Ɔsɛnkafoɔ 12

1 Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu;

2 ansa na owia ne hann ne ɔsrane ne nsoromma aduru sum, na osuo nya tɔ a, asane amuna,

3 ɛda a efie awɛmfoɔ ho bɛpopoɔ, na mmarima ahoɔdenfoɔ no mu akonton, na ayuyamfoɔ agyaeɛ, sɛ wɔasua nti, na wɔn a wɔhwɛ mpomma mu ani so ayɛ wɔn kusuu;

4 na wɔatoto borɔno so apono mu, na ayuyameeɛ gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa su ano, na nnwontofoɔ nyinaa nne asi ase.

5 Nso wɔasuro deɛ ɛkorɔn, na ehu aba kwan mu, na sorɔno bɛgu nhyerɛne, na abɛbɛ ayɛ adesoa, na akɔnnɔ to atwa, ɛfiri sɛ onipa rekɔ ne daa fie, na ayiyɛfoɔ rekyini mmorɔno so;

6 ansa na dwetɛ homa no ate, na sika toa no apae, na ahina no abɔ asuo ho, na asubura ho nkyimiiɛ abubu,

7 na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.

8 Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ, Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ.

Asɛm no awieeɛ ne Nyankopɔn suro

9 Nanso deɛ ɛka ho a Ɔsɛnkafoɔ no yɛ mu nyansafoɔ no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na ɔpeepee mu, na ɔbubuu mmɛ bebree.

10 Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛhunu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na deɛ wɔatwerɛ no ne tenenee ne nokorɛ nsɛm.

11 Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfoɔ baako na ɔde maeɛ.

12 Na deɛ aka yeinom akyire no nso, me ba, fa to w’adwene mu. Nwoma bebree yɛ nni awieeɛ, na adesua pii hyɛ honam brɛ.

13 Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.

14 Na nneyɛɛ nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmuo mu, na deɛ ahunta nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu ho atɛn.

Mmebusɛm 1

Nyansa frɛ

1 Israelhene Salomo, Dawid ba no mmebusɛm nie:

2 Sɛ nnipa mfa nhunu nyansa ne nkyerɛkyerɛ,

sɛ wɔmfa nhunu nhunumu nsɛm mu;

3 sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nkyerɛkyerɛ,

tenenee, atemmuo ne adeɛ a ɛtene;

4 sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ,

aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa:

5 Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso,

na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:

6 Sɛ wɔmfa nhunu abebusɛm ne akasabebuo,

anyansafoɔ nsɛm ne wɔn mmɛ mu.

7 AWURADE suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ;

agyimifoɔ bu nyansa ne nkyerɛkyerɛ animtia.

8 Me ba, tie w’agya akwankyerɛ,

na mpo wo na nkyerɛkyerɛ,

9 na ɛyɛ wo tiri animuonyam abotire

ne wo kɔn mu ntweaban.

Nnyegyeɛ ho kɔkɔbɔ

10 Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ gyegye wo a,

mpene!

11 Sɛ wɔse: Bra ma yɛnkɔ mogya ho adɛm,

ma yɛnkɔtɛ deɛ ɔdi bem kwa;

12 ma yɛmmemene wɔn anikan sɛ Asamando,

ne amudifoɔ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu;

13 yɛbɛnya adeɛ a ne boɔ yɛ den nyinaa,

yɛde asadeɛ bɛhyɛ yɛn afie ma.

14 Fa wo kyɛfa bɛbɔ yɛn deɛ mu,

yɛn nyinaa bɛnya kotokuo baako.

15 Me ba, wo ne wɔn nnnante ɔkwan so.

Twe wo nan firi wɔn sa so.

16 Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu,

na wɔyɛ ntɛm hwie mogya gu.

17 Na kwa ara na wɔasum fidie

ntakraboa nyinaa anim.

18 Nanso wɔn ara wɔn mogya ho na wɔkɔ adɛm,

wɔtɛ wɔn ara wɔn kra.

19 Saa na amim mu mfasopɛfoɔ nyinaa akwan teɛ,

ɛfa ne wuranom kra kɔ.

