Mmebusɛm 2

Nyansahunu mu nhyira

1 Me ba, sɛ wotie me nsɛm,

na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn,

2 sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa,

na woakom w’akoma ama nteaseɛ,

3 aane, sɛ wosu frɛ nhunumu,

na woma wo nne so frɛ nteaseɛ,

4 sɛ wohwehwɛ n’akyiri kwan sɛ dwetɛ,

na wobɔre hwehwɛ no sɛ akoradeɛ a ahunta a,

5 ɛno na wobɛhunu AWURADE suro,

na woahunu Nyankopɔn ho nimdeɛ.

6 Na AWURADE na ɔma nyansa,

n’anomu na nimdeɛ ne nteaseɛ firi ba.

7 Ɔkora nyansahunu ma teefoɔ,

ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ,

8 sɛ ɔbɛkari atemmuo akwan,

na wahwɛ n’ahotefoɔ kwan so.

9 Ɛno na wobɛhunu tenenee ne atemmuo

ne adeɛ a ɛtene ne ɔkwan pa nyinaa mu.

10 Sɛ nyansa ba w’akoma mu,

na nimdeɛ sɔ wo kra ani a,

11 adwempa bɛhwɛ wo so,

na nteaseɛ abɔ wo ho ban,

12 na ayi wo afiri bɔne kwan mu

ne onipa a ɔka nsɛm akontonkyi ho,

13 afiri wɔn a wɔgya akwantenenee hɔ

kɔnante sum akwan soɔ no ho,

14 wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,

wɔdi bɔne akontonkyisɛm ho ahurisie,

15 wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea,

na wɔn akwan danedane.

16 Na ayi wo afiri ɔbaa sansani nsam,

afiri ɔbaa sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm no nsam;

17 ɔno na wapo ne mmabaaberɛ mu kunu,

na ne werɛ afiri ne Nyankopɔn apam;

18 na ne fie kom kɔ owuo mu,

na n’akwan kɔ asamanfoɔ mu.

19 Wɔn a wɔkɔ ne ho mu biara nsane,

na wɔrensi nkwa akwan mu.

20 Na woafa nnipa pa kwan so,

na woadi ateneneefoɔ kwan so.

21 Na teefoɔ na ɛbɛtena asase no soɔ,

na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtena mu;

22 na wɔbɛku abɔnefoɔ ase afiri asase so,

na wɔatu nkontompofoɔ afiri so.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

4 × 3 =