ano wo nkyɛn wɔ efie ha,

19 na obiara a ɔbɛfiri adi afiri wo fie pono ano akɔ abɔntene soɔ no, ne mogya bɛgu n’atifi, na yɛn deɛ, yɛadi bem; na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn efie no, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya ngu yɛn atifi.

20 Na sɛ woka yɛn asɛm yi kyerɛ a, ɛno nso yɛbɛdi bem afiri ntam a womaa yɛkaeɛ no ho.

21 Na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ sɛdeɛ mo nsɛm yi teɛ. Na ɔgyaa wɔn kwan na wɔkɔe; na ɔde homa kɔkɔɔ no kyekyeree mpomma no mu.

22 Ɛnna wɔsii mu kɔduruu bepɔ no soɔ, na wɔdii hɔ nnansa kɔsii sɛ atifoɔ no saneeɛ. Na atifoɔ no hwehwɛɛ wɔn ɔkwan no so nyinaa, nanso wɔanhu wɔn.

23 Na mmarima baanu no siane firii bepɔ no so, na wɔtwa baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔkaa deɛ ɛyɛɛ wɔn nyinaa kyerɛɛ no,

24 na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two + two =