Gyenesis 2

Homeda

1 Na wɔwiee ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa bɔ.

2 Na da a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie n’adwuma a ɔyɛeɛ no, na da a ɛtɔ so nson no, ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ nyinaa ho.

3 Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛtɔ so nson no so, na ɔtee ho, ɛfiri sɛ ɛno mu na ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ wɔ adebɔ mu no nyinaa ho.

4

Eden turo no

Yei ne sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

5 Na afuo mu nnua nyinaa nnya mmaa asase so, na afuo mu nhahan nyinaa nnya mfifirii, ɛfiri sɛ na AWURADE Nyankopɔn nnya ntɔɔ nsuo nguu asase no so, na na onipa a ɔbɛdɔ asase nni hɔ.

6 Na nsuo firi asase so foroe, na ɛfɔɔ asase ani nyinaa.

7 Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.

8 Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apueeɛ fam, na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaa hɔ.

9 Na AWURADE Nyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na ɛyɛ sɛ wɔdie asase no so, ne nkwa dua a ɛsi turo no mfimfini, ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua fifirii asase no so.

10 Na asuo bi tene firi Eden bɛfɔ turo no, na ɛfiri hɔ ara na emu paapae yɛɛ nsutire nnan.

11 Deɛ ɛdi kan no din de Pison, ɛno na ɛkonton twa Hawila asase a sika wɔ soɔ no nyinaa ho hyiae.

12 Na asase no so sika yɛ papa. Ɛhɔ na bedola aduhwam ne apopobibireboɔ wɔ.

13 Na asuo a ɛtɔ so mmienu no din de Gihon. Ɛno na ɛkonton twa Kusasase nyinaa ho hyia.

14 Na asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no ne Tigri,ɛno na ɛsene wɔ Asiria apueeɛ. Na asuo a ɛtɔ so nnan ne Eufrate.

15 Na AWURADE Nyankopɔn de onipa no kɔtenaa Eden turom sɛ ɔnnɔ na ɔnwɛn hɔ.

16 Na ɔhyɛɛ onipa no sɛ: Turom ha nnua nyinaa, di bi.

17 Na mmom papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no deɛ, nni; ɛfiri sɛ da a wobɛdi bie no, wuo na wobɛwuo.

18 Na AWURADE Nyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ onipa nko tena; mɛyɛ ne nsɛsoɔ boafoɔ mama no.

19 Na AWURADE Nyankopɔn de dɔteɛ nwonoo wiram mmoadoma, ne ewiem nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ ɔbɛhunu sɛdeɛ ɔbɛfrɛ wɔn. Na deɛ onipa de frɛɛ abɔdeɛ a ɛte aseɛ biara no, ɛno ara ne ne din.

20 Na onipa totoo afiemmoa, ewiem nnomaa ne wiram mmoadoma nyinaa din. Nanso onipa deɛ wɔannya ne boafoɔ a ɔfata amma no.

21 Na AWURADE Nyankopɔn maa nnahɔɔ tɔɔ onipa no so, na ɔdae. Na ɔyii ne mfe mpadeɛ mu baako, na ɔde nam tuaa ananmu.

22 Na AWURADE Nyankopɔn de mpadeɛ a ɔyi firii onipa no mu no yɛɛ ɔbaa, na ɔde no brɛɛ onipa no.

23 Na onipa no kaa sɛ:

Ampa ara, me nnompe mu dompe,

ne me honam mu nam ankasa nie.

Oyi na wɔbɛfrɛ no Ɔbaa,

ɛfiri sɛ Ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.

24 Saa nti na ɔbarima bɛgya ne na ne n’agya hɔ, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ honam korɔ.

25 Na wɔn baanu no deda adagya, ɔbarima no ne ne yere, nanso wɔn ani anwu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

four × three =