Gyenesis 6

Nnipa nnebɔne

1 Na nnipa firii aseɛ redɔɔso wɔ asase soɔ na wɔwoo mmammaa maa wɔn no,

2 Nyankopɔn mma hunuu nnipa mmammaa sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.

3 Na AWURADE kaa sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ wɔyɛ honam, enti ne nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu.

4 Nna no mu ne akyire no, na abrane akɛseɛ wɔ asase so. Na Nyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmammaa ho na wɔwoo mma maa wɔn no, yeinom ne aberempɔn a wɔwɔ din firi tete.

5 Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.

6 Na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase soɔ, na ɛyɛɛ no ya n’akomam.

7 Na AWURADE kaa sɛ: Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase ani, ampa ara, ɛfiri onipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so, ɛfiri sɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn.

8 Na Noa deɛ, ɔnyaa adom AWURADE anim.

Noa adaka no

9 Yei ne Noa ho asɛm: Na Noa yɛ onipa tenenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne berɛ so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn nanteeɛ.

10 Na Noa woo mmammarima baasa, Sem, Ham, ne Yafet.

11 Na asase asɛe wɔ Nyankopɔn anim, na awurukasɛm ahyɛ asase so ma.

12 Na Onyankopɔn hunuu asase, na hwɛ, asɛe, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so.

13 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔdeɛ nyinaa awieeɛ aba m’anim, ɛfiri sɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.

14 Fa ɔwawa yɛ adaka, na yɛ mpia wɔ adaka no mu, na fa ama ka emu ne ɛho.

15 Na sɛdeɛ yɛ no nie: Ne ntwemu basafa ahasa, ne trɛ basafa aduonum, ne korɔn basafa aduasa.

16 Yɛ adaka no ho mpomma, kɔsi sɛ aka basafa baako na aduru soro, na si adaka no ano pono ne nkyɛn mu, na yɛ nsamsoɔ mmiɛnsa, deɛ ɛdi aseɛ, deɛ ɛdi ntam ne deɛ ɛdi soro.

17 Na hwɛ, me, mede nsuyire bɛba asase so mabɛsɛe abɔdeɛ a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa ɔsoro ase; asase so adeɛ nyinaa rebɛwuwu.

18 Na me ne wo bɛyɛ apam ato hɔ, na woakɔ adaka no mu, wo ne wo mma, ne wo yere, ne wo mma yerenom.

19 Na fa honam a ɛte aseɛ nyinaa mu mmienu mmienu, onini ne ɔbedeɛ, kɔ adaka no mu, na wɔnnya nkwa nka wo ho.

20 Nnomaa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne ntɔteboa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, wɔn nyinaa mu mmienu mmienu mmra wo nkyɛn, na wɔanya nkwa.

21 Na wo deɛ, boaboa aduane nyinaa bi ano kɔ mu, na ayɛ wo ne wɔn aduane.

22 Na Noa yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no nyinaa pɛpɛɛpɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two + eighteen =