Nnwom 28

Abooboo, adesrɛ ne aseda

Dawid deɛ.

1 AWURADE, wo na mesu mefrɛ woɔ, me botan,

mmua w’ano wɔ me ho;

anyɛ saa na womua w’ano wɔ me ho a,

mɛyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no.

2 Sɛ mesu mefrɛ wo,

na mema me nsa so

mekyerɛ wo tenabea kronkron hɔ a,

tie me nkotosrɛ.

3 Ntwe me mfra abɔnefoɔ ne abusuyɛfoɔ

a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoeɛ soɔ,

na wɔn akoma mu deɛ, bɔne wɔ mu.

4 Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ

ne wɔn abrabɔ bɔne teɛ,

susu wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn,

tua wɔn deɛ wɔayɛ so ka.

5 Ɛfiri sɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛɛ ne ne nsa ano nnwuma so:

Ɔbɛdwiri wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ.

6 Ayeyie nka AWURADE,

ɛfiri sɛ watie me nkotosrɛ.

7 AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm.

Mede m’akoma mato ne so, na waboa me,

enti m’akoma ho asane no,

na mede me dwom meda no ase.

8 AWURADE ne ne nkurɔfoɔ ahoɔden,

deɛ wasra no no nkwagyeɛ aban ne no.

9 Boa wo man, na hyira w’apɛgyadeɛ,

na yɛne wɔn, na ma wɔn so daa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

20 − 16 =