Yesaia 2

Daakye asomdwoeɛ ahennie

1 Asɛm a Amos ba Yesaia hunuu no Yuda ne Yerusalem ho nie:

2 Na nna a ɛdi akyire no mu no,

AWURADE fie bepɔ no

bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi,

na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa,

na amanaman nyinaa asene yuu aba ho.

3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:

Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so

nkɔ Yakob Nyankopɔn fie,

na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan,

na yɛnnante n’atempɔn so:

Na Sion na mmara bɛfire,

na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.

4 Na ɔbɛbu amanaman no ntam atɛn,

na ɔbɛdi nnipa bebree ntam asɛm,

na wɔde wɔn nkrantɛ abobɔ nsɔ,

ne wɔn mpea ayɛ aderɛ.

Ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi,

na wɔrensua akodie bio.

5 O, Yakob fie,

mommra mma yɛnkɔ,

na yɛnkɔnante AWURADE hann mu.

6 Na woagya wo man,

Yakob fie,

ɛfiri sɛ apueeɛ ntafowayifoɔ ayɛ wɔn amaama,

ɛne nkɔmhyɛfoɔ sɛ Filistifoɔ,

na wɔne ananafoɔ fa yɔnkoɔ.

7 Dwetɛ ne sika ayɛ wɔn asase so ma,

na wɔn akoradeɛ nni ano.

Apɔnkɔ ahyɛ wɔn asase so ma,

na wɔn nteaseɛnam nni ano.

8 Abosonhuhuo nso ahyɛ wɔn asase so ma,

wɔn nsa ano adwuma na wɔsom,

adeɛ a wɔn nsateaa ayɛ.

9 Enti wɔbrɛ onipa ase,

na wɔde mmarima hwe fam:

Mfa nkyɛ wɔn.

10 AWURADE ho hu

ne ne kɛseyɛ animuonyam nti,

hyɛne ɔbotan mu,

na fa wo ho kora mfuturo mu.

11 Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase,

na mmarima ahomasoɔ ahwe fam,

na wɔama AWURADE nko so ɛda no.

12 Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ

a ɛbɛba deɛ ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa

ne deɛ wɔama soɔ nyinaa so, na abrɛ ase;

13 na ɛbɛba Lebanon ntweneduro

a ɛwareɛ na ɛkorɔn nyinaa

ne Basan nnupɔn nyinaa so

14 ne mmepɔ atentene nyinaa

ne nkokoɔ a wɔama soɔ nyinaa so

15 ne abantenten a ɛkorɔn nyinaa

ne afasuo a ɛyɛ den nyinaa so

16 ne Tarsis ahyɛn nyinaa

ne ahwɛdeɛ a ɛyɛ fɛ nyinaa so.

17 Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase,

na mmarima ahokyerɛ aba fam,

na wɔama AWURADE nko so ɛda no.

18 Na abosonhuhuo no bɛtu ayera koraa.

19 Na wɔbɛhyɛne abotan ntokuro

ne fam amena mu,

afiri AWURADE ho hu anim

ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho,

da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no.

20 Ɛda no, nnipa bɛto

wɔn dwetɛ abosonhuhuo ne wɔn sika abosonhuhuo

a wɔyɛ maa wɔn ho, a wɔresom no no atwene

ama nkusie ne mpan,

21 na wahyɛne abotan ntokuro

ne aboɔ mpaepaeɛ mu,

afiri AWURADE ho hu anim

ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho,

da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no.

22 Montwe mo ho mfiri onipa

a ahome wɔ ne hwene mu no ho,

na onipa yɛ deɛn koraa?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

three − 2 =