Yesaia 10

Atemmuo bɔne asotwe 1 Wɔnnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛdeɛ huhuo ne atwerɛfoɔ a wɔtwerɛ nhyɛsoɔ ahyɛdeɛ, 2 sɛ wɔbɛdane ahiafoɔ afiri atɛntenenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfoɔ atemmuo, na akunafoɔ adane wɔn asadeɛ, na wɔafom nwisiaa afa! 3 Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan […]

Yesaia 11

Deɛ wɔasra no no ne n’asomdwoeɛ ahennie 1 Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu, na duban afiri ne nhini mu aso aba. 2 Na AWURADE honhom bɛsi ne so, nyansa ne nhunumu honhom, afotuo ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom. 3 Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam. Na ɛnyɛ deɛ […]

Yesaia 12

Nkwagyeɛ so aseda dwom 1 Ɛda no na wobɛka sɛ: Meda wo ase, Ao AWURADE, sɛ wo bo fuu me mpo a, w’abufuo no asane, na woakyekyere me werɛ. 2 Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ nie. Mɛtwere, na mensuro, na Awurade NYANKOPƆN ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ. 3 Na mode anigyeɛ […]

Yesaia 13

Babel ho atemmusɛm 1 Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie: 2 Monsi frankaa bepɔ petee so, momma mo nne so mma wɔn; monhinhim mo nsa, na wɔnhyɛne mmapɔmma apono mu. 3 Me, mahyɛ me kronkronfoɔ, mafrɛ me nnɔmmarima nso sɛ wɔnkyerɛ m’abufuo, wɔn a wɔdi me kɛseyɛ ho ahurisie no. 4 Asafo […]

Yesaia 14

Babel hene asehweɛ 1 Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wayi Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafoɔ de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fie ho. 2 Na aman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn tenabea, na Israel fie afa wɔn adi wɔn so AWURADE asase […]

Yesaia 15

Moab ho atemmusɛm 1 Moab ho atemmusɛm. Ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Ar nti, Moab abɔ no, ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Kir Moab abɔ no nti, 2 wɔreforo akɔ Bayit ne Dibon sorɔnsorɔmmea akɔsu, Moab retwa adwo, Nebo ne Medeba; wɔn nyinaa abobɔ tikwa, wɔn nyinaa ayiyi wɔn bɔdwesɛ; 3 wɔfirafira ayitoma, wɔn mmorɔno […]

Yesaia 16

Moab ho atemmusɛm 1 Momfa nnwammaa mfiri Sela mfa anwea pradada so fam nkɔ Sion babaa bepɔ no so nkɔma asase no sodifoɔ no. 2 Na Moab mmammaa bɛyɛ sɛ nnomaa a wɔtu kyini, pirebuo a wɔayi no Arnon asutwareeɛ. 3 Tu fo, bu atɛn; ma wo nwunu nyɛ sɛ anadwo, awia ketee; fa wɔn […]

Yesaia 17

Damasko ho atemmusɛm 1 Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio, na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo. 2 Wɔbɛgya Aroer nkuro, mmoakuo bɛfa na wɔbɛbutubutu hɔ, na deɛ ɔbɛtu wɔn nni hɔ. 3 Na wɔbɛsɛe Efraim mu abandenden ne Damasko ahennie, na Siria nkaeɛ bɛyɛ sɛ Israelfoɔ animuonyam no, asafo AWURADE na ɔseɛ. Israel ho atemmusɛm 4 […]

Yesaia 18

Etiopia hyɛ Onyankopɔn animuonyam 1 Aa, asase a wɔte ntaban nnyegyeɛ wɔ soɔ, a ɛwɔ Etiopia nsubɔntene agya nohoa. 2 Wɔsoma mpomafoɔ a wɔtete nkyɛnkyɛmma akodoɔ mu de nam nsuo ani no fa po soɔ. Abɔfoɔ a mo ho yɛ herɛ, monkɔ ɔman a wɔyɛ atentene na wɔn ho akokwa no nkyɛn, ɔman a wɔn […]

Yesaia 19

Misraim ho atemmusɛm 1 Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim, na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu. 2 Na mɛhwanyan Misraim atia Misraim, na wɔne wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kuro ne kuro, ahennie ne ahennie. 3 Na Misraimfoɔ honhom […]