Gyenesis 3

Onipa asehweɛ

1 Na ɔwɔ yɛ aniteɛ kyɛne wiram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: Ampa ara sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ mo sɛ: Monnni turom ha nnua nyinaa bi?

2 Na ɔbaa no buaa ɔwɔ no sɛ: Turom ha nnua aba no, yɛdi bi;

3 nanso dua a ɛsi turo no mfimfini no aba deɛ, Onyankopɔn aka sɛ: Monnni bi, nso mommfa mo nsa nnka, na moanwu.

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Ɛnyɛ wuo na mobɛwuo;

5 na Onyankopɔn nim sɛ da a mobɛdi bie no, mo ani bɛbue, na moayɛ sɛ Onyankopɔnahunu papa ne bɔne.

6 Na ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ sɛ wɔdie, na ɛyɛ aniwa fɛ, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛbɛte ani, enti ɔtee n’aba bi, na ɔdii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na ɔdii.

7 Na wɔn baanu ani buebuee, na wɔhunuu sɛ wɔdeda adagya, enti wɔpempam borɔdɔma ahahan yɛɛ nkatanim fae.

8 Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummerɛ mferɛ mu. Na Adam ne ne yere kɔhunta firii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.

9 Na AWURADE Nyankopɔn frɛɛ Adam, na ɔbisaa no sɛ: Wowɔ he?

10 Na ɔse: Metee wo nka wɔ turom hɔ no, mesuroe, ɛfiri sɛ meda adagya, na mehuntae.

11 Na ɔbisaa no sɛ: Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagya? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bie no na woadie yi?

12 Na Adam kaa sɛ: Ɔbaa no a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba no bie, na mediiɛ.

13 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Adɛn na woyɛɛ saa? Na ɔbaa no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me, maa mediiɛ.

Onipa bu atɛn

14 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ:

Ɛnam sɛ woayɛ yei nti,

wɔadome wo ntɔteboa

ne wiram mmoadoma nyinaa mu.

Wo yafunu so na wobɛnanteɛ,

na woadi dɔteɛ

wo nkwa nna nyinaa.

15 Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam,

ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam;

ɔno na ɔbɛbɔ wo tire,

na wo nso woaka ne nantin.

16 Ɔbaa no deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ:

Dɔ na mɛma wo yea ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso.

Yea mu na wobɛwo mma,

na w’ani bɛgyina wo kunu,

na ɔno na ɔbɛdi wo soɔ.

17 Na Adam deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ:

Sɛ woatie wo yere nne,

na woadi dua

a mehyɛɛ wo

sɛ nnie no bie nti,

wo nti wɔadome asase.

Yea mu na wobɛdidi soɔ wo nkwa nna nyinaa.

18 Na nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse na ɛbɛfifiri ama woɔ,

na woadi afuo mu ahahan.

19 W’anim fifire mu

na wobɛdidie

de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu,

ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ;

na woyɛ dɔteɛ,

na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.

20 Na Adam no too ne yere din Hawa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔyɛ ateasefoɔ nyinaa na.

21 Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ nwoma ntadeɛ maa Adam ne ne yere de hyɛɛ wɔn.

Wɔpamo Adam ne Hawa firi turo no mu

22 Na AWURADE Nyankopɔn kaa sɛ: Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu baako, hunu papa ne bɔne. Na afei, deɛ ɛbɛyɛ na wantene ne nsa ante nkwa dua no nso bi anni antena ase daa nti,

23 AWURADE Nyankopɔn tuu no firii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔ asase a wɔfaa no firii mu no.

24 Na ɔpamm onipa no, na ɔde Kerubimne ogyaframa afena a ɛdi ahim bɛsii Eden turo no anim apueeɛ fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛde kɔ nkwa dua no ho no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

seven + seven =