Gyenesis 8

Nsuo no twe

1 Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa nyinaa a wɔne no wɔ adaka no mu nyinaa. Na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no ano brɛɛ ase.

2 Na ebunu no nsuo aniwa sisii, na ɔsoro mpomma mu totoe, maa osuo a ɛfiri soro no gyaee tɔ;

3 na nsuo no twe firii asase so ara. Na ɛfiri nna ɔha aduonum akyiri no na na nsuo no so rehwan.

4 Na ɛda a ɛtɔ so dunson wɔ bosome nson no mu na adaka no kɔsii Ararat mmepɔ soɔ.

5 Na nsuo no kɔɔ so twee ara kɔsii bosome a ɛtɔ so du no so; na saa bosome yi ara na da a ɛdi kan no na mmepɔ atifi dedaa adie.

6 Na ɛno akyiri adaduanan no, Noa buee adaka no mpomma a ɔyɛeɛ no,

7 na ɔsomaa anene. Na ɔfirii adi, na ɔdii akɔneaba de kɔsii sɛ nsuo no wee asase soɔ.

8 Na ɔsomaa aburuburo sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ nsuo no awe wɔ asase ani anaa.

9 Nanso aburuburo no annya ne nan sibea, na ɔsane baa ne nkyɛn adaka no mu, ɛfiri sɛ na nsuo no da so wɔ asase nyinaa ani. Na ɔtenee ne nsa faa no baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu.

10 Na ɔtwɛn nnanson bio, na ɔsomaa aburuburo firii adaka no mu bio.

11 Na aburuburo no baa ne nkyɛn anwummerɛ, na hwɛ, ngo dua ahahan frɔmfrɔm tua n’ano. Noa hunuu sɛ nsuo no awe asase so.

12 Na ɔtwɛn nnanson bio no, ɔsomaa aburuburo no; na wansane amma ne nkyɛn bio.

13 Na Noa afe a ɛtɔ so ahansia ne baako, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na na nsuo no awe asase soɔ. Na Noa yii suhyɛ no firii adaka no so, na ɔhwɛe, na hwɛ, na asase ani awo.

14 Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu nson no na na asase so awo koraa.

15 Na Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Noa sɛ:

16 Firi adaka no mu, wo ne wo yere, wo mma ne wɔn yerenom a wɔka wo ho;

17 mmoadoma a wɔka wo ho nyinaa a ɛfiri honam nyinaa mu, nnomaa ne ntɔteboa ne deɛ ɛwea asase soɔ nyinaa ne wo mfiri adi, na wɔnwo, na wɔnnɔɔso asase so.

18 Na Noa ne ne yere, ne ne mma ne wɔn yerenom firii adi;

19 mmoadoma nyinaa, wɔn a wɔwea nyinaa ne nnomaa nyinaa, ne deɛ nkwa wɔ mu biara, sɛdeɛ wɔn mmoaban teɛ, firi adaka no mu firii adi.

Noa afɔrebɔ

20 Na Noa sii afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bukyia no so.

21 Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.

22 Nna a asase wɔ hɔ yi nyinaa,

oguo ne otwa, awɔ ne ahuhuro,

asuso ne ɔpɛ, awia ne anadwo

rennyae da.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

6 + seven =