Nnwom 141

Nkwagyeɛ ho adesrɛ Dawid dwom. 1 AWURADE, mesu mefrɛ wo, yɛ ntɛm ma me; sɛ mesu mefrɛ wo a, yɛ aso ma me. 2 Ma me mpaebɔ mmɛsi w’anim sɛ ohwam, me nsa soma sɛ anwummerɛ ayɛyɛdeɛ. 3 AWURADE, fa ɔwɛn bɛwɛn m’ano, na hwɛ m’anofafa pono ano. 4 Nkom m’akoma nkɔ nsɛmmɔne ho, sɛ […]

Nnwom 142

Mmoa ho adesrɛ Dawid nnweneho dwom. Mpaeɛ a ɔwɔ ɔbodan mu no, ɔbɔeɛ. 1 Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, mede me nne mekoto mesrɛ AWURADE, 2 mehwie m’abooboo megu n’anim, meka m’ahohia mekyerɛ no. 3 Me honhom tɔ piti me mu a, wo na wonim me kwan. Ɛkwan a menam soɔ no so na […]

Nnwom 143

Mmoa ho sufrɛ Dawid dwom. 1 AWURADE, tie me mpaebɔ, yɛ aso ma me nkotosrɛ, wo nokorɛdie mu gye me so, wo tenenee mu. 2 Na mfa w’akoa nkɔ atemmuo mu, na w’anim ɔteasefoɔ biara renni bem. 3 Na ɔtamfoɔ taa me kra, ɔbɔ me nkwa hwe fam, ɔma metena sum mu sɛ wɔn a […]

Nnwom 144

AWURADE ne Israel botan Dawid deɛ. 1 Nhyira ne AWURADE, me botan a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa ne me nsateaa akodie. 2 M’adɔeɛ ne m’abankɛseɛ, m’abantenten ne me gyefoɔ, me kyɛm ne deɛ medwane mekɔtoa no a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’aseɛ. 3 AWURADE, onipa ne hwan a wohu no, ɔdasani ba ne hwan […]

Nnwom 145

Onyankopɔn kɛseyɛ ne n’adɔeɛ Dawid ayeyie dwom. 1 Mɛma wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mɛhyira wo din daa daa. 2 Mɛhyira wo daa nyinaa, na mɛyi wo din ayɛ daa daa. 3 AWURADE so, na ɔsɛ ayeyie kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛeɛ. 4 Awoɔ ntoatoasoɔ kamfo wo nnwuma kyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ, na […]

Nnwom 146

Nyankopɔn daa nokorɛdie 1 Monyi AWURADE ayɛ! Me kra, yi AWURADE ayɛ. 2 Mete ase yi, mɛyi AWURADE ayɛ, mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn. 3 Mommfa mo ho nnto ahemfo anaa onipa ba a nkwagyeɛ biara nni ne mu so. 4 Ne honhom firi kɔ, ɔsane kɔ ne dɔteɛ mu, da no […]

Nnwom 147

Nyankopɔn tumi, adɔeɛ ne nyansa 1 Monyi AWURADE ayɛ, na ɛyɛ sɛ wɔto dwom ma yɛn Nyankopɔn, na ɛyɛ dɛ, ayeyie fata. 2 AWURADE na ɔkyekyere Yerusalem, ɔpɔn Israelfoɔ a wɔapete wɔn. 3 Ɔsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛ, na ɔkyekyere wɔn akuro. 4 Ɔkyerɛ nsoromma dodoɔ ano, ɔtoto wɔn nyinaa din. 5 Yɛn […]

Nnwom 148

Nyankopɔn nkamfoɔ 1 Monyi AWURADE ayɛ! Monyi AWURADE ayɛ mfiri soro, monyi no ayɛ sorosoro. 2 N’abɔfoɔ nyinaa, monyi no ayɛ, n’asafo nyinaa, monyi no ayɛ. 3 Owia ne ɔsrane, monyi no ayɛ, nsoromma a ɛhran nyinaa, monyi no ayɛ. 4 Mo soro mu soro, monyi no ayɛ, ɛne mo asuasu a ɛwɔ ɔsoro soɔ. […]

Nnwom 149

Sion, yi AWURADE ayɛ! 1 Monyi AWURADE ayɛ! Monto dwom foforɔ mma AWURADE, monka n’ayeyie ahotefoɔ asafo mu. 2 Ma Israel ani nnye ne yɛfoɔ ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurisie. 3 Ma wɔmfa asa nyi ne din ayɛ, ma wɔmfa mpintin ne asankuo nto dwom mma no. 4 Na AWURADE ani […]

Nnwom 150

Deɛ ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ! 1 Monyi AWURADE ayɛ! Monyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kronkronbea, monyi no ayɛ ne tumi wie no mu. 2 Monyi no ayɛ ne mmaninyɛ mu, monyi no ayɛ sɛ ne kɛseyɛ sononko no teɛ. 3 Monyi no ayɛ ntotorobɛnto nne so, monyi no ayɛ bɛnta ne sankuten so. 4 […]