Yesaia 5

Bobeturo ho bɛ

1 Ma mento me dɔfo ho dwom,

me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho:

Me dɔfo wɔ bobeturo bi,

asasebereɛ kokoɔ bi so;

2 na ɔfuntumm mu tutuu mu aboɔ,

na ɔtetɛɛ mu bobe pa,

na ɔtoo abantenten sii mu,

na ɔtuu mu nsakyi-amena nso;

na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba:

Ɛnna ɛsoo abuntwerɛ.

3 Na afei, mo a motete Yerusalem

ne Yuda mmarima,

mesrɛ mo, mommu me ne me

bobeturo ntam atɛn.

4 Ɛdeɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio

a menyɛeɛ?

Ɛdeɛn nti na metwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba,

na aso abuntwerɛ yi?

5 Na afei merema moahunu

deɛ merebɛyɛ me bobeturo no:

Mɛyi ɛho ban,

na mmoa adi,

mɛbubu ne fasuo,

na wɔatiatia so;

6 mɛma no atɔ mpan,

wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔ mu,

na afu nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko,

na mɛhyɛ osuo

sɛ ɛnntɔ nngu so.

7 Na asafo AWURADE bobeturo

ne Israel fie,

na Yuda mmarima ne

n’afuo a n’ani gye ho;

na ɔhwehwɛɛ atɛntenenee,

nanso hwɛ, mogyahwieguo;

ɔhwehwɛɛ tenenee,

nanso hwɛ, osu!

Due ahodoɔ nsia

8 Wɔnnue, wɔn a wɔde ɛdan toa ɛdan soɔ,

wɔn a wɔde afuo ka afuo ho

kɔsi sɛ ɛkwan biara nni hɔ bio,

na mo nko ara motena

asase no soɔ.

9 Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ:

Ampa ara, adan pii bɛdane fituo,

adan a ɛsoso na ɛyɛ fɛ rennya obi ntena mu;

10 na bobeturo eka du no bɛma bobesa twahina baako pɛ,

# na homer baako a wɔadua bɛma batbaako pɛ.

11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu

di mmosa akyire,

wɔn a wɔsiri pɛ

ma nsa bo wɔn!

12 Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta,

ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ,

na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu,

na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.

13 Enti wɔrebɛtu me man akɔ, nimdeɛ a wɔnnie nti;

na ɛkɔm bɛkum n’animuonyamfoɔ,

na sukɔm ade wɔn dɔm;

14 enti Asamando atrɛ n’akɔnnɔ mu,

na ahaa n’anomu bayaa,

na Yerusalem animuonyamfoɔ ne nnipadɔm ne wɔn a wɔn ani ka wɔ mu no asiane akɔ hɔ.

15 Na wɔabrɛ nnipa ase, na wɔde mmarima ahwe fam,

na wɔabrɛ ahantanfoɔ aniwa ase;

16 na asafo AWURADE, deɛ wɔma no so wɔ atɛntenenee mu,

na Kronkron Nyankopɔn ate ne ho, tenenee mu.

17 Ɛnna nnwammaa bɛdidi wɔn adidibea,

na ananafoɔ adidi taamudifoɔ amamfo so.

18 Wɔnnue, wɔn a wɔde atorosɛm homa twe amumuyɛ,

na wɔde teaseɛnam ntampehoma twe bɔne,

19 wɔn a wɔka sɛ: Ma no nyɛ no hare

nyɛ n’adwuma ntɛm

na yɛnhunu!

Na ma Israel Kronkronni no agyina mmɛn

na ɛmmra mma yɛnhunu!

20 Wɔnnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa

ne papa sɛ bɔne,

wɔn na wɔde sum yɛ hann,

na wɔde hann yɛ sum,

wɔde nwononwono yɛ fremfrem,

na wɔde fremfrem yɛ nwononwono!

21 Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ara ani so anyansafoɔ

na wɔyɛ wɔn ani so nhunumufoɔ no.

22 Wɔnnue, nsanom mu akatakyie

ne nsafra mu ahoɔdenfoɔ!

23 Wɔn a wɔbu ɔbɔnefoɔ bem gye adanmudeɛ,

na wɔmfa deɛ ɔdi bem no bem mma no.

Ɔsɛeɛ atemmuo

24 Enti, sɛdeɛ ogyaframa di nkyɛnkyɛmma

na ogyaframfram hye wira dwaneeɛ no,

saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ,

na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ mfuturo,

ɛfiri sɛ wɔapa asafo AWURADE mmara,

na wɔabu Israel Kronkronni no asɛm animtia.

25 Yei nti AWURADE bo fuu ne man,

na ɔtenee ne nsa tiaa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn,

na ɛmaa mmepɔ wosoeɛ,

na wɔn afunu yɛɛ sɛ mmorɔno so wira dodoɔ.

Yei nyinaa mu no n’abufuo no nnyaee,

na ne nsa mu atene ara.

26 Na ɔbɛsi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyirie,

na wabɔ hwerɛma afrɛ ɔman bi afiri asase ano,

na hwɛ, wɔreba ɛherɛ so, ntɛm so.

27 Deɛ ɔbrɛ ne deɛ ɔsunti nni mu,

wɔrentɔ nko na wɔn ani renkum,

wɔn asene mu abɔsoɔ rensane,

na wɔn mpaboa homa rente.

28 Wɔn agyan ano yɛ hwerɛmhwerɛm,

na wɔn tadua nyinaa akuntunkuntunu;

wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ twerɛboɔ,

na wɔn nteaseɛnam nante sɛ kyinhyia mframa.

29 Wɔn mmobomu te sɛ gyata deɛ,

na wɔbobom sɛ agyataburuwa,

wɔpɔ so kyere wɔn hanam,

wɔde kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

30 Na wɔbɛworo atia wɔn da no

sɛdeɛ ɛpo worɔ,

na wɔhwɛ asase a,

na hwɛ, ahohiahia ne sum nie,

na hann redane wɔn so sum.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

17 + 7 =