Asoɔden ho asotwe

20 Nyansa team mmorɔno so,

ɔma wɔte ne nne mmɔntene so;

21 ɔteam adwabirem tire,

kuro mu, kuro apono ano, ɔka ne nsɛm sɛ:

22 Da bɛn ara na mo ntetekwaa mobɛpɛ ntetekwaasɛm akɔsie?

Na afɛdifoɔ bɛpɛ wɔn afɛdie,

na nkwaseafoɔ akyiri nimdeɛ?

23 Monnane mo ho mma me kasakyerɛ.

Hwɛ, mɛworo me honhom ama mo,

mɛma moahunu me nsɛm.

24 Sɛ mafrɛ, na mokame,

matene me nsam, na obi mfa nyɛ hwee,

25 na moto m’afotuo nyinaa twene,

na me kasakyerɛ no, mompɛ nti,

26 me nso mɛsere mo mo amaneɛ mu,

mo ahopopoɔ bɛba no, mɛyi mo ahi.

27 Mo ahopopoɔ ba sɛ aprannaa,

na mo amaneɛ ba sɛ ahum,

ahohiahia ne ahokyere ba mo so a,

28 ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so,

wɔbɛhwehwɛ me nhema, na wɔrenhu me.

29 Ɛsiane sɛ wɔkyiri nimdeɛ,

na wɔampɛ AWURADE suro,

30 wɔampɛ m’afotuo,

na wɔpoo me kasakyerɛ nyinaa,

31 enti wɔbɛdi wɔn kwan so aba,

na wɔn agyina a wɔtutuiɛ amee wɔn.

32 Na ntetekwaa akyirisan bɛku wɔn,

na nkwasea yiedie bɛsɛe wɔn.

33 Na deɛ ɔtie me no deɛ ɔbɛtena hɔ komm,

na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.

Mmebusɛm 2

Nyansahunu mu nhyira

1 Me ba, sɛ wotie me nsɛm,

na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn,

2 sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa,

na woakom w’akoma ama nteaseɛ,

3 aane, sɛ wosu frɛ nhunumu,

na woma wo nne so frɛ nteaseɛ,

4 sɛ wohwehwɛ n’akyiri kwan sɛ dwetɛ,

na wobɔre hwehwɛ no sɛ akoradeɛ a ahunta a,

5 ɛno na wobɛhunu AWURADE suro,

na woahunu Nyankopɔn ho nimdeɛ.

6 Na AWURADE na ɔma nyansa,

n’anomu na nimdeɛ ne nteaseɛ firi ba.

7 Ɔkora nyansahunu ma teefoɔ,

ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ,

8 sɛ ɔbɛkari atemmuo akwan,

na wahwɛ n’ahotefoɔ kwan so.

9 Ɛno na wobɛhunu tenenee ne atemmuo

ne adeɛ a ɛtene ne ɔkwan pa nyinaa mu.

10 Sɛ nyansa ba w’akoma mu,

na nimdeɛ sɔ wo kra ani a,

11 adwempa bɛhwɛ wo so,

na nteaseɛ abɔ wo ho ban,

12 na ayi wo afiri bɔne kwan mu

ne onipa a ɔka nsɛm akontonkyi ho,

13 afiri wɔn a wɔgya akwantenenee hɔ

kɔnante sum akwan soɔ no ho,

14 wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,

wɔdi bɔne akontonkyisɛm ho ahurisie,

15 wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea,

na wɔn akwan danedane.

16 Na ayi wo afiri ɔbaa sansani nsam,

afiri ɔbaa sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm no nsam;

17 ɔno na wapo ne mmabaaberɛ mu kunu,

na ne werɛ afiri ne Nyankopɔn apam;

18 na ne fie kom kɔ owuo mu,

na n’akwan kɔ asamanfoɔ mu.

19 Wɔn a wɔkɔ ne ho mu biara nsane,

na wɔrensi nkwa akwan mu.

20 Na woafa nnipa pa kwan so,

na woadi ateneneefoɔ kwan so.

