Yesaia 7

Yerusalem amanehunu

1 Na ɛbaa sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene berɛ so no, Siriahene Resin ne Israelhene Peka a ɔyɛ Remalia ba baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, na wɔantumi no.

2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim.

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Firi kɔhyia Ahas, wo ne wo ba Sear-yasub,wɔ atifi tadeɛ suka no a ɛkyerɛ ntomasifoɔ afuo tempɔn soɔ no ano,

4 na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yie na yɛ komm, nsuro, na mma w’akoma nntu, nnyentia mmienu a ɛfiri wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyeɛ no nti.

5 Ɛsiane sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no apam wo tiri so apammɔne sɛ:

6 Momma yɛnkɔ Yuda so na yɛnkɔha no, na yɛnni so mfa, na yɛnsi Tabeel ba no hene wɔ mu, nti:

7 Sɛɛ na Awurade NYANKOPƆN seɛ: Ɛrennyina na ɛremma mu,

8 na Siria tiri ne Damasko,

na Damasko tiri ne Resin.

(Na ɛha mfirinhyia aduosia nnum no, wɔbɛsɛe Efraim na anyɛ ɔman bio.)

9 Efraim tiri ne Samaria,

na Samaria tiri ne Remalia ba no:

Sɛ morennye nni a,

nokorɛ morennyina.

Imanuel nsɛnkyerɛnneɛ

10 Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ:

11 Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, ma no nsiane nkɔ sɛ Asamando, anaa ɛnkorɔn sɛ ɔsoro!

12 Na Ahas se: Meremmisa, na merensɔ AWURADE menhwɛ.

13 Ɛnna ɔse: Dawid fie, montie ɛ! Ha a moha nnipa yi, ɛnnɔɔso mmaa mo, sɛ mobɛha me Nyankopɔn nso?

14 Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel.

15 Nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ na ɔbɛdie, berɛ a ɔhunu bɔne na ɔkyire, na papa na ɔfa no.

16 Na abarimaa no nnya nhunuu bɔne kyire ne papa fa no, asase a wosuro n’ahemfo baanu anim no bɛyɛ amamfo.

Asotwe a ɛnam Asiriafoɔ so ba

17 AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man, ne w’agya fie so, nna a ɛmmaa da firi berɛ a Efraim te firii Yuda ho no: Ɛne Asiriahene.

18 Na ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwerɛma afrɛ anwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awieeɛ no, ne wowa a ɔwɔ Asiria asase soɔ no,

19 na wɔn nyinaa aba abɛsisi mmonhwa a ɛsiane kuronkuron, ne abotan mpaepaeɛ mu, ne nkasɛɛ ne ɛserɛ nyinaa so.

20 Ɛda no ara na AWURADE de yiwan a wɔabɔ no paa Asuogya hɔnom a ɛne Asiriahene, no bɛyi etire ne nan ho nwi,na ayi bɔdwesɛ nso.

21 Na ɛda no, obi bɛyɛne nantwiburuwa ne nnwan mmienu bi,

22 na nufosuo a ɔbɛnya no dodoɔ nti, ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ, na nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ara na wɔn a wɔbɛka asase no soɔ nyinaa bɛdie.

23 Na ɛda no, baabiara a bobe apem a kane ɛdi nnwetɛbena apem wɔ no bɛdane nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko.

24 Agyan ne tadua na wɔde bɛba hɔ, ɛfiri sɛ asase no nyinaa ayɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko;

25 na mmepɔ a anka wɔde asɔ dɔ soɔ nyinaa no, nwerɛ ne nkasɛɛ ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio, na wɔbɛgyaa anantwie akɔ so, na nnwan atiatia so.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

6 − 2 =