Nnwom 22

Amanehunu dwom

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Adekyeeɛ foroteɛ” sankuo nne so. Dawid dwom.

1 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, deɛn nti na woagya me?

Me su a mesu mefrɛ woɔ ne me nkwagyeɛ ntam ware.

2 Me Nyankopɔn, meteam mefrɛ wo awia,

na wommua me, ne anadwo, nso mennya ɔhome.

3 Na woyɛ kronkron,

wote w’ahennwa so, na wo na Israel ayeyie nyinaa wɔ woɔ.

4 Wo so na yɛn agyanom de wɔn ho toeɛ,

wɔde wɔn ho too wo so, na wogyee wɔn.

5 Wo na wɔteaa mu frɛɛ woɔ, na wɔnyaa nkwagyeɛ,

wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu.

6 Na me deɛ, meyɛ aboa, na menyɛ onipa,

meyɛ nnipa ahohoradeɛ ne ɔman akyiwadeɛ.

7 Wɔn a wɔhu me nyinaa

di me ho fɛw trɛ wɔn anomu woso wɔn tiri ka sɛ:

8 Dane to AWURADE so, ma no nnye no,

sɛ ɔpɛ no a, ma no nyi no!

9 Na wo na woyii me firii me na yam,

metua me na nufoɔ ano no, na womaa me anidasoɔ.

10 Mefiri yafunum ara na wɔde me too wo soɔ,

wone me Nyankopɔn firi me na yam.

11 Mma me ne wo ntam nnware,

na ahohia abɛn

a ɔboafoɔ bi nni hɔ.

12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia,

Basan anantwie akɛseɛ abɔ me ho kɔntɔnkrɔn.

13 Wɔtrɛ wɔn anomu kyerɛ me

sɛ gyata a ɔteteɛ na ɔbobom.

14 Wɔahwie me agu sɛ nsuo,

na me nnompe nyinaa ahwinhwan n’akwaa so.

M’akoma ayɛ sɛ akraa,

anane wɔ me yam.

15 M’ahoɔden mu awe sɛ kyɛmferɛ,

na me tɛkyerɛma afam me dodom,

na wode me ato owuo mfuturo mu.

16 Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia,

na wɔbom ba me so,

wɔahwire me nsa ne me nan mu.

17 Metumi mekan me nnompe nyinaa,

wɔn deɛ, wɔhwɛ me de gye wɔn ani.

18 Wɔkyɛ me ntoma mu fa,

na m’atadeɛ so na wɔbɔ ntonto.

19 Na wo, AWURADE, ntena akyiri.

M’ahoɔden, yɛ ntɛm bɛboa me.

20 Hwim me kra firi nkrantɛ ano,

m’ade koro no firi akraman nsam.

21 Gye me firi gyata anomu,

na ɛkoɔ mmɛn mu na wotie me.

22 Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom,

mɛkamfo wo asafo mu.

23 Mo a mosuro AWURADE, monyi no ayɛ.

Yakob asefoɔ nyinaa, monhyɛ no animuonyam,

na Israel asefoɔ nyinaa, momfɛre no.

24 Na wansere na wankyiri

ɔmanehunufoɔ amaneɛ,

na wanyi n’anim anhunta no,

na mmom ɔsu frɛɛ no no, ɔtiee.

25 Wo na woma meyi wo ayɛ asafo kɛseɛ mu,

mɛma m’aboadeɛ wɔ, wɔn a wɔsuro no no anim.

26 Ahobrɛasefoɔ bɛdidi na wɔamee,

wɔn a wɔpɛ AWURADE akyiri kwan bɛyi no ayɛ.

Mo akoma nnya nkwa daa.

27 Asase ano ano sofoɔ nyinaa bɛkae

adane aba AWURADE nkyɛn,

na amanaman mmusuakuo nyinaa

abɛkoto n’anim.

28 Na ahennie wɔ AWURADE,

na ɔdi amanaman so.

29 Asase so abrane nyinaa bɛdidi na wɔakoto no,

wɔn a wɔsiane kɔ mfuturo mu nyinaa,

ne deɛ anka ne kra nni nkwa no bɛkoto no.

30 Nkyirimma bɛsom no,

wɔbɛka AWURADE ho asɛm, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu.

31 Wɔbɛba abɛka ne tenenee akyerɛ ɔman a wɔbɛwo wɔn no,

sɛ ɔno na wayɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

1 × two =