21 Na teefoɔ na ɛbɛtena asase no soɔ,

na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtena mu;

22 na wɔbɛku abɔnefoɔ ase afiri asase so,

na wɔatu nkontompofoɔ afiri so.

Mmebusɛm 3

Nyankopɔn ho suro ne nyansa mu mfasoɔ

1 Me ba, mma wo werɛ mmfiri me mmara,

na ma w’akoma nni me mmara nsɛm so;

2 ɛfiri sɛ onyinkyerɛ, nkwa mfeɛ ne asomdwoeɛ

na ɛde bɛka wo ho.

3 Mma adɔeɛ ne nokorɛ nnnyaa wo;

fa kyekyere wo kɔn,

twerɛ no w’akoma pono so.

4 Ɛnna wobɛnya adom ne nimdeɛ pa,

Nyankopɔn ne nnipa anim.

5 Fa w’akoma nyinaa bata AWURADE ho,

na mfa wo ho ntwere wo nhunumu.

6 Hu no w’akwan nyinaa mu,

na ɔno na ɔbɛtene w’akwan.

7 Nyɛ w’ani so onyansafoɔ,

suro AWURADE, na dane firi bɔne ho.

8 Ɛbɛyɛ ahoɔden ama wo honam,

ne nkwahosan ama wo nnompe.

9 Fa w’ahonyadeɛ hyɛ AWURADE animuonyam,

ne wo nnɔbaeɛ mu adikan nyinaa;

10 ɛnna adedodoɔ bɛyɛ w’asan amaama,

na wo nsa-kyi-amena mu nsa foforɔ bɛbu soɔ.

11 Me ba, mpo AWURADE nkyerɛkyerɛ,

na mma n’animka mmfono wo;

12 na deɛ AWURADE dɔ no na ɔka n’anim,

sɛdeɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no no.

13 Nhyira ne onipa a ɔhunu nyansa,

ne onipa a ɔnya nteaseɛ.

14 Na emu adenya yɛ sene dwetɛ deɛ,

na ne mfasoɔ sene sika amapa.

15 Ne boɔ yɛ den sene mmota,

na afɛfɛdeɛ nyinaa, wɔmfa nto ho.

16 Onyinkyerɛ wɔ ne nifa mu,

ne benkum kura adeɛ ne animuonyam.

17 N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ,

na n’asa nyinaa yɛ asomdwoeɛ.

18 Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu,

na nhyira ne deɛ ɔkura mu.

19 AWURADE de nyansa na ɛhyɛɛ asase aseɛ,

ɔde nteaseɛ de ɔsoro tim hɔ;

20 ne nimdeɛ so na abunu mu nsuo paeeɛ,

na mununkum sosɔ obosuo.

21 Me ba, fa nyansahunu ne adwempa sie,

mma no nnnane mfiri w’ani so,

22 na ayɛ nkwa ama wo kra

ne animuonyam ama wo kɔn.

23 Ɛno na wobɛnante wo kwan so dwoodwoo,

na wo nan ansunti.

24 Sɛ wokɔda a, woremmɔ binim,

na woda a, wo nna bɛyɛ dɛ.

25 Nsuro mpofirim huyie

ne abɔnefoɔ sɛeɛ a ɛbɛba.

26 Na AWURADE bɛyɛ w’ahodasodeɛ,

na ɔbɛkora wo nan afiri ɛkyerɛ mu.

27 Mfa yieyɛ nkame deɛ ɛsɛ no,

berɛ a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.

28 Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: Kɔ na bra!

ne: Ɔkyena mede bɛma,

berɛ a ɛwɔ wo hɔ.

29 Mpam wo yɔnko ho apammɔne,

berɛ a ɔne wo te hɔ dwoodwoo no.

30 Ɛne obi nnni ntɔkwasɛm kwa,

berɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne biara no.

31 Ntwe otirimuɔdenfoɔ ho ninkunu,

nanso nyi n’akwan mu biara.

32 Na ɔkɔnkɔnsani yɛ AWURADE akyiwadeɛ,

na teefoɔ na ɔne wɔn ka atirimusɛm.

