Yesaia 61

Awerɛkyekyerɛ a ɛbɛba no 1 Awurade NYANKOPƆN honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ, 2 na mempae AWURADE anisɔ afe ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no, menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa […]

Yesaia 62

Sion daakye animuonyam 1 Sion nti meremmua m’ano, na Yerusalem nti merenyɛ komm, de bɛkɔ akɔsi sɛ ne tenenee bepue sɛdeɛ adekyeeɛ haran, na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ tɛnee. 2 Na amanaman bɛhunu wo bembuo, na ahemfo nyinaa ahunu w’animuonyam, na wɔato wo din foforɔ a AWURADE ano bɛkyerɛ no. 3 Na wobɛyɛ ahokeka abotire, […]

Yesaia 63

AWURADE tiatia atamfoɔ no so 1 Hwan ne oyi a ɔfiri Edom reba, deɛ ne ntadeɛ bere kɔɔ a ɔfiri Bosra reba yi? Oyi a wahuhuru wɔ n’aduradeɛ mu, na ɔkyea, ne tumi kɛseɛ mu yi? Ɛyɛ me a mereka ahosan akyerɛ, Otumfoɔ a ɔgye nkwa. 2 Adɛn na w’aduradeɛ bere sɛɛ, na wo ntadeɛ […]

Yesaia 64

1 O, sɛ wosunsuane ɔsoro mu siane na mmepɔ woso w’anim ɛ! 2 Sɛ ogya sɔ mmaboa na ogya ma nsuo huru, na woama w’atamfo ahunu wo din, na amanaman ho apopo, w’anim! 3 Woyɛɛ nnoɔma a ɛyɛ hu a na yɛnhwɛɛ; anim no, wosiane sii fam na mmepɔ wosoo w’anim! 4 Na ɛfiri tete […]

Yesaia 65

Atemmuo ho nkɔmhyɛ 1 Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wɔbɛhu me. Mekaa sɛ: Menie, menie, mekyerɛɛ ɔman a wammɔ me din no. 2 Mebaee me nsam daa nyinaa mekyerɛɛ ɔman asobrakyefoɔ, wɔn a wɔnam ɔkwan a ɛnyɛ so di wɔn […]

Yesaia 66

Nyaatwomfoɔ asotwe 1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɛdan bɛn na mobɛsi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ? 2 Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho […]