Yesaia 20

Asiriafoɔ nkonimdifoɔ no 1 Afe a Tartan baa Asdod, berɛ a Asiriahene Sargon somaa no na ɔne Asdod koeɛ na ɔfaeɛ no, 2 ɛberɛ no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kaa sɛ: Kɔ na kɔyi ayitoma no firi w’asene mu, na sane wo mpaboa firi wo nan ase: Na ɔyɛɛ saa […]

Yesaia 21

Babel, Edom ne Arabia ho atemmusɛm 1 Mpoano serɛ ho atemmusɛm nie: Sɛdeɛ ahum tutu firi Negeb ba no, saa ara na ɛfiri serɛ soɔ, ɛfiri asase a ɛso yɛ hu so ba. 2 Anisoadehunu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfomfafoɔ refom fa, ɔsɛefoɔ resɛesɛe. O Elam, foro bra! O Media, bɛka no […]

Yesaia 22

Yerusalem tenetene 1 Adehunu bonhwa no ho atemmusɛm. Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi? 2 Wo a huuyɛ ayɛ wo ma, hooyɛ kuro, ahosɛpɛ kuro, w’atɔfoɔ antotɔ afena ano, na wɔanwuwu ɔko mu. 3 Wo mmapɔmma nyinaa abom adwanedwane kɔ; ɛnyɛ tadua na wɔde kyeree wɔn. Wo nnipa […]

Yesaia 23

Tiro ho atemmusɛm 1 Tiro ho atemmusɛm. O, mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo, ɛfiri sɛ wɔasɛe no a efie nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Ɛfiri Kipro asase so na wɔyi kyerɛ wɔn. 2 Mo mpoanofoɔ, monyɛ komm! Sidon adwadifoɔ a wɔtwa po no yɛɛ wo ma; 3 na wɔfaa nsuo bebree so de […]

Yesaia 24

Asase ho atemmusɛm 1 Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama no ada mpan, na wadane ani abutu, na wabɔ ɛsofoɔ apete, 2 na ayɛ ɔman no sɛ ɔsɔfoɔ, akoa sɛ ne wura, afenaa sɛ n’awuraa, ɔtɔfoɔ sɛ ɔtɔnfoɔ, ɔdefirini sɛ ɔdefɛmni, ɔkafoɔ sɛ ɔkafoni. 3 Wɔbɛsɛe asase pasapasa, na wɔafom no pasaa afa, ɛfiri sɛ AWURADE […]

Yesaia 25

AWURADE mmoa ho nkamfoɔ 1 AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so na makamfo wo din sɛ woayɛ anwanwadeɛ; tete nteredee agyinatuo atim ayɛ nokorɛ. 2 Na woadane kuro nkunkumaboɔkuo, woama abandenden ayɛ abansini; ananafoɔ aban afɛfɛ nyɛ kuro bio, na wɔrento bio da biara da. 3 Enti ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo […]

Yesaia 26

Nyankopɔn man no anidasoɔ 1 Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase soɔ sɛ: Kuro a ɛyɛ den wɔ yɛn, ɔde nkwagyeɛ ayɛ afasuo ne epie. 2 Monhini apono no na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne mu. 3 Deɛ n’adwene tim wo soɔ na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu, ɛfiri […]

Yesaia 27

Aman akɛseɛ no asebrɛ 1 Ɛda no na AWURADE de n’afena denden a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ, dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum ɛpo mu ɔtweaseɛ kɛseɛ no. 2 Ɛda no, monto bobe turo fɛfɛ no ho dwom: 3 Me, […]

Yesaia 28

Efraim ne Yuda ho atemmusɛm 1 Efraim nsabofoɔ ahantan abotire, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue, kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no. 2 Hwɛ, AWURADE wɔ ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ bi, sɛ asukɔtweaa a ɛreguo, ahum a ɛsɛe adeɛ; ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ […]

Yesaia 29

Yerusalem huyie ne ne nkwagyeɛ 1 Due, Ariel, Ariel, kuro a Dawid bɛtenaa mu no! Momfa afe nka afe ho, momma afahyɛ ntwa nhyia. 2 Na mɛma Ariel ho akyere no, na abooboodie ne abubuo bɔ aba, # na adane me sɛ Ariel 3 Na mɛbɔ wo ho nsraban ahyia, na mede nsrafoɔ atwa wo […]