33 AWURADE nnome wɔ ɔbɔnefoɔ fie,

na ɔhyira ateneneefoɔ tenabea.

34 Aane, ɔdi afɛdifoɔ ho fɛw,

na ɔdom ahobrɛasefoɔ.

35 Anyansafoɔ bɛnya animuonyam adi,

na nkwaseafoɔ bɛsoa ahohora.

Mmebusɛm 4

Nyansa ho afotuo

1 Mma, montie agya akwankyerɛ,

na monyɛ aso na moanya nhunumu.

2 Na adenim pa na mekyerɛ mo,

monnnya me mmara.

3 Na na ɛberɛ a meyɛ abadoma no,

ɔbabanin ne ɔba korɔ, ma me na ne m’agya no;

4 na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ:

Ma w’akoma nsɔ me nsɛm mu,

di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.

5 Nya nyansa, nya nhunumu.

Mma wo werɛ mmfi, na mmane mfiri m’anomu kasa ho.

6 Nnya no, na ɛbɛhwɛ wo so,

dɔ no, na ɛbɛkora wo.

7 Nyansa ne ade titire: Enti nya nyansa,

na fa w’adenya nyinaa nya nhunumu.

8 Bu no, na ɛbɛma wo so;

sɛ woyɛ no atuu a, ɛbɛhyɛ wo animuonyam.

9 Ɛbɛyɛ wo ti animuonyam abotire,

abotire fɛfɛ na ɛde bɛhyɛ woɔ.

10 Me ba, tie, na fa me nsɛm,

na wo nkwa mfeɛ adɔɔso.

11 Makyerɛ wo nyansa kwan,

magya wo atempɔn tee so.

12 Wo nanteɛ mu w’anammɔn renkye wo,

na sɛ wotu mmirika a, worensunti.

13 Sɔ nkyerɛkyerɛ mu dendeenden, nnyaa mu,

kora no, na ɛne wo nkwa.

14 Nkɔ abɔnefoɔ kwan mu,

na mfa nnipa bɔne kwan so.

15 Kwati no, nsene mfa so,

mane firi ho, na siane ho kɔ.

16 Wɔn deɛ wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa,

na wɔntumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;

17 na wɔdi abɔnefosɛm aduane,

na amimdie nsa na wɔnom.

18 Na ateneneefoɔ kwan te sɛ owia hann,

ɛkɔ so hyerɛn kɔduru awia ketee.

19 Abɔnefoɔ kwan te sɛ esum kabii,

wɔnnim deɛ wɔhunta.

20 Me ba, tie me nsɛm,

wɛn w’aso ma me kasa.

21 Mma no mmfiri w’ani so,

fa sie w’akomam tɔnn.

22 Na ɛyɛ nkwa ma wɔn a wɔhunu,

ne nkwahosan ma ne honam nyinaa.

23 Kora w’akoma sene deɛ wode sie nyinaa,

na emu na nkwa adifire fire.

24 Yi ano kontonkyi firi wo ho,

na ma nkontompo ano nkɔ akyirikyiri.

25 Ma w’ani nhwɛ tee,

na w’anisuatɛtɛ ntene nhwɛ w’anim.

26 Taataa w’anammɔn pɛpɛɛpɛ,

na ma w’akwan nyinaa ntim.

27 Mmane nifa anaa benkum,

twe wo nan firi bɔne mu.

Mmebusɛm 5

Adwamammɔ ho kɔkɔbɔ

1 Me ba, tie me nyansa,

brɛ w’aso ase ma me nteaseɛ;

2 na woahwɛ adwempa so,

na w’ano akora nimdeɛ.

3 Na ɔbaa sansani ano kyi ɛwoɔ sosɔ,

na n’anomu yɛ toro sene ngo;

4 na n’akyiri yɛ nwono sɛ ɔnwono,

ɛyɛ nnam te sɛ nkrantɛ anofanu.

5 Ne nan siane kɔ owuo mu,

Asamando na n’anammɔn tutu korɔ.

