Nnwom 19

Wɔhu Onyankopɔn animuonyam wɔ abɔdeɛ mu Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 Ɔsoro ka Nyankopɔn animuonyam, na ewiem kyerɛ ne nsa ano adwuma. 2 Da koro biara woro kyerɛ, na anadwo biara da nimdeɛ adi. 3 Ɛnyɛ ɔkasa na ɛnyɛ nsɛm a wɔteɛ. 4 Ɔsoro susuhoma duru asase nyinaa so, na ne nsɛm duru wiase […]

Nnwom 20

Nkonimdie ho adesrɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 AWURADE ntie wo hiada, Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban, 2 ɔmfiri kronkron mu hɔ mmɛboa wo, na ɔmfiri Bepɔ Sion mmɛhyɛ wo den. 3 Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa, na wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani. 4 Ɔmma wo deɛ w’akoma pɛ, na ɔmma wo tirim […]

Nnwom 21

Aseda mpaeɛ a wɔbɔ ma ɔhene Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 Ao, AWURADE, wo na ɔhene ani gye wɔ w’ahoɔden mu, na wo nkwagyeɛ nti hwɛ sɛdeɛ ne ho si sane no fa. 2 Deɛ n’akoma pɛ na wode ama no, na deɛ n’ano bisaeɛ no, woankame no. 3 Na wode papa mu nhyira […]

Nnwom 22

Amanehunu dwom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Adekyeeɛ foroteɛ” sankuo nne so. Dawid dwom. 1 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, deɛn nti na woagya me? Me su a mesu mefrɛ woɔ ne me nkwagyeɛ ntam ware. 2 Me Nyankopɔn, meteam mefrɛ wo awia, na wommua me, ne anadwo, nso mennya ɔhome. 3 Na woyɛ kronkron, […]

Nnwom 23

AWURADE ne odwanhwɛfoɔ pa Dawid dwom. 1 AWURADE ne me hwɛfo, hwee renhia me. 2 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ wira yɛ frɔmfrɔm, ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho. 3 Ɔdwodwo me kra, ɔde me fa akwantenenee so, ne din nti. 4 Sɛ mpo menam owuo sum kabii bɔn no mu a, mensuro […]

Nnwom 24

Ba a animuonyam hene no ba Dawid dwom. 1 Asase ne n’adeɛ dodoɔ yɛ AWURADE dea, wiase ne wɔn a wɔte mu no wɔ no. 2 Na ɔno na ɔhyɛɛ aseɛ, ɛpo so, na ɔde atintim asukɛseɛ soɔ. 3 Hwan na ɔbɛforo AWURADE bepɔ no, na hwan na ɔbɛgyina ne tenabea kronkron hɔ? 4 Deɛ […]

Nnwom 25

Fakyɛ ne kwankyerɛ ho mpaebɔ Dawid deɛ. 1 AWURADE, wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ. 2 Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho matoɔ, mma m’ani nnwu, mma m’atamfoɔ ho nnsɛpɛ wɔn, me nti. 3 Ampa ara, wɔn a wɔhwɛ wo kwan no biara ani renwu, wɔn a wɔtwa nkontompo kwa no […]

Nnwom 26

Nyankopɔn fam ahoteɛ Dawid deɛ. 1 AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE soɔ, manwatiri. 2 AWURADE, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nane me sawa ne m’akoma. 3 Na w’adɔeɛ wɔ m’ani so, na menam wo nokorɛ mu. 4 Me ne nnipa […]

Nnwom 27

AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ Dawid deɛ. 1 AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ, hwan na mensuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hwan anim na me ho mpopoɔ? 2 Nnipa bɔne a wɔhyɛ me so na wɔtane me, sɛ wɔretoa me abɛsunsuane me a, wɔawatiwatiri na wɔahwehwe ase. 3 Sɛ dɔm […]

Nnwom 28

Abooboo, adesrɛ ne aseda Dawid deɛ. 1 AWURADE, wo na mesu mefrɛ woɔ, me botan, mmua w’ano wɔ me ho; anyɛ saa na womua w’ano wɔ me ho a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no. 2 Sɛ mesu mefrɛ wo, na mema me nsa so mekyerɛ wo tenabea kronkron hɔ a, tie […]