Gyenesis 7

Nsuyire no

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fiefoɔ nyinaa, monkɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ wo na mahu wo sɛ ɔteneneeni m’anim, ɛberɛ yi mu.

2 Mmoa a wɔn ho teɛ nyinaa mu, fa nson nson, anini ne abedeɛ. Na mmoa a wɔn ho nteɛ mu, fa mmienu mmienu, onini ne ɔbedeɛ;

3 ewiem nnomaa mu nso fa nson nson, anini ne abedeɛ, na wɔn ase nnya nkwa asase nyinaa ani.

4 Ɛfiri sɛ aka nnanson na matɔ osuo agu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapepa adeɛ a nkwa wɔ mu a mayɛ nyinaa afiri asase ani.

5 Na Noa yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no nyinaa.

6 Ɛberɛ a nsuyire no baa asase soɔ no na Noa adi mfirinhyia ahansia.

7 Nsuo a na ɛrebɛyire no nti, Noa ne ne mma, ne ne yere, ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu.

8 Mmoa a wɔn ho teɛ ne mmoa a wɔn ho nteɛ ne nnomaa ne wɔn a wɔwea asase soɔ nyinaa mu

9 mmienu mmienu baa Noa nkyɛn adaka no mu, onini ne ɔbedeɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ Noa no.

10 Na nnanson akyiri no, nsuyire baa asase so.

11 Noa dii mfirinhyia ahansia no, bosome a ɛtɔ so mmienu no dadu nnanson soɔ, da no ara, ebunu kɛseɛ no nsuo ani nyinaa paepaee, na ɔsoro mpomma buebuee.

12 Na osuo tɔɔ asase so pii adaduanan, awia ne anadwo.

13 Saa da yi ara [nsuyire yi hyɛɛ aseɛ no] mu na Noa ne ne yere, ne ne mma, Sem, Ham ne Yafet, ne ne mma yerenom baasa akɔhyɛ adaka no mu.

14 Na mmoadoma nyinaa, ntɔteboa, mmoa a wɔwea asase soɔ, ntuboa nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ,

15 ne wɔn na ɛkɔɔ mu. Honam a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa mu mmienu mmienu na wɔbaa Noa nkyɛn wɔ adaka no mu.

16 Wɔn a ɛbaeɛ no, na wɔyɛ honam nyinaa mu anini ne abedeɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no; na AWURADE too no mu.

17 Na nsuyire no baa asase so adaduanan, na nsuo no yiriiɛ, na ɛmaa adaka no so firii asase so.

18 Na nsuo no yirii dodo wɔ asase so; maa adaka no tɛɛ nsuo no ani.

19 Na nsuo no boroo so ara wɔ asase so, na ɛkataa mmepɔ nyinaa so.

20 Nsuo no boroo so kɔɔ soro basafa dunum kataa mmepɔ so.

21 Na abɔdeɛ a ɛte aseɛ nyinaa, nnomaa, ntɔteboa, wiram mmoa, mmoa a wɔwea asase soɔ, ne nnipa nyinaa;

22 wɔn a nkwa home wɔ wɔn mu, na wɔte asase pɛsɛɛ soɔ nyinaa wuwui.

23 Na ɔpepaa biribiara a nkwa wom a ɛwɔ asase ani, ɛfiri nnipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so. Na wɔpepaa wɔn firii asase so, na ɛkaa Noa nko ara ne wɔn a wɔne no wɔ adaka no mu no.

24 Na nsuo no yirii wɔ asase so nna ɔha aduonum.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eighteen − nine =