Nnwom 21

Aseda mpaeɛ a wɔbɔ ma ɔhene

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 Ao, AWURADE, wo na ɔhene ani gye wɔ w’ahoɔden mu,

na wo nkwagyeɛ nti hwɛ sɛdeɛ ne ho si sane no fa.

2 Deɛ n’akoma pɛ na wode ama no,

na deɛ n’ano bisaeɛ no, woankame no.

3 Na wode papa mu nhyira hyia no,

wode sika amapa abotire bɔ ne ti.

4 Ɔbisaa wo hɔ nkwa,

wode ama no, nna a ɛware daa daa.

5 N’animuonyam so wo nkwagyeɛ nti,

kɛseyɛ ne anidie na wode ama no.

6 Aane, wode no asi hɔ sɛ nhyira nko ara daa,

wode w’anim anigyeɛ gye n’ani.

7 Ɛfiri sɛ ɔhene ani da AWURADE so,

na deɛ ɔwɔ sorosoro adɔeɛ nti ɔrenhinhim.

8 Wo nsa bɛka w’atamfo nyinaa,

wo nsa nifa bɛnya wɔn a wɔkyiri woɔ.

9 Wobɛyi wo ho adi

ayɛ wɔn sɛ ogya fononoo,

AWURADE de n’abufuo bɛmene wɔn,

na ogya ahye wɔn.

10 Wobɛsɛe wɔn aba afiri asase so,

ne wɔn asefoɔ afiri nnipa mma mu.

11 Sɛ wɔbɔ wo ho pɔ bɔne na wɔsusu bɔne bi ho a,

wɔrentumi nyɛ.

12 Na wobɛma wɔasane wɔn akyi,

wode wo bɛmma bɛkyerɛ wɔn anim.

13 AWURADE, ma wo ho so w’ahoɔden mu,

yɛde adwontoɔ ne sankuo bɛkamfo wo mmaninneɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

1 + seventeen =