Gyenesis 20

Abraham ne Abimelek 1 Na Abraham tutu firii hɔ kɔɔ Negeb asase so, na ɔkɔtenaa Kades ne Sur ntam. Na ɔkɔtenaa Gerar nso. 2 Ɛhɔ Abraham kaa ne yere Sara ho sɛ: Ɔyɛ me nuabaa. Na Gerar hene Abimelek soma maa wɔbɛfaa Sara. 3 Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ […]

Gyenesis 21

Isak awoɔ 1 Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na ɔyɛɛ Sara sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. 2 Na Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛ mu, berɛ a Onyankopɔn kaa ne ho asɛm no mu. 3 Abraham too ɔba a Sara wo maa no no din Isak. 4 Na Abraham […]

Gyenesis 24

Wɔhwehwɛ yerɛ ma Isak 1 Na Abraham abɔ akɔkoraa, na wadi nna pii, na AWURADE ahyira no ade nyinaa mu. 2 Na Abraham ka kyerɛɛ ne fie asomfoɔ mu panin a ɔhwɛ deɛ ɔwɔ nyinaa soɔ sɛ: Fa wo nsa ka m’asene mu, 3 na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ […]

Gyenesis 25

Abraham ne Ketura mma 1 Na Abraham waree yerɛ bio a ne din de Ketura. 2 Na ɔwoo Simran, Yoksan, Medan, Midian, Isbak ne Sua maa no. 3 Na Yoksan woo Seba ne Dedan. Na Dedan mma ne Asurfoɔ, Letusfoɔ ne Leumfoɔ. 4 Na Midian mma ne Hefa, Hefer, Hanok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa […]

Gyenesis 27

Yakob gye Isak nhyira 1 Na Isak bɔɔ akɔkoraa na n’ani so yɛɛ no kusukusu na ɔnhunu adeɛ yie no, ɔmaa wɔfrɛɛ ne ba panin Esau ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba! Na ɔgyee so sɛ: Agya, menie. 2 Na ɔse: Mabɔ akora, na mennim me wuda. 3 Afei fa w’ahayɔdeɛ, w’agyan kotokuo ne w’agyan […]

Gyenesis 28

Isak hyira Yakob, na ɔgya no kwan kɔ Mesopotamia 1 Na Isak frɛɛ Yakob, na ɔhyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware ɛyerɛ wɔ Kanaan mmammaa mu. 2 Sɔre kɔ Mesopotamia kɔ wo na n’agya Betuel fie, na kɔware wɔ wo na nua Laban mmammaa mu bi. 3 Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wo […]

Gyenesis 29

Yakob kɔduru Laban fie 1 Na Yakob sii mu kɔɔ nnipa a wɔte apueeɛ fam asase so. 2 Na ɔhunui asubura bi wɔ wiram, na hwɛ, nnwankuo mmiɛnsa boaboa ho wɔ hɔ, ɛfiri sɛ abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwankuo no nom, na ɔboɔ kokuroo da abura no ano. 3 Ɛhɔ na wɔboa […]