Nnwom 29

Nyankopɔn animuonyam a ɛda adi ahum mu Dawid dwom. 1 Mo ɔsoro asafo, momfa animuonyam mma AWURADE, momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE. 2 Aane, monhyɛ AWURADE din animuonyam, monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu. 3 AWURADE nne wɔ nsuo so, animuonyam Nyankopɔn ma aprannaa bom, AWURADE wɔ nsuo bebree so. 4 AWURADE nne mu yɛ […]

Nnwom 30

Aseda dwom Dwom a wɔto de dwiraa Asɔredan no ho. Dawid dwom. 1 Mɛma wo so, AWURADE, ɛfiri sɛ woayi me, na woamma m’atamfoɔ ani annye, me nti. 2 AWURADE, me Nyankopɔn, mesu mefrɛɛ wo, na wosaa me yadeɛ. 3 AWURADE, woatwe me kra afiri Asamando, woama me nkwa na mankɔ Amena mu. 4 Monto […]

Nnwom 31

Ahotosoɔ dwom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 Wo, AWURADE, na madwane abɛtoa woɔ, mma m’anim nngu ase da biara da. Fa wo tenenee so gye me, 2 yɛ aso ma me, yɛ ntɛm gye me. Yɛ me dwanekɔhyɛbea botan ne srɔnsrɔn so aban sɛ wɔbɛgye me nkwa. 3 Na wone me botantim ne me […]

Nnwom 32

Bɔne fakyɛ mu ahotɔ Dawid deɛ. Nnweneho dwom. 1 Nhyira ne deɛ wɔde ne mmarato akyɛ no, na wɔakata ne bɔne soɔ. 2 Nhyira ne onipa a AWURADE mmu n’amumuyɛ ngu ne soɔ, na nnaadaa nni ne honhom mu. 3 Na memuaa m’ano no, me nnompe hodwoe, m’apinisie a mesii no daa nyinaa nti. 4 […]

Nnwom 33

Wiase sodie ho dwom 1 Ateneneefoɔ, momfa anigyeɛ nhuro AWURADE mu, ɛsɛ wɔn a wɔtene no sɛ wɔyi no ayɛ. 2 Momfa sankuo nna AWURADE ase, momfa sankuo a ɛso homa du nto no dwom! 3 Monto dwom foforɔ mma no, mommɔ sankuo yie nka ɛnne ho! 4 Na AWURADE asɛm tene, na ne nnwuma […]

Nnwom 34

AWURADE adɔeɛ ne n’ayamyɛ ho dwom Dawid deɛ a ɔtoeɛ berɛ a ɔdanee sɛ ɔbɔdamfoɔ Abimelek anim na ɔpamm no maa no kɔeɛ no. 1 Mɛhyira AWURADE nna nyinaa, n’ayeyie wɔ m’anomu daa yi. 2 AWURADE mu na me kra bɛhoahoa ne ho, ahobrɛasefoɔ bɛte, na wɔn ani agye. 3 Mo ne me nkamfo AWURADE […]

Nnwom 35

Atamfoɔ nti ɔhwehwɛ mmoa Dawid deɛ. 1 AWURADE, wo ne wɔn a wɔne me ham no nham, wo ne wɔn a wɔne me ko no nko! 2 Sɔ ɛkyɛm ne nkatanim mu, na sɔre bɛboa me. 3 Twe pea na si wɔn a wɔtaa me no kwan, ka kyerɛ me kra sɛ: W’agyenkwa ne me! […]

Nnwom 36

Nyankopɔn adɔeɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. AWURADE akoa Dawid deɛ. 1 Ɔbɔnefoɔ mmarato kasa wɔ n’akoma mu: Nyankopɔn suro biara nni n’ani so. 2 Na ɔbu ne ho bi ɔno ara ani so sɛ wɔrenhunu n’amumuyɛ na wɔakyi. 3 N’anomu nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛsua ne papayɛ. 4 Ɔdwene amumuyɛdeɛ ne kɛtɛ so, ɔde […]

Nnwom 37

Abɔnefoɔ ahotɔ nkyɛ Dawid deɛ. 1 Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti, mma wo bo nnha wo amumuyɛfoɔ ho; 2 na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ ɛserɛ, na wɔakusa sɛ wura mono a wɔatwa. 3 Bata AWURADE ho, na yɛ papa, tena asase so, na di nokorɛ, 4 na ma w’ani nka AWURADE […]

Nnwom 38

Amanehunu mu ahonu dwom Dawid dwom a wɔde bɔ nkaeɛ afɔdeɛ. 1 Ao, AWURADE, ntwi m’anim w’abufuo mu, na ntwe m’aso w’anibereɛ mu; 2 na w’agyan awowɔ me aka mu, na wo nsa aduru me so. 3 W’abufuhyeɛ nti ahoɔden bi nni me honam mu, me bɔne nti nkwahosan bi nni me nnompe mu; 4 […]