Nnwom 39

Nkwa yɛ tia Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ Yedutun. Dawid dwom. 1 Mekaa sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yie, na mamfa me tɛkyerɛma manyɛ bɔne. Mede nnareka bɛsɔ m’ano, sɛ ɔbɔnefoɔ wɔ m’anim yi. 2 Medanee mum meyɛɛ komm, memuaa m’ano, papa ho, nanso me yea mu yɛɛ den. 3 M’akoma yɛɛ hyerehyere wɔ me mu, meredwendwen no, na […]

Nnwom 40

Aseda ne adesrɛ mpaebɔ Wɔde ma awonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 Twɛn na metwɛnee AWURADE, na ɔyɛɛ aso maa me, na ɔtee me sufrɛ. 2 Na ɔyii me firii ɔsɛeɛ amena mu, firii atɛkyɛ mu, na ɔde me nan sii ɔbotan so, ɔmaa m’anammɔn tintimii. 3 Na ɔde dwom foforɔ ahyɛ m’anomu, yɛn Nyankopɔn ayeyie. Nnipa […]

Nnwom 41

Amaneɛ a ɛfiri yadeɛ ne atamfoɔ mu Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 Nhyira ne deɛ ɔdwene mmɔborɔni ho, AWURADE bɛgye no, da bɔne mu. 2 AWURADE bɛhwɛ no so, na wama no nkwa, na wɔahyira no asase so. Na worenyi no nhyɛ n’atamfo a wɔpɛ no nsa. 3 AWURADE bɛwowa no yadeɛ mpa so; […]

Nnwom 42

Nyankopɔn ho anigyina Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma nnweneho dwom. 1 Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwa no, sɛ me kra pere hwehwɛ wo, Onyankopɔn, ne no. 2 Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho sukɔm de me kra. Da bɛn na mɛba mabɛfiri Nyankopɔn anim? 3 Me nisuo ayɛ me aduane awia ne anadwo, sɛ wɔse me daa […]

Nnwom 43

Fa wo ho to Nyankopɔn so 1 O Onyankopɔn, bu me bem, na wo ne ɔman a ɛnyɛ no nni asɛm mma me. Gye me firi nkontomponi ne omimfoɔ nsam. 2 Na wone me dwane kɔtoa Nyankopɔn, adɛn nti na woto me twene? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ […]

Nnwom 44

Akane ne nnɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma nnweneho dwom. 1 Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate, yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn sɛ: Woayɛ adwuma bi wɔn berɛ so, tete mmerɛ no mu. 2 Wode wo nsa pamm amanaman, na wɔn deɛ, woduaa wɔn. Wobɔɔ aman, na wɔn deɛ, wotrɛɛ wɔn mu. 3 Na ɛnyɛ wɔn […]

Nnwom 45

Ɔhene ne ayeforɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sosannim” sankuo nne so. Kora mma nnweneho, adɔdeɛ dwom. 1 Asɛm pa ayɛ m’akoma ma abu so. Meka adeɛ a mayɛ a ɛfa ɔhene ho, me tɛkyerɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ a ne nsa yɛ hare atwerɛdua. 2 Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma, wɔde adom ahyɛ […]

Nnwom 46

“Yɛn Nyankopɔn ne abankɛseɛ” Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Wɔnto no “Alamot” sankuo nne so. 1 Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ. 2 Enti sɛ asase ani dane butu, na mmepɔ tutu gu po bunu mu, 3 na emu nsuo woro na ɛhuru na n’asorɔkyeɛ ma […]

Nnwom 48

Sion yɛ Nyankopɔn kuro Kora mma dwom. 1 AWURADE yɛ kɛse, na wɔyi no ayɛ sɛ, yɛn Nyankopɔn kuro mu, ne bepɔ kronkron so. 2 Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔ, atifi fam nkyɛn mu no, ɔhenkɛseɛ kuro no. 3 Onyankopɔn ama wɔahu no kuro yi aban mu sɛ abankɛseɛ. 4 […]

Nnwom 49

Abɔnefoɔ ahotɔ nkyɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. 1 Aman nyinaa, montie yei, mo a mote wiase nyinaa, monyɛ aso. 2 Nnipa mma mpapahwekwaa oo, mmarima mma a wɔwɔ din oo, adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa. 3 M’ano bɛka anyansasɛm, na m’akomam nsusuiɛ yɛ nhunumu ara nko. 4 Mɛbrɛ m’aso ase matie abebusɛm, mede sankubɔ […]