6 Nkwa kwan deɛ, ɔnkɔ ara da,

n’anammɔn kyinkyini kɔ deɛ ɔnnim hɔ.

7 Na afei, me mma, montie me,

na monnyi mo ho mmfiri m’anomu nsɛm ho.

8 Ma wo kwan mfiri ne ho nkɔ akyiri,

na mmɛn ne fie pono ano;

9 na woamfa w’anidie amma ebinom,

ne wo mfeɛ amma otirimuɔdenfoɔ;

10 na ahɔhoɔ anni w’adeɛ ammee,

na w’adwumadeɛ antena obi hunu fie;

11 na wo nna a ɛdi akyire no, woampenepene,

sɛ wo nipadua ne wo honam asa,

12 na woanka sɛ: Ao, sɛ metanee atenetene,

na m’akoma kyirii animka nie!

13 na mantie m’akyerɛkyerɛfoɔ,

na mammrɛ m’aso ase mamma me nyansakyerɛfoɔ!

14 Ɛkaa kumaa sɛ ɛsii me bɔne koraa,

asafo ne adwabɔ mu.

15 Nom w’abura mu nsuo

ne nsuo a ɛsene firi wo nsutire mu.

16 Wo nsuo aniwa bɛbu so afiri adi

ayɛ mmɔntene so asutene;

17 ɛbɛyɛ wo nko ara wo dea,

na ɛnyɛ wo ne ahɔhoɔ biara dea.

18 Ma w’abura nyɛ nhyira,

na wo ne wo mmeranteberɛ mu yerɛ ani nnye.

19 Na ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfo ne animuonyam wansane no.

Ma ne mpokua nsɔ w’ani daa,

na tɔ ne dɔ mu ntintan daa nyinaa.

20 Me ba, adɛn na wotɔ ɔbaa nanani ho ntintan,

na wosɔ ɔbaa hɔhoɔ kokom?

21 Na onipa akwan da AWURADE anim

na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa.

22 Ɔbɔnefoɔ amumuyɛ sɔ ne mu,

na ne bɔne nhoma kye no.

23 Ɔkwati atenetene nti ɔbɛwu,

na n’agyegyentwisɛm dodoɔ nti ɔbɛyera.

Mmebusɛm 6

Akagyinamdie ho kɔkɔbɔ

1 Me ba, sɛ wogyina wo yɔnko akyi,

sɛ wodi ɔhɔhoɔ agyinamu,

2 sɛ wɔnam w’anomu asɛm so

akye wo a,

3 yɛ yei mmom, me ba, na yi wo ho,

ɛfiri sɛ woatɔ wo yɔnko nsam;

kɔ kɔkoto, na srɛ wo yɔnko no.

4 Mma nna nnkɔ w’ani so,

na mma w’anisuatɛtɛ nntɔ nko.

5 Yi wo ho sɛ adowa firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam,

sɛ anomaa firi fidisumfoɔ nsam.

Aniha ho kɔkɔbɔ

6 Ɔkwadwofoɔ, kɔ tɛtea nkyɛn,

hwɛ n’akwan, na hunu nyansa.

7 Ɔno na ɔnni otitire,

ɔpanin anaa sodifoɔ bie,

8 nanso ɔsiesie n’aduane ahuhuberɛ,

na ɔboaboa n’adidideɛ ano twaberɛ mu.

9 Wobɛda akɔsi da bɛn, ɔkwadwofoɔ?

Berɛ bɛn na wobɛsɔreɛ afiri wo nna mu?

10 Nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a mɛpono mada kakra.

11 Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafoɔ,

ne w’ahokyere sɛ ɛkyɛmkurafoɔ.

Nsekuro ho kɔkɔbɔ

12 Onipa huhuo ne ɔbarima busuyɛfoɔ,

ɔde ano kontonkyi nenam,

13 ɔbubu n’ani, ɔde ne nan kasa,

ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ,

14 akontonkyisɛm wɔ n’akomam,

ɔpam ne tirim apammɔne daa,

takrawɔgyam na ɔhyɛ.

