Mmebusɛm 1

Nyansa frɛ

1 Israelhene Salomo, Dawid ba no mmebusɛm nie:

2 Sɛ nnipa mfa nhunu nyansa ne nkyerɛkyerɛ,

sɛ wɔmfa nhunu nhunumu nsɛm mu;

3 sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nkyerɛkyerɛ,

tenenee, atemmuo ne adeɛ a ɛtene;

4 sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ,

aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa:

5 Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso,

na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:

6 Sɛ wɔmfa nhunu abebusɛm ne akasabebuo,

anyansafoɔ nsɛm ne wɔn mmɛ mu.

7 AWURADE suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ;

agyimifoɔ bu nyansa ne nkyerɛkyerɛ animtia.

8 Me ba, tie w’agya akwankyerɛ,

na mpo wo na nkyerɛkyerɛ,

9 na ɛyɛ wo tiri animuonyam abotire

ne wo kɔn mu ntweaban.

Nnyegyeɛ ho kɔkɔbɔ

10 Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ gyegye wo a,

mpene!

11 Sɛ wɔse: Bra ma yɛnkɔ mogya ho adɛm,

ma yɛnkɔtɛ deɛ ɔdi bem kwa;

12 ma yɛmmemene wɔn anikan sɛ Asamando,

ne amudifoɔ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu;

13 yɛbɛnya adeɛ a ne boɔ yɛ den nyinaa,

yɛde asadeɛ bɛhyɛ yɛn afie ma.

14 Fa wo kyɛfa bɛbɔ yɛn deɛ mu,

yɛn nyinaa bɛnya kotokuo baako.

15 Me ba, wo ne wɔn nnnante ɔkwan so.

Twe wo nan firi wɔn sa so.

16 Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu,

na wɔyɛ ntɛm hwie mogya gu.

17 Na kwa ara na wɔasum fidie

ntakraboa nyinaa anim.

18 Nanso wɔn ara wɔn mogya ho na wɔkɔ adɛm,

wɔtɛ wɔn ara wɔn kra.

19 Saa na amim mu mfasopɛfoɔ nyinaa akwan teɛ,

ɛfa ne wuranom kra kɔ.

Asoɔden ho asotwe

20 Nyansa team mmorɔno so,

ɔma wɔte ne nne mmɔntene so;

21 ɔteam adwabirem tire,

kuro mu, kuro apono ano, ɔka ne nsɛm sɛ:

22 Da bɛn ara na mo ntetekwaa mobɛpɛ ntetekwaasɛm akɔsie?

Na afɛdifoɔ bɛpɛ wɔn afɛdie,

na nkwaseafoɔ akyiri nimdeɛ?

23 Monnane mo ho mma me kasakyerɛ.

Hwɛ, mɛworo me honhom ama mo,

mɛma moahunu me nsɛm.

24 Sɛ mafrɛ, na mokame,

matene me nsam, na obi mfa nyɛ hwee,

25 na moto m’afotuo nyinaa twene,

na me kasakyerɛ no, mompɛ nti,

26 me nso mɛsere mo mo amaneɛ mu,

mo ahopopoɔ bɛba no, mɛyi mo ahi.

27 Mo ahopopoɔ ba sɛ aprannaa,

na mo amaneɛ ba sɛ ahum,

ahohiahia ne ahokyere ba mo so a,

28 ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so,

wɔbɛhwehwɛ me nhema, na wɔrenhu me.

29 Ɛsiane sɛ wɔkyiri nimdeɛ,

na wɔampɛ AWURADE suro,

30 wɔampɛ m’afotuo,

na wɔpoo me kasakyerɛ nyinaa,

31 enti wɔbɛdi wɔn kwan so aba,

na wɔn agyina a wɔtutuiɛ amee wɔn.

32 Na ntetekwaa akyirisan bɛku wɔn,

na nkwasea yiedie bɛsɛe wɔn.

33 Na deɛ ɔtie me no deɛ ɔbɛtena hɔ komm,

na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

seven − three =