Nnwom 8

Onyankopɔn kɛseyɛ ne onipa diberɛ a ɛkorɔn Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Gittit” sankuo nne so. Dawid dwom. 1 Ao, AWURADE, yɛn Awurade, # enimbɛn na wo din nni asase nyinaa soɔ! Wo a wode w’animuonyam akata ɔsoro. 2 Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu. Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti, […]

Nnwom 9

Nyankopɔn atemmuo ho aseda dwom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mut labben! sankuo nne so”. Dawid dwom. 1 Mede m’akoma nyinaa mɛda AWURADE ase; AWURADE, mɛka w’anwanwadeɛ nyinaa akyerɛ. 2 Mɛgye m’ani na madi ahurisie wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ayeyie dwom. 3 Ɛfiri sɛ m’atamfoɔ asane wɔn akyi, […]

Nnwom 10

Atɛn tenenee ho mpaebɔ 1 AWURADE, adɛn nti na wogyina akyirikyiri, na wode wo ho hunta ahokyere berɛ mu? 2 Ɔbɔnefoɔ ahantan nti ɛmma mmɔborɔni ho hyehye no, wɔde wɔn atirimpɔ a wɔabɔ no kye wɔn. 3 Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE […]

Nnwom 11

AWURADE mu ahotosoɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Dawid deɛ. 1 AWURADE na medwane kɔtoa no, adɛn na mose me kra sɛ: Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so. 2 Na hwɛ, abɔnefoɔ kuntunu wɔn tadua mu, wɔde wɔn mmɛmma asi homa so sɛ wɔde bɛto abɔ akoma mu tenefoɔ esum mu. 3 Sɛ wɔsɛe nnyinasoɔ a, […]

Nnwom 12

Mmoa ho mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Seminit” sankuo nne so. Dawid dwom. 1 O AWURADE, boa na ahotefoɔ rewie sa, na nokwafoɔ ase rehye nnipa mma mu. 2 Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne akoma nta na wɔde kasa. 3 Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkyerɛma a ɛka […]

Nnwom 13

Nyankopɔn mmoa a ɛmma ntɛm no ho abooboo Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ. 1 Ao, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me daa? Wode w’ani bɛhunta me akɔsi da bɛn? 2 Ɛnkɔsi da bɛn na menni me kra mu yea, na adeɛ kye a awerɛhoɔ ntena m’akomam? Me tamfo nhoran me so nkɔsi da […]

Nnwom 14

Wiase nnebɔne Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ. 1 Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa. 2 AWURADE firi soro hwɛ nnipa mma, sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan. 3 Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa […]

Nnwom 16

Onyankopɔn mu ahotosoɔ Dawid abebuo dwom. 1 Onyankopɔn, fa me sie, na wo na medwane bɛtoa wo. 2 Mese AWURADE sɛ: M’Awurade ne wo, menni papa biara nka wo ho. 3 Na akronkronfoɔ a wɔwɔ asase soɔ no, wɔne animuonyamfoɔ a wɔsɔ m’ani koraa. 4 Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no, wɔma wɔn yea […]

Nnwom 17

Mmoa ho adesrɛ Dawid mpaebɔ. 1 O AWURADE, tie asɛntenenee, wɛn w’aso ma m’abooboo, yɛ aso ma me mpaebɔ a ɛmfiri nnaadaa anofafa mu. 2 Ma bembuo mfiri w’anim mmra, ma w’ani nhwɛ adeɛ a ɛtene mu. 3 Sɛ wosɔ m’akoma hwɛ, na wohwehwɛ me mu anadwo, na wonane me yiyi mu, worenhunu hwee. Mabɔ […]

Nnwom 18

Nkonim dwom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. AWURADE akoa Dawid deɛ. Ɔkaa dwom yi nsɛm kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE gyee no n’atamfo nyinaa ne Saulo nsam no. Ɔkaa sɛ: 1 Ao, AWURADE, m’ahoɔden, medɔ wo. 2 AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no, me kyɛm […]