15 Enti mpofirim na ne sɛeɛ bɛba,

wɔbɛbubu no amonom a wɔntumi nsa.

16 Adeɛ nsia yi na AWURADE tane,

aane, na adeɛ nson na ɛyɛ ne kra akyiwadeɛ,

17 ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkyerɛma,

ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo;

18 akoma a ɛdwene mmusuo adwene,

nan a ɛyɛ herɛ tu mmirika kɔ bɔne mu;

19 ɔdansekurumfoɔ a ɔhu atorosɛm,

ne deɛ ɔhyɛ anuanom ntam takrawɔgyam.

Awaresɛeɛ ho kɔkɔbɔ

20 Me ba, bu w’agya mmara nsɛm,

na nto wo na nkyerɛkyerɛ ntwene.

21 Fa kyekyere w’akoma ho daa nyinaa,

na fa bebare wo kɔn ho hyia.

22 Wonam a, ma no nkɔgya wo,

woda a, ɛnhwɛ wo so,

na wonyane a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ.

23 Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann,

na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan,

24 na ahwɛ wo so afiri ɔbaa bɔne ho,

afiri ɔbaa hɔhoɔ tɛkyerɛma dɔkɔdɔkɔ ho.

25 Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ w’akomam,

na mma no mmfa n’anisuatɛtɛ nnkye wo.

26 Na ɛsiane ɔbaa dwamamfoɔ nti, wɔgyee ɔbarima paanoosini,

na obi yere deɛ, wɔgyee no ne nkwa a ne boɔ yɛ den no.

27 Onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom

a ne ntadeɛ renhyeɛ?

28 Obi bɛfa nsramma so

a ne nan renhyeɛ?

29 Saa na deɛ ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn teɛ,

na obiara a ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn no renni bem.

30 Sɛ ɛkɔm de owifoɔ na ɔwia adeɛ sɛ ɔredi amee a,

wɔmmu no animtia:

31 Nanso sɛ wɔhu no a, ɔbɔ ho mprɛnson,

ɔde n’afideɛ nyinaa bɛma.

32 Deɛ ɔsɛe awadeɛ no nni ti,

deɛ ɔyɛ saa no de sɛe ne kra.

33 Mmaa ne animguaseɛ na ɔbɛnya,

na n’ahohora no, wɔmpepa.

34 Na ninkunu twetwe ɔbarima abufuhyeɛ,

na aweretɔ da no ɔremfa nkyɛ;

35 ɔremmu mpata biara,

na woma akyɛdeɛ dɔɔso mpo a, ɔrempene.

Mmebusɛm 7

Adwamammɔ ne ɛso aba

1 Me ba, di me nsɛm so,

na fa me mmara nsɛm sie.

2 Di me mmara nsɛm so na nya nkwa,

na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutuawisi.

3 Fa kyekyere wo nsateaa so,

twerɛ no w’akoma pono so.

4 Ka kyerɛ nyansa sɛ: Me nuabaa ne wo,

na frɛ nhunumu sɛ w’adamfo,

5 na ahwɛ wo so afiri ɔbaa sansani ho,

afiri ɔbaa sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm ho

6 Na mefiri me dan mpomma mu,

m’aniahunuankansa mu mehwɛe;

7 na mehwɛɛ ntetekwaafoɔ mu,

mehunuu mmɔfra no mu aberantewaa bi a ɔnni tire,

8 ɔperee abɔntene bɛn ne ntwea,

na ɔsene faa ne fie kwan,

9 ɛberɛ a adeɛ resa, anwummerɛ,

anadwo kɔnkɔn ne sum mu.

10 Na hwɛ, ɔbaa bi hyiaa no,

ɔfira adwamamfoɔ ntoma, n’akoma asene.

11 Wagyigya na n’aso asoro,

ne nan ntena ne fie;

12 seesei ɔwɔ mmorɔno so, seesei yi ɔwɔ edwa so,

na ɔtetɛ ntwea nyinaa so.

