Gyenesis 4

Kain ne Habel

1 Na Adam ne ne yere Hawa daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Kain. Na ɔkaa sɛ: AWURADE adaworoma manya ɔbarima.

2 Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛ odwanhwɛfoɔ, ɛna Kain nso yɛ okuafoɔ.

3 Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, Kain de afuom nnoɔma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ.

4 Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔre no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n’ayɛyɛdeɛ no,

5 nanso Kain ne n’ayɛyɛdeɛ no deɛ, n’ani ansɔ. Kain bo fuu pii, na ɔmunae.

6 Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Adɛn nti na wo bo afuo na woamuna yi?

7 Sɛ woyɛɛ no yie a, anka w’anim rente anaa? Na sɛ woanyɛ no yie enti, bɔne butu ɛpono ano, na w’akyiri kwan na ɛhwehwɛ, nanso di ne so.

8 Na Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ, ma yɛn nkɔ afuom. Na ɛbaa sɛ wɔwɔ afuom no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no.

9 Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Ɛhe na wo nua Habel wɔ? Na ɔse: Mennim, me nua so hwɛfoɔ ne me anaa?

10 Na AWURADE se: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne reteam frɛ me firi asase so.

11 Na afei wɔadome wo afiri asase a abue n’ano agye wo nua mogya afiri wo nsam no so.

12 Sɛ wodɔ asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbaeɛ bio na wobɛyɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so.

13 Na Kain ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Me bɔne so adeɛ so kyɛne sɛ mɛtumi asoa.

14 Hwɛ, woapamo me nnɛ afiri asase yi so, na mɛhunta mafiri w’anim, na mayɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so, na obiara a ɔbɛhu me no, ɔbɛku me.

15 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛno nti obiara a ɔbɛkum Kain no, wɔbɛtɔ ne so werɛ ahodoɔ nson. Na AWURADE yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi maa Kain, na obiara a ɔbɛhu no no anku no.

16 Na Kain firii AWURADE anim kɔe, na ɔkɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apueeɛ.

Kain asefoɔ

17 Na Kain ne ne yere dae, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Henok. Na ɔkyekyeree kuro bi, na ɔde ne ba Henok din too kuro no.

18 Na Henok woo Irad, na Irad woo Mehuyael. Na Mehuyael woo Metusael, na Metusael woo Lamek.

19 Na Lamek waree mmaa baanu, ɔbaako din de Ada, na deɛ ɔka ho no din de Sila.

20 Na Ada woo Yabal, ɔno na ɔyɛ ntomadan mu ne mmoa ho tenafoɔ agya.

21 Na ne nua din de Yubal; ɔno na ɔyɛ asankubɔfoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ nyinaa agya.

22 Na Sila nso woo Tubalkain a ɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ adeɛ nyinaa atomfoɔ agya. Na Tubalkain nuabaa ne Naama.

23 Na Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom sɛ:

Ada ne Sila, montie me nne;

Lamek yerenom, monyɛ aso mma m’asɛm:

Mekumm ɔbarima sɛ ɔpiraa me,

mekumm aberanteɛ sɛ ɔboroo me.

24 Na sɛ wɔtɔɔ Kain so werɛ mprɛnson a,

Lamek deɛ bɛyɛ aduɔson nson.

Set ne Enos awoɔ

25 Na Adam ne ne yere daeɛ bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Set (aseɛ ne: Nsiananmu) sɛ: Onyankopɔn de ɔba foforɔ asi me Habel a Kain kumm no no ananmu.

26 Na Set nso, wɔwoo ɔba maa no, na ɔtoo ne din Enos. Ɛberɛ no mu na wɔfirii aseɛ bɔɔ AWURADE din sɔree no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

five × five =