Nnwom 20

Nkonimdie ho adesrɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 AWURADE ntie wo hiada,

Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban,

2 ɔmfiri kronkron mu hɔ mmɛboa wo,

na ɔmfiri Bepɔ Sion mmɛhyɛ wo den.

3 Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa,

na wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani.

4 Ɔmma wo deɛ w’akoma pɛ,

na ɔmma wo tirim asɛm nyinaa mmra mu.

5 Ma yɛn mmɔ ose wɔ wo nkonimdie ho,

na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛhim yɛn frankaa:

AWURADE mma deɛ wosrɛ nyinaa mmra mu.

6 Afei mahunu sɛ AWURADE boa deɛ wasra no no,

ɔgye no so, ne soro kronkronbea hɔ,

ɔde ne nifa ahoɔdenneɛ gye no.

7 Ebinom kamfo nteaseɛnam,

na ebinom kamfo apɔnkɔ,

na yɛn deɛ, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din.

8 Wɔn deɛ, wɔbubu duedue so hwehwe ase,

na yɛn deɛ, yɛasɔre gyina hɔ kyirebenn.

9 AWURADE, gye ɔhene nkwa.

Ɔbɛtie yɛn, da a yɛfrɛ no yi ara mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

4 × 2 =