Mmebusɛm 8

Nyansa kamfo ne ho

1 Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteam,

na nteaseɛ ma ne nne soɔ?

2 Sorɔnsorɔn atifi, ɔkwan so,

nkwanta so na ɛgyina,

3 na ɔteam aponkɛseɛ ho,

kurotia, aboboano sɛ:

4 Mo, mmarima, na meteam mefrɛ mo,

na me nne gyegye ma nnipa mma:

5 Mo, ntetekwaa, momma mo ani nte,

na mo, nkwaseafoɔ, monnya nhunumu akoma.

6 Montie, na merebɛka nsɛm a emu da hɔ,

na m’anomu bue de nsɛm a ɛtene ba;

7 na nokorɛ firi m’anomu,

na m’ano akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm;

8 m’anomu nsɛm nyinaa nam tenenee mu,

adeɛ a akyinkyim anaasɛ ɛkyea nni mu;

9 ne nyinaa mu da hɔ ma nhunumufoɔ,

na ɛtene ma wɔn a wɔahunu nimdeɛ.

10 Momfa m’atenetene, na ɛnyɛ dwetɛ,

na momfa nimdeɛ, na monnya sika a wɔayiyi mu.

11 Na nyansa yɛ sene mmota,

na afɛfɛdeɛ nyinaa, wɔmfa nto ho.

12 Me, nyansa, me ne aniteɛ na ɛteɛ,

na adwempa nimdeɛ na mehunu.

13 AWURADE suro ne bɔne tane:

Ahokyerɛ, ahantan, ɔkwammɔne

ne akontonkyisɛm ano na mekyire.

14 Afotuo ne nyansahunu wɔ me,

mene nhunumu, mmaninyɛ wɔ me.

15 Me so na ahemfo nam di hene,

na atitire hyɛ mmara tenenee;

16 me so na mpanimfoɔ nam di panin,

ne aberempɔn, ne asase so atemmufoɔ nyinaa.

17 Me deɛ, medɔ wɔn a wɔdɔ me,

na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.

18 Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me hɔ,

ahodeɛ a ɛkyɛre ne tenenee.

19 M’aba yɛ sene sika ne amapa,

na me nnɔbaeɛ sene dwetɛ a wɔayiyi mu.

20 Tenenee tempɔn mu na menam,

atemmuo akwan so pɛ,

21 sɛ merema m’adɔfo adi adeɛ,

na mahyɛ wɔn adekorabea amaama.

22 AWURADE bɔɔ me de firii n’adwuma ase,

ne nnwuma a ɛfiri teteete no mu adikan.

23 Ɔde me sii hɔ firi tete nteredee,

firi mfitiaseɛ ansa na asase reba.

24 Abunu nni hɔ no, na wɔawo me,

nsutire a ɛba nsuo pii nni hɔ no;

25 wɔnnya mfaa mmepɔ nsisii hɔ,

na nkokoɔ nnya mmaeɛ no, na wɔawo me,

26 ɔnnya nyɛɛ asase ne wiram

ne wiase mfuturo no.

27 Ɔsiesiee ɔsoro no, na mewɔ hɔ,

berɛ a ɔtwaa abunu ani kɔntɔnkrɔn no;

28 ɔde mununkum sensɛnee soro pintinn,

na ebunu mu nsuo aniwa paee denden,

29 ɔtwaa ɛpo hyeɛ, na nsuo antra,

na ɔde asase fapem too hɔ no,

30 na mewɔ ne nkyɛn sɛ ne dwumfoɔ panin,

na meyɛ n’adɔdeɛ daa daa.

Na m’ani gye n’anim berɛ nyinaa mu,

31 na m’ani gye ne wiase asase so,

na m’ani ka wɔ nnipa mma mu.

32 Na afei, mma, montie me,

na nhyira ne wɔn a wɔdi m’akwan soɔ.

33 Montie atenetene na monhunu nyansa,

na monnte atua.

34 Nhyira ne onipa a ɔtie me

na ɔwɛn m’apono ano daa daa,

na ɔhwɛ m’aboboano aponnwa soɔ

35 Na deɛ ɔhu me no hunu nkwa,

na ɔnya AWURADE hɔ anisɔ;

36 na deɛ ɔfom me no di ne kra aborɔ,

wɔn a wɔtane me nyinaa dɔ owuo.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

one × two =