Nnwom 26

Nyankopɔn fam ahoteɛ

Dawid deɛ.

1 AWURADE, bu me bem,

na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra,

na mede me ho metoo AWURADE soɔ, manwatiri.

2 AWURADE, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ,

nane me sawa ne m’akoma.

3 Na w’adɔeɛ wɔ m’ani so,

na menam wo nokorɛ mu.

4 Me ne nnipa huhuo antena,

na me ne nyaatwomfoɔ anhyia mu.

5 Metane nnipa bɔne dwabɔ,

na me ne nnebɔneyɛfoɔ ntena.

6 Mɛhohoro me nsa, bemdie mu,

na matwa w’afɔrebukyia ho mahyia, AWURADE,

7 sɛ merema wɔate m’aseda dwom,

na maka w’anwanwadeɛ nyinaa.

8 AWURADE, medɔ wo fie tenabea

ne faako a w’animuonyam teɛ.

9 Nhwim me kra nka nnebɔneyɛfoɔ ho,

anaasɛ me nkwa nka mogyapɛfoɔ ho nkɔ.

10 Wɔn na mmusuo hyɛ wɔn nsam,

na kɛtɛasehyɛdeɛ ayɛ wɔn nifa ma.

11 Na me deɛ, pɛyɛ mu na mebɔ me bra:

Gye me, na hu me mmɔbɔ.

12 Me nan gyina deɛ ɛhɔ da fam,

asafo ahyiaeɛ mu na mɛhyira AWURADE.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × three =