Gyenesis 1

Adebɔ mfitiaseɛ

1 Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

2 Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea biara, na esum wɔ ebunu ani. Na Nyankopɔn honhom butunsuo no ani.

3 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann.

4 Na Onyankopɔn hunuu hann no sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn paee hann ne esum no mu.

5 Na ɔfrɛɛ hann no sɛ adekyee, ne esum no adesae. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛdi kan ne no.

6 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ewiem mmra, na ɛmmɛpae nsuo no mu.

7 Na Onyankopɔn yɛɛ ahunumu ntrɛmu. Na ɔpaee nsuo a ɛwɔ ewiem no aseɛ ne deɛ ɛwɔ ewiem no soɔ no mu. Na ɛyɛɛ saa.

8 Na Onyankopɔn frɛɛ ewiem no ɔsoro. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmienu ne no.

9 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nsuo a ɛwɔ ɔsoro aseɛ no mmoaboa ano wɔ faako, na wɔnhunu asase pɛsɛɛ. Na ɛyɛɛ saa.

10 Na Onyankopɔn frɛɛ pɛsɛɛ no asase, na nsuo mmoano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

11 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Asase mfifiri nwira, mfudeɛ, nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ wɔ asase so. Na ɛyɛɛ saa.

12 Na asase fifirii nwira ne nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

13 Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne no.

14 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nkanea mmra ewiem, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma ɛberɛ, nna ne mfeɛ nkyekyɛmu.

15 Bio, na ɛnyɛ nkanea wɔ ewiem, na ɛnhyerɛn wɔ asase so. Na ɛyɛɛ saa.

16 Na Onyankopɔn yɛɛ nkanea akɛseɛ mmienu no, sɛ kɛseɛ no nni adekyeeɛ so, na ketewa no, sɛ ɛnni anadwo so. Ɔyɛɛ nsoromma nso.

17 Na Onyankopɔn de sisii ewiem sɛ ɛnhyerɛn wɔ asase so,

18 na ɛnni adekyeeɛ ne adesaeɛ so, na ɛmpae hann ne esum no mu. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

19 Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnan ne no.

20 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nsuo no nnɔre abɔdeɛ a ɛte aseɛ pii, na ntakraboa ntu mfa asase so wɔ ewiem.

21 Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛseɛ ne nketewa ahodoɔ sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne ntakraboa nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

22 Na Onyankopɔn hyiraa wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ ɛpo mu ma, na ntakraboa nnɔɔso asase so.

23 Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnum ne no.

24 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Abɔdeɛ a ɛtete aseɛ mfiri asase mu mmra, sɛdeɛ wɔn su teɛ: Ntɔteboa a ɛwɔ fie ne wiram ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na ɛyɛɛ saa.

25 Na Onyankopɔn yɛɛ asase so mmoadoma, ntɔteboa ne mmoa a wɔwea fam nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

26 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn nsɛsoɔ, na wɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, ntɔteboa, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.

27 Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.

Aane, Nyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no,

ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn.

28 Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monya so tumi; na monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa so.

29 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Hwɛ, mede mfudeɛ a ɛwɔ asase ani nyinaa ne nnuaba nyinaa mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduane.

30 Na asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa, mede nhahan mono mama wɔn sɛ wɔnni. Na ɛyɛɛ saa.

31 Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia ne no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eighteen + eleven =