13 Ɛnna ɔsɔɔ no mu, na ɔfee n’ano,

na ɔsenee n’ani ka kyerɛɛ no sɛ:

14 Asomdwoeɛ afɔrebɔ da me so,

ɛnnɛ na mama m’aboadeɛ;

15 enti na mefiri mebɛhyiaa woɔ yi,

mebɛhwehwɛɛ w’anim, na mahu woɔ yi.

16 Mede mmomo makata me mpa so,

Misraim nkyeremu;

17 mede kurobo ne pɛprɛ ne duapapo

mapete me nnaeɛ so.

18 Bra ma ɔdɔ mmee yɛn nkɔsi anɔpa,

ma yɛmfa akɔnnɔdeɛ nsɛpɛ yɛn ho.

19 Na efiewura nni fie,

watu kwan kɔ akyirikyiri;

20 wafa fotoɔ ne sika akura,

srane korokumatwa da mu ansa na ɔbɛba fie.

21 Ɔde bradɛ pii too no,

ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe.

22 Ɔdii n’akyi awerɛfirem sɛ nantwie a wɔrekɔku no,

sɛ mpokyerɛ a wɔde twe ogyimifoɔ aso,

23 kɔsii sɛ agyan hwiree ne mmerɛboɔ mu,

te sɛ anomaa de ahoɔherɛ kɔ fidie mu,

na ɔnnim sɛ ne nkwa na ɛda mu.

24 Na afei, me mma, montie me,

na monyɛ aso mma m’anomu nsɛm.

25 Mma w’akoma mmmane nnkɔ n’atempɔn so,

mfom nkɔ n’akwan so.

26 Na wapirapira nnipa pii agugu hɔ,

na wɔn a wakuku wɔn dɔɔso;

27 ne fie ne Asamando kwan,

ɛsiane kɔ owuo mpia mu.

Mmebusɛm 8

Nyansa kamfo ne ho

1 Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteam,

na nteaseɛ ma ne nne soɔ?

2 Sorɔnsorɔn atifi, ɔkwan so,

nkwanta so na ɛgyina,

3 na ɔteam aponkɛseɛ ho,

kurotia, aboboano sɛ:

4 Mo, mmarima, na meteam mefrɛ mo,

na me nne gyegye ma nnipa mma:

5 Mo, ntetekwaa, momma mo ani nte,

na mo, nkwaseafoɔ, monnya nhunumu akoma.

6 Montie, na merebɛka nsɛm a emu da hɔ,

na m’anomu bue de nsɛm a ɛtene ba;

7 na nokorɛ firi m’anomu,

na m’ano akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm;

8 m’anomu nsɛm nyinaa nam tenenee mu,

adeɛ a akyinkyim anaasɛ ɛkyea nni mu;

9 ne nyinaa mu da hɔ ma nhunumufoɔ,

na ɛtene ma wɔn a wɔahunu nimdeɛ.

10 Momfa m’atenetene, na ɛnyɛ dwetɛ,

na momfa nimdeɛ, na monnya sika a wɔayiyi mu.

11 Na nyansa yɛ sene mmota,

na afɛfɛdeɛ nyinaa, wɔmfa nto ho.

12 Me, nyansa, me ne aniteɛ na ɛteɛ,

na adwempa nimdeɛ na mehunu.

13 AWURADE suro ne bɔne tane:

Ahokyerɛ, ahantan, ɔkwammɔne

ne akontonkyisɛm ano na mekyire.

14 Afotuo ne nyansahunu wɔ me,

mene nhunumu, mmaninyɛ wɔ me.

15 Me so na ahemfo nam di hene,

na atitire hyɛ mmara tenenee;

16 me so na mpanimfoɔ nam di panin,

ne aberempɔn, ne asase so atemmufoɔ nyinaa.

17 Me deɛ, medɔ wɔn a wɔdɔ me,

na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.

18 Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me hɔ,

ahodeɛ a ɛkyɛre ne tenenee.

19 M’aba yɛ sene sika ne amapa,

na me nnɔbaeɛ sene dwetɛ a wɔayiyi mu.

20 Tenenee tempɔn mu na menam,

atemmuo akwan so pɛ,

21 sɛ merema m’adɔfo adi adeɛ,

na mahyɛ wɔn adekorabea amaama.

22 AWURADE bɔɔ me de firii n’adwuma ase,

ne nnwuma a ɛfiri teteete no mu adikan.

23 Ɔde me sii hɔ firi tete nteredee,

firi mfitiaseɛ ansa na asase reba.

24 Abunu nni hɔ no, na wɔawo me,

nsutire a ɛba nsuo pii nni hɔ no;

25 wɔnnya mfaa mmepɔ nsisii hɔ,

na nkokoɔ nnya mmaeɛ no, na wɔawo me,

26 ɔnnya nyɛɛ asase ne wiram

ne wiase mfuturo no.

27 Ɔsiesiee ɔsoro no, na mewɔ hɔ,

berɛ a ɔtwaa abunu ani kɔntɔnkrɔn no;

28 ɔde mununkum sensɛnee soro pintinn,

na ebunu mu nsuo aniwa paee denden,

29 ɔtwaa ɛpo hyeɛ, na nsuo antra,

na ɔde asase fapem too hɔ no,

30 na mewɔ ne nkyɛn sɛ ne dwumfoɔ panin,

na meyɛ n’adɔdeɛ daa daa.

Na m’ani gye n’anim berɛ nyinaa mu,

31 na m’ani gye ne wiase asase so,

na m’ani ka wɔ nnipa mma mu.

32 Na afei, mma, montie me,

na nhyira ne wɔn a wɔdi m’akwan soɔ.

33 Montie atenetene na monhunu nyansa,

na monnte atua.

34 Nhyira ne onipa a ɔtie me

na ɔwɛn m’apono ano daa daa,

na ɔhwɛ m’aboboano aponnwa soɔ

35 Na deɛ ɔhu me no hunu nkwa,

na ɔnya AWURADE hɔ anisɔ;

36 na deɛ ɔfom me no di ne kra aborɔ,

wɔn a wɔtane me nyinaa dɔ owuo.

Mmebusɛm 9

Nyansa frɛ

1 Nyansa asi ne dan,

wasene n’adum nson;

2 wakum ne mmoa, wafra ne nsa,

na wasiesie ne pono nso;

3 wasoma ne mmaawa,

ɔkɔteam kuro mu sorɔnsorɔmmea so sɛ:

4 Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha!

na deɛ ɔnni tire no, ɔse no sɛ:

5 Mommra mmɛdi m’aduane no bi,

na monnom me nsa a mafra no bi.

6 Monnyaa ntetekwaayɛ na monnya nkwa,

na monnante nhunumu kwan so.

7 Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no soa aniwuo,

na deɛ ɔka ɔbɔnefoɔ anim no nya nkekaeɛ.

8 Nka ɔfɛdifoɔ anim na wantane wo;

ka onyansafoɔ anim, na ɔbɛdɔ wo.

9 Tu onyansafoɔ fo, na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa,

ma ɔteneneeni nhunu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu.

10 Ampa ara nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro,

na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhunumu.

11 Na me nti na wo nna bɛdɔɔso,

na wɔde nkwa mfeɛ bɛka wo ho.

12 Sɛ wohunu nyansa a, wohunu fa,

na sɛ wodi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.

Nkwaseasɛm ho kɔkɔbɔ

13 Ɔbaa kwasea yɛ ɔkasafoɔ,

tibɔnkɔso a ɔnnim hwee;

14 ɔtena ne fie aboboano,

kuro mu sorɔnsorɔn hɔ adwa so,

15 sɛ ɔrefrɛ wɔn a wɔresene ɔkwan soɔ,

wɔnam wɔn nkwammɔeɛ so tee no sɛ:

16 Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha!

Na deɛ ɔnni tire nso, ɔse no sɛ:

17 Nsuo a wɔwia yɛ fremfrem,

na ahuntaduane yɛ dɛ!

18 Nso onii no nnim sɛ nsamanfoɔ wɔ hɔ,

Asamando abunu mu na wɔn a wahyia wɔn